Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w18 November kr. 28-30
  • Ayamye—Suban a Yɛde Yɛn Kasa Ne Yɛn Nneyɛe Da No Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ayamye—Suban a Yɛde Yɛn Kasa Ne Yɛn Nneyɛe Da No Adi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YEHOWA YAM YE MA NNIPA NYINAA
  • YESU—ƆBARIMA A NE YAM YE PA ARA
  • AYAMYE HWEHWƐ SƐ WOYƐ NNEƐMA PA MA AFOFORO
  • SUA SƐNEA WOBƐDA AYAMYE ADI
  • YƐDA AYAMYE ADI A, ƐTWETWE AFOFORO
  • YƐDA AYAMYE ADI A, MFASO A YENYA
  • Ɛsɛ Sɛ Onyankopɔn Nkurɔfo Dɔ Ayamye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Sɔ Yehowa Ani Denam Ayamye A Wubeyi Adi Akyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ma “Ayamye Mmara” Nkanyan Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ayamye A Yɛbɛda No Adi Wɔ Nitan Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
w18 November kr. 28-30

Ayamye​—Suban a Yɛde Yɛn Kasa Ne Yɛn Nneyɛe Da No Adi

  • ƆDƆ

  • ANIGYE

  • ASOMDWOE

  • ABODWOKYƐRE ANAA ABOTARE

  • AYAMYE

  • PAPAYƐ

  • GYIDI

  • ODWO

  • AHOSODI

SƐ OBI da ayamye adi kyerɛ yɛn a, hwɛ sɛnea ɛma yenya awerɛkyekye na yɛn koma tɔ yɛn yam! Sɛ yehu sɛ obi dwen yɛn ho a, ɛyɛ yɛn dɛ pa ara. Esiane sɛ yɛn mu biara ani gye ho sɛ afoforo bɛda ayamye adi akyerɛ no nti, yɛbɛyɛ dɛn anya saa suban a ɛyɛ fɛ yi bi?

Sɛ yedwen afoforo ho a, ɛnna ɛkyerɛ sɛ yɛn yam ye, na yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe na ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn. Ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde ka sɛ yɛn yam ye, na mmom yɛn nneyɛe. Ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho sɛ yebu ade na yedi afoforo ni. Sɛ obi dɔ afoforo pa ara na onya tema ma wɔn a, ɛnna ɛkyerɛ sɛ ne yam ye ankasa. Nea ehia sen saa no, ayamye a ɛte saa no yɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba no fã a ɛsɛ sɛ Kristofo sow. (Gal. 5:22, 23) Ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛbɛda ayamye adi, enti ma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa ne ne Ba no ada saa suban yi adi, ne sɛnea yebetumi asuasua wɔn.

YEHOWA YAM YE MA NNIPA NYINAA

Yehowa yam ye ma nnipa nyinaa, na odwen wɔn ho; “bonniayɛfo ne abɔnefo” mpo ka ho. (Luka 6:35) Ebi ne sɛ, Yehowa ‘ma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.’ (Mat. 5:45) Enti, wɔn a wonnye ntom mpo sɛ Yehowa ne wɔn Bɔfo no, nneɛma a Yehowa ayi ne yam ayɛ ama yɛn na ama yɛatumi atena nkwa mu ama yɛn ani agye no, wɔn nso nya so mfaso.

Yehowa daa ayamye soronko adi kyerɛɛ Adam ne Hawa; wei yɛ nhwɛso ma yɛn. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi bere tiaa bi no, “wɔpam borɔdɔma ahaban de kataa wɔn asen.” Nanso, na Yehowa nim sɛ, sɛ wobetumi atena Eden turo no akyi a, na wobehia atade a ɛfata. Saa bere no, na wɔadome asase no sɛ ebefifi “nsɔe ne nnɛnkyɛnse.” Enti, Yehowa yii ne yam boaa wɔn; ɔde “aboa nhoma yɛɛ atade tenten bi” maa wɔn.—Gen. 3:7, 17, 18, 21.

Ɛwom sɛ Yehowa yam ye ma “nnipa bɔne ne nnipa papa” de, nanso n’asomfo anokwafo pa ara na ɔpɛ sɛ ɔda ayamye adi kyerɛ wɔn. Ɛho nhwɛso ni. Odiyifo Sakaria bere so no, bere a ɔbɔfo bi hui sɛ Yudafo no agyae asɔrefie a wɔresi wɔ Yerusalem no ho adwuma no, ɛhaw no. Yehowa tiee ɔbɔfo no, na ɔkaa “anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm” kyerɛɛ no. (Sak. 1:12, 13) Saa ara na Yehowa yɛ maa odiyifo Elia nso. Bere bi, odiyifo no abam bui araa ma ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ onkum no. Yehowa huu nea na Elia refa mu, na ɔsomaa ɔbɔfo sɛ ɔnkɔhyɛ no den. Afei nso, Onyankopɔn maa odiyifo no awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara. Bere a Elia tee saa nkuranhyɛsɛm yi na onyaa mmoa no, otumi toaa so yɛɛ ne som adwuma no. (1 Ahe. 19:1-18) Yɛhwɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa a, hena pa ara na wada ayamye soronko a Yehowa ada no adi no bi adi?

YESU—ƆBARIMA A NE YAM YE PA ARA

Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, na nkurɔfo nim Yesu sɛ ne yam ye, na odwen nnipa ho. Ná ne tirim nyɛ den; afei nso na ɔnhyɛ afoforo so. Esiane sɛ na Yesu wɔ tema ma afoforo nti, ɔkaa sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. . . . Na me kɔndua yɛ mmerɛw.” (Mat. 11:28-30) Esiane sɛ na Yesu yam ye nti, baabiara a ɔkɔe no, nkurɔfo dii n’akyi. Nkurɔfo no ‘yɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ enti ɔmaa wɔn aduan dii, ɔsaa ayarefo ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw no yare, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn n’Agya ho “nneɛma pii.”—Mar. 6:34; Mat. 14:14; 15:32-38.

Nea ɛma yehu sɛ na Yesu yam ye pa ara no, sɛ ɔne afoforo redi a, na ɔma wohu sɛ ɔte wɔn ase na ɔwɔ nhumu. Nokwasɛm ne sɛ, nkurɔfo a wɔde koma pa hwehwɛɛ Yesu akyi kwan na wɔde wɔn adesrɛ kɔtoo n’anim nyinaa no, sɛ na Yesu pɛ sɛ ogye n’ahome mpo a, na ogye wɔn ‘fɛw so.’ (Luka 9:10, 11) Wo de, hwɛ ɔbea bi a na mogya retu no a na ɔrepɛ ayaresa no. Ɔde ne nsa kɔkaa Yesu atade nguguso ano. Ɛwom sɛ na ɔbea a ehu aka no no ho ntew de, nanso Yesu anka n’anim. (Lev. 15:25-28) Yesu yam hyehyee no maa ɔbea a na wahu amane mfe 12 no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ, wo ho ntɔ wo na wo yare a emu yɛ den no nkɔ.” (Mar. 5:25-34) Hwɛ ayamye kɛse a Yesu daa no adi!

AYAMYE HWEHWƐ SƐ WOYƐ NNEƐMA PA MA AFOFORO

Nhwɛso ahorow a yɛaka ho asɛm yi ma yehu sɛ yɛn nneyɛe na yɛde kyerɛ sɛ yɛwɔ ayamye ankasa. Yesu maa Samariani yamyefo mfatoho no de daa no adi sɛ ehia sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛn yam ye. Ná Samariafo ne Yudafo nka. Nanso, Samariani a ɔwɔ mfatoho no mu no huu ɔbarima a na wɔagye ne ho nneɛma, abobɔ no, na wɔagyaw no ato kwankyɛn a watɔ beraw, anaa ɔreyɛ awu no mmɔbɔ. Esiane sɛ na Samariani no yam ye nti, ɔboaa ɔbarima no. Ohwiee ngo guu ɔbarima no kuru so kyekyeree, na ɔde no kɔɔ ahɔhodan bi mu. Afei, Samariani no tuaa ahɔhodan sohwɛfo no ka sɛ ɔnhwɛ ɔbarima a wapira no, na ɔkae mpo sɛ, sɛ ɔbɔ ka foforo biara wɔ akyiri a, obetua.—Luka 10:29-37.

Ɛwom sɛ yɛn nneyɛe na yɛtaa de kyerɛ sɛ yɛn yam ye de, nanso yebetumi aka asɛm a ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho ne nsɛm a ɛhyɛ nkuran nso de akyerɛ saa. Enti, ɛmfa ho sɛ “onipa koma mu awerɛhow botow no” no, Bible de ka ho sɛ “asɛmpa ma edi ahurusi.” (Mmeb. 12:25) Sɛ yeyi yɛn yam yɛ afoforo papa a, ɛbɛma yɛaka nsɛm a ɛhyɛ den akyerɛ wɔn, na wei bɛboa ama wɔn ani agye pa ara.a Nsɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛka akyerɛ wɔn no bɛma wɔahu sɛ yedwen wɔn ho. Sɛ wonya nkuranhyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wobegyina nsɛnnennen a wohyia wɔ asetena mu no ano.—Mmeb. 16:24.

SUA SƐNEA WOBƐDA AYAMYE ADI

Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn “Onyankopɔn suban so” nti, yɛn nyinaa betumi asua sɛ yɛbɛda ayamye adi. (Gen. 1:27) Ɛho nhwɛso bi ni. Yulio yɛ Roma sraani panyin a wɔde ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne nsa sɛ ɔmfa no nkɔ Roma. Yulio “yii yɔnkodɔ [anaa ɔdaa ayamye] adi kyerɛɛ Paulo maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no” wɔ Sidon kurow no mu. (Aso. 27:3) Bere bi akyi no, wɔn a wɔte Malta supɔw no so no “daa yɔnkodɔ [anaa ayamye] soronko adi” kyerɛɛ Paulo ne nnipa a na ɔne wɔn te po so hyɛn a ebubui no mu no. Supɔw no sofo sɔɔ gya mpo maa wɔn a na asiane ato wɔn no ma wɔtenaa ho maa wɔn ho yɛɛ wɔn hyew. (Aso. 28:1, 2) Nea wɔyɛe no fata nkamfo pa ara. Nanso, sɛ yɛbɛyɛ nnipa a yɛn yam ye pa ara a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ ade a yɛyɛ no da koro da koro.

Sɛ yebetumi ayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani pa ara a, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛda ayamye adi bere nyinaa wɔ yɛn asetena mu. Ɛno nti, Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnhyɛ’ ayamye. (Kol. 3:12) Nanso, ɛyɛ nokware sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda saa suban pa yi adi. Adɛn ntia? Ebia nea ɛbɛma ayɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi ne sɛ, yɛfɛre ade, yenni ahotoso, yɛrehyia ɔsɔretia, anaa pɛsɛmenkominya kakra wɔ yɛn mu. Nanso, sɛ yɛhwehwɛ honhom kronkron mmoa na yesuasua sɛnea Yehowa da ayamye adi a, yebetumi adi ɔhaw a ɛtete saa so.—1 Kor. 2:12.

Yebetumi ahu akwan bi a yɛbɛfa so ada ayamye adi kɛse anaa? Yemmisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ obi ne me rekasa a, miyi me yam tie no? Mede m’ani to fam hu nea ehia afoforo? Bere bɛn pa ara na mekae sɛ miyii me yam yɛɛ obi a ɔnyɛ me busuani anaa m’adamfo pa ara adɔe?’ Afei yebetumi de botae asisi yɛn ani so. Ebi ne sɛ, yebehu wɔn a wɔbɛn yɛn no yiye, titiriw, wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no. Yɛyɛ saa a, yebetumi ahu asetena a wɔwom ne nea wohia. Afei nso, akwan a afoforo fa so da ayamye adi kyerɛ yɛn a yɛn ani begye ho no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛn nso yɛbɛfa saa kwan no ara so ayɛ bi ama wɔn. (Mat. 7:12) Awiei koraa no, sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn ma yensua sɛnea yɛbɛda ayamye adi a, ɔbɛboa yɛn.—Luka 11:13.

YƐDA AYAMYE ADI A, ƐTWETWE AFOFORO

Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nneɛma a ɛma yehu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo no, ɔde “ayamye” kaa ho. (2 Kor. 6:3-6) Esiane sɛ na Paulo ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran na ɔyɛɛ nneɛma pa maa afoforo de kyerɛe sɛ odwen wɔn ho nti, ɛmaa nkurɔfo tumi bɛn no. (Aso. 28:30, 31) Saa ara na yɛn nso sɛ yeyi yɛn yam yɛ nneɛma ma afoforo a, ebetumi atwetwe wɔn aba nokware no mu. Sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa, a wɔn a wɔsɔre tia yɛn nso ka ho a, ebetumi aka wɔn koma na aboa ma yɛn ho abufuw a ɛwɔ wɔn mu no so atew. (Rom. 12:20) Bere rekɔ so no, ebi mpo a, wɔn ani begye Bible mu asɛm a yɛka no ho.

Nnipa ɔpepem pii a wobenyan wɔn aba Paradise wɔ asase so no ani begye ayamye ankasa a wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn no ho pa ara. Ebia ɛno na ɛbɛyɛ nea edi kan koraa a obi bɛda ayamye a ɛte saa adi akyerɛ wɔn. Anisɔ a wobenya bɛka wɔn koma ama wɔn nso ada ayamye adi akyerɛ afoforo. Saa bere no, obiara a ɔte ase a ɔrenyi ne yam mmoa afoforo no, ɔrennya Onyankopɔn Ahenni no mu ntena daa. Nanso, wɔn a Onyankopɔn agye wɔn atom sɛ wɔntena ase daa no bɛdodɔ wɔn ho na wɔada ayamye adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho. (Dw. 37:9-11) Hwɛ ahotɔ ne asomdwoe ara a yebenya wɔ saa wiase no mu! Nanso, ansa na saa anigye bere yi bɛba no, sɛ yɛda ayamye adi a, mfaso bɛn na yebenya nnɛ?

YƐDA AYAMYE ADI A, MFASO A YENYA

Bible ka sɛ: “Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye.” (Mmeb. 11:17) Sɛ obi yam ye a, ɛma afoforo bɛn no, na wɔn nso da ayamye no bi adi kyerɛ no. Yesu kaa sɛ: “Susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.” (Luka 6:38) Enti, ɛnyɛ den sɛ obi a ne yam ye benya nnamfo pa na wɔn ntam akɔ so ayɛ kama.

Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Efeso asafo no mufo nkuran sɛ ‘wɔne wɔn ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na womfi wɔn pɛ mu mfa bɔne mfirifiri wɔn ho.’ (Efe. 4:32) Sɛ asafo no mufo nyinaa yɛ Kristofo a wɔwɔ tema na wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho na wɔboaboa wɔn ho a, ɛma asafo no nya nhyira pii. Nnipa a wɔte saa no, wɔrenyɛ wɔn adwene da sɛ wɔbɛkeka nsɛm ama awowɔ afoforo, wɔbɛkasa atia afoforo yayaayaw, anaa wɔbɛkasa atwiw afoforo. Wonni nkurɔfo ho nseku bɔne, na mmom wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran akyerɛ afoforo. (Mmeb. 12:18) Wei ma asafo no yɛ den na wɔde anigye som Yehowa.

Nokwasɛm ne sɛ, ayamye yɛ su a yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe da no adi. Sɛ yɛn yam ye a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua yɛn Nyankopɔn Yehowa a odwen afoforo ho na ɔyɛ wɔn papa no. (Efe. 5:1) Wei bɛma yɛahyɛ asafo ahorow a yɛwɔ mu no den, na yɛatwe afoforo aba nokware som mu. Enti, momma yɛnna yɛn ho adi sɛ nkurɔfo a yɛda ayamye adi bere nyinaa!

a Su ahorow nkron a ɛbom yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba no, papayɛ ka ho. Yɛbɛka ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban foforo a ɛbɛba mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena