Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/15 kr. 12-17
  • Sɔ Yehowa Ani Denam Ayamye A Wubeyi Adi Akyerɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɔ Yehowa Ani Denam Ayamye A Wubeyi Adi Akyerɛ So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ayamye Kyerɛ
  • Kwati Ayamye a Ɛnteɛ
  • Wɔde Ayamye Bata Ɔdɔ Ho
  • Ayamye so Akatua Ahorow
  • Ma W’ani Nsɔ Onyankopɔn Dom
  • Ɛsɛ Sɛ Onyankopɔn Nkurɔfo Dɔ Ayamye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ayamye A Yɛbɛda No Adi Wɔ Nitan Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ayamye—Suban a Yɛde Yɛn Kasa Ne Yɛn Nneyɛe Da No Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ma “Ayamye Mmara” Nkanyan Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/15 kr. 12-17

Sɔ Yehowa Ani Denam Ayamye A Wubeyi Adi Akyerɛ So

“Dɛn na Yehowa hwehwɛ wo hɔ sen sɛ wobɛyɛ adetrenee na woadɔ ayamye na wode ahobrɛase ne wo Nyankopɔn anantew?”​—MIKA 6:8, New World Translation.

1. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo beyi ayamye adi akyerɛ?

YEHOWA hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo beyi ayamye adi akyerɛ. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Onyankopɔn ankasa yi ayamye adi kyerɛ obiara, a nnipa abɔnefo bonniayɛfo mpo ka ho. Yesu Kristo kaa eyi ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monnɔ mo atamfo, na monyɛ yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ Nea Ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne. Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo Agya nso yɛ timmɔbɔ no.”​—Luka 6:35, 36.

2. Ayamye ho nsemmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho?

2 Sɛnea Mika 6:8 kae no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no ‘dɔ ayamye’ ankasa. Ɛda adi sɛ Yehowa ani gye bere a ne nkoa dɔ ayamye, na wofi komam yi adi kyerɛ no. Nanso dɛn ne ayamye? Mfaso horow bɛn na efi yi a woyi kyerɛ no mu ba? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayi su yi adi akyerɛ?

Nea Ayamye Kyerɛ

3. Wobɛkyerɛ ayamye ase dɛn?

3 Ayamye kyerɛ afoforo ho anigye kɛse a wɔkyerɛ. Yeyi adi kyerɛ denam nneyɛe a ɛboa ne nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho so. Sɛ wobɛyɛ ayamye no kyerɛ sɛ wobɛyɛ papa na ɛnyɛ ade a epira. Ɔyamyefo wɔ adamfofa su, odwo, ɔwɔ ayamhyehye, ɔyɛ ahummɔbɔ. Ɔyɛ afoforo adɔe na odwen wɔn ho. Ayamye yɛ ntama a wɔde pam nokware Kristoni biara sɛnkyerɛnne kwan so atade no fã, efisɛ Paulo hyɛe sɛ: “Monhyɛ ayamyehyehye, ayamye, odwo, abodwokyɛre.”​—Kolosefo 3:12.

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa adi kan ayi ayamye adi akyerɛ adesamma?

4 Yehowa na odi kan wɔ ayamye a woyi adi kyerɛ no mu: Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ɛyɛ “bere a yɛn Agyenkwa, Nyankopɔn, ayamye ne ɔdɔ a ɔwɔ ma onipa yii ne ho adi” no na “sɛnea ne mmɔborohunu te no ɔnam aguare a ɛde yɛn baa nkwa mu ne awo foforo a honhom kronkron yɛ yɛn no so gyee yɛn nkwa.” (Tito 3:4, 5, NW) Onyankopɔn tew Kristofo a wɔasra wɔn no ho anaasɛ ‘oguare’ wɔn wɔ Yesu mogya mu, na ɔde Kristo agyede afɔrebɔ no bo di dwuma ma wɔn. Ɔnam honhom kronkron no so yɛ wɔn foforo nso, na wɔbɛyɛ “abɔde foforo” sɛ Onyankopɔn mma a ɔde honhom awo wɔn. (2 Korintofo 5:17) Nokwarem no. ayamye ne ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma onipa no nso trɛw ka amanaman mu “nnipakuw kɛse” bi a “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” (Adiyisɛm 7:9, 14; 1 Yohane 2:1, 2) Afei nso, wɔn a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse a wɔwɔ asase so anidaso no nyinaa wɔ Yesu ‘ayamye’ kɔndua ase.​—Mateo 11:30.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no beyi ayamye adi akyerɛ afoforo?

5 Ayamye yɛ Onyankopɔn honhom anaa adeyɛ tumi aba no fã nso. Paulo kae sɛ: “Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.” (Galatifo 5:22, 23) Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no bɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ wobeyi ayamye adi akyerɛ afoforo.

6. Ɛsɛ sɛ ayamye ma mpanyimfo ne Kristofo afoforo yɛ ade wɔ ɔkwan bɛn so?

6 Yebetumi ayi ayamye adi akyerɛ akwan pii so. Sɛ yɛda mmɔborɔhunu adi a, na yɛreyi ayamye adi akyerɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ Kristofo mpanyimfo yi mmɔborohunu adi kyerɛ ɔdebɔneyɛfo a onu no ho, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa no wɔ honhom fam a, na wɔreyi ayamye adi akyerɛ. Ayamye a ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ no ma ahwɛfo nya boasetɔ, wodwen afoforo ho, wonya ayamhyehye, na wodwo. Ɛkanyan wɔn ma ‘wɔyɛ nguan no brɛbrɛ.’ (Asomafo no Nnwuma 20:28, 29) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ honhom aba a ɛne ayamye no ma Kristofo nyinaa nya mmɔborohunu, boasetɔ, wodwen afoforo ho, wonya ayamhyehye, adamfofa su, ne ahɔhoyɛ su.

Kwati Ayamye a Ɛnteɛ

7. Dɛn nti na wobɛka sɛ ayamye a ɛnteɛ yɛ mmerɛwyɛ?

7 Ebinom bu ayamye sɛ mmerɛwyɛ. Wɔte nka sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ obi ma ne tirim yɛ den, obu afoforo animtiaa, sɛnea ɛbɛyɛ na afoforo ani asɔ n’ahoɔden no. Nanso wɔaka no yiye sɛ “nea ɔbarima a onni ahoɔden de kyerɛ sɛ ɔwɔ ahoɔden ne sɛ obebu afoforo animtiaa.” Nokwarem no, ahoɔden ankasa ho hia na yɛayɛ ayamyefo ampa na yɛakwati ayamye a ɛnteɛ nso. Ayamye a ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba no nyɛ mmerɛwyɛ su bi a ɛma wɔpene abrabɔ bɔne so. Mmom no, ayamye a ɛnteɛ na ɛyɛ mmerɛwyɛ a ɛma obi pene bɔneyɛ so.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na Eli daa no adi sɛ ɔyɛ anibiannaso wɔ ne mmabarima no ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ wɔn ho yiye na wɔanyi ayamye a ɛnteɛ adi?

8 Israel sɔfopanyin Eli yɛɛ anibiannaso wɔ nteɛso a ɔde maa ne mmabarima, Hofni ne Pinehas a wɔsomee sɛ asɔfo wɔ ahyiae ntamadan no mu no mu. Esiane sɛ na wɔn ani nsɔ afɔrebɔde no fã a Onyankopɔn Mmara kyerɛ sɛ wɔmfa mma wɔn no nti, na wɔma ɔsomfo bi kogye nammono fi nea ɔrebɔ afɔre no nkyɛn ansa na wahyew srade no wɔ afɔremuka no so. Eli mmabarima no nso ne mmea a na wɔsom wɔ ahyiae ntamadan no ano no bɔɔ aguaman. Nanso, sɛ anka Eli begye Hofni ne Pinehas dwumadi afi wɔn nsam no, ɔkaa wɔn anim bɔkɔɔ na odii ne mmabarima no ni sen Onyankopɔn. (1 Samuel 2:12-29) Na ɛnyɛ nwonwa sɛ na “[Yehowa] asɛm ho yɛ nã nna no mu”! (1 Samuel 3:1) Enti ɛnsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo gye atoro nsusuwii tom, anaasɛ wɔda ayamye a ɛnteɛ a ebetumi de asafo no honhom fam yiyedi ato asiane mu adi. Nokware ayamye mmu ani ngu nsɛm a ennye ne nneyɛe a ebu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow so no so.

9. (a) Su bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati ayamye a ɛnteɛ a yebeyi adi akyerɛ no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ahoɔden adi wɔ sɛnea odii nyamesom awaefo ho dwuma no mu?

9 Sɛ yɛbɛkwati ayamye a ɛnteɛ a yɛbɛda no adi no a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae de bisa Onyankopɔn mmoa na ama yɛanya ahoɔden a ɛda adi wɔ odwontofo no nsɛm mu no bi: “Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.” (Dwom 119:115) Ehia nso sɛ yedi Yesu Kristo a wanni ayamye a ɛnteɛ a woyi adi kyerɛ ho fɔ da no nhwɛso akyi. Nokwarem no, na Yesu ankasa ne nokware ayamye nhwɛso ankasa. Sɛ nhwɛso no, ‘ne yam hyehyee no maa nnipa no, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.’ Enti, nnipa komapafo amma hwee ansiw wɔn kwan sɛ wɔbɛba Yesu nkyɛn, na wɔde wɔn mma nkumaa brɛɛ no mpo. Na wode susuw ayamye ne ayamhyehye ara a oyii no adi bere a “ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn” no ho! (Mateo 9:36; Marko 10:13-16) Ɛwom sɛ na Yesu yɛ ɔyamyefo de, nanso ogyinaa pintinn maa nea ɛyɛ nokware wɔ ne soro Agya no anim. Yesu ampene bɔne so da; na ɔwɔ ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ a ɔde bɛkasa atia nyamesom akannifo nyaatwomfo no. Wɔ Mateo 23:13-26 no, otĩĩ nsɛm a ɔkae yi mu mpɛn pii: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo!” Bere biara Yesu kyerɛɛ nea enti a wobenya ɔsoro atemmu.

Wɔde Ayamye Bata Ɔdɔ Ho

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo yi ayamye ne ɔdɔ adi kyerɛ mfɛfo gyidifo?

10 Yesu kaa faa n’akyidifo ho sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Na ɔdɔ a ɛhyɛ Yesu nokware asuafo agyirae no fã biako ne dɛn? Paulo se: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye.” (1 Korintofo 13:4) Sɛ yɛwɔ abodwokyɛre ne ayamye a, ɛkyerɛ sɛ yegyina afoforo sintɔ ahorow ano, sɛnea Yehowa fi ayamye mu yɛ no. (Dwom 103:10-14; Romafo 2:4; 2 Petro 3:9, 15) Kristofo dɔ ne ayamye nso da adi bere a amanehunu ato mfɛfo gyidifo wɔ asase so baabi no. Bere a wɔde nea ɛsen “adɔe” di ho dwuma no, Kristofo a wɔwɔ mmeae afoforo kyerɛ onuadɔ denam honam fam nneɛma a wɔde ma de boa Yehowa asomfo a wɔte sɛe no so.​—Asomafo no Nnwuma 28:2.

11. Kyerɛwnsɛm mu no, dɛn ne adɔe?

11 Wɔka ayamye ne ɔdɔ bom wɔ asɛmfua “adɔe” a wɔtaa de di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu no mu. Eyi yɛ ayamye a nokware dɔ na ɛde ba. Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “adɔe” (cheʹsedh) no kyerɛ pii sen brɛbrɛ kɛkɛ a wɔyɛ obi. Ɛyɛ ayamye a efi ɔdɔ mu de ne ho bata biribi ho kosi sɛ atirimpɔw nti a ɔyɛ saa no bɛbam. Yehowa da n’adɔe anaasɛ nokware dɔ no adi wɔ akwan horow so. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi wɔ ne ogye ne n’ahobammɔ nneyɛe mu.​—Dwom 6:4; 40:11; 143:12.

12. Sɛ Yehowa nkoa bɔ mpae de bisa mmoa anaa ogye a, dɛn na wobetumi agye adi sɛ wobenya?

12 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa adɔe twe nkurɔfo bɛn no! (Yeremia 31:3) Sɛ Onyankopɔn nokware nkoa hia ogye anaa mmoa a, wonim sɛ n’adɔe yɛ nokware dɔ ampa, na ɛrenni wɔn huammɔ. Enti, wobetumi abɔ mpae wɔ gyidi mu, sɛnea odwontofo a ɔkae eyi no yɛe no: “Na me de, m’ani da w’adɔe so, me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi.” (Dwom 13:5) Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛ nokware nti, ne nkoa mfa wɔn ho nto n’adɔe so kwa. Sɛ wɔbɔ mpae de bisa mmoa anaa ogye a, wɔwɔ awerɛhyem yi: “[Yehowa] rentow ne man nkyene, na ɔrennyaw n’agyapade.”​—Dwom 94:14.

Ayamye so Akatua Ahorow

13, 14. Dɛn nti na ɔyamyefo wɔ nnamfo anokwafo?

13 Yehowa nkoa ‘ne wɔn nuanom di no adɔe ne mmɔborohunu so’ de suasua Yehowa. (Sakaria 7:9; Efesofo 5:1) “Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no,” na onipa a ɔda saa su yi adi no nya akatua pa. (Mmebusɛm 19:22) Eyinom mu binom ne dɛn?

14 Ayamye ma yɛyɛ anifere, ma enti ɛboa yɛn ma yɛne afoforo nya abusuabɔ pa. Onipa a ɔyɛ anifere ka nsɛm na ɔyɛ nneɛma anaa odi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma wɔ akwan a ɛkyerɛ sɛ odwen afoforo ho so na ɛnhyɛ abufuw so. Bere a obiara twe ne ho fi “otirimɔdenfo” ho no, “ɔyamyefo yɛ ne kra yiye.” (Mmebusɛm 11:17) Nkurɔfo kwati otirimɔdenfo nanso wɔbɛn obi a ɔyɛ wɔn adɔe. Enti, ɔyamyefo wɔ nnamfo anokwafo.​—Mmebusɛm 18:24.

15. Nkɛntɛnso bɛn na ebia ayamye benya wɔ ofie a emu apaapae wɔ nyamesom fam no mu?

15 Ebia ɔyere Kristoni a ɔwɔ ɔhokafo a onnye nni bɛtwetwe no aba Onyankopɔn nokware ho denam su te sɛ ayamye so. Ansa na ɔresua nokware no na wahyɛ “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” no, ebia na ɔyɛ otirimɔdenfo, ntɔkwawpɛfo mpo. (Efesofo 4:24) Sɛ ne kunu nim mmebusɛm bi a, anka ebia obegye atom yiye sɛ “ɔbea atutupɛ yɛ daa nsosɔe,” na “sare so tra ye sen ɔyere tutupɛfo a ne ho yɛ ahi nkyɛn.” (Mmebusɛm 19:13; 21:19) Nanso afei ebia ɔyere Kristoni abrabɔ a ɛho tew ne obu a emu dɔ, ne su horow te sɛ ayamye, bɛboa no ma wanya ne hokafo aba nokware gyidi no mu. (1 Petro 3:1, 2) Yiw, eyi betumi ayɛ n’ayamye no so akatua biako.

16. Ɔkwan bɛn so na ebia yebenya ayamye a woyi adi kyerɛ yɛn no mu mfaso?

16 Ayamye a woyi adi kyerɛ yɛn no ho betumi aba mfaso denam ayamhyehye ne fafiri kɛse a ɛbɛma yɛanya no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ yehia honhom fam mmoa na woyi ayamye ne odwo adi kyerɛ yɛn a, so ɛno remma yennya ɔpɛ kɛse sɛ yɛbɛyɛ afoforo saa ara? Wiɛ, wobetumi ahwɛ kwan sɛ mmarima a wɔfata wɔ honhom fam no beyi ayamye ne odwo adi akyerɛ, efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.” (Galatifo 6:1) Mpanyimfo a wɔapaw wɔn no de odwo ne ayamye kasa, bere a wopɛ sɛ wɔboa wɔn mfɛfo gyidifo a wɔfom no. Nanso, sɛ́ ebia yɛn ankasa nsa aka mmoa a efi ayamye a ɛte sɛɛ mu anaa dabi no, dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ wɔ wɔn a wɔsom no nyinaa hɔ? Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yi ayamye adi kyerɛ, na wotie Paulo afotu yi: “Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmomma mo ho, na momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.” (Efesofo 4:32) Nokwarem no, sɛ obi de afiri yɛn anaasɛ wɔde ayamye aboa yɛn ma yɛafi honhom mu ɔhaw mu a, ɛsɛ sɛ eyi ma tumi a yɛwɔ sɛ yebenya fafiri, ayamhyehye ne ayamye no yɛ kɛse.

Ma W’ani Nsɔ Onyankopɔn Dom

17. Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo fi awo mu nti, ayamye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma wɔ ho titiriw?

17 Esiane sɛ wɔwoo yɛn nyinaa sɛ abɔnefo a wɔabu wɔn kumfɔ nti, ayamye bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma wɔ ho titiriw. Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn dom. Sɛ wobegye abɔnefo afi kumfɔ mu na wɔabu wɔn trenee no yɛ ayamye a ɛnsɛ wɔn koraa. Paulo a ɔkaa Onyankopɔn dom ho asɛm mpɛn 90 wɔ ne nhoma 14 a wɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no mu no, ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ tete Roma sɛ: “Efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, na wɔde ne dom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.” (Romafo 3:23, 24) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ ɔdom a Yehowa Nyankopɔn ayi no adi no!

18, 19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati Onyankopɔn dom a yɛbɛma ayɛ ɔkwa no?

18 Sɛ yɛankyerɛ anisɔ a, yebetumi ama Onyankopɔn dom atirimpɔw ayɛ ɔkwa. Paulo kaa eyi ho asɛm sɛ: “Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, te sɛ Onyankopɔn nam yɛn so tu mo fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: momma wɔmfa mpata nka mo mmɔ Onyankopɔn ho. Efisɛ nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee, ɔno mu. Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn dom no kwa, na ɔka [wɔ Yesia 49:8, Septuagint] sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da. Na yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no, na mmom ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo.” (2 Korintofo 5:20-6:4) Na dɛn na ɛwɔ Paulo adwenem?

19 Kristofo a wɔasra wɔn yɛ Kristo ananmusifo, na nnipakuw kɛse no yɛ n’asomafo. Wɔka bom hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmma wɔmpata wɔne Onyankopɔn ntam na wɔanya nkwagye. Na Paulo mpɛ sɛ obiara gye Yehowa Nyankopɔn dom a ɛnam Yesu Kristo so no na ɔma ɛyɛ ɔkwa. Ebetumi ato yɛn sɛ yɛantumi anyɛ adwuma a saa ɔdom no ma yɛfata mae no a. Sɛ adamfofa wɔ yɛne Onyankopɔn ntam sɛ wɔn a wɔapata wɔne no ntam a, yɛrennye ne dom no kwa, sɛ yɛyɛ “mpata som . . . ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata aka wiase abɔ ne ho.” (2 Korintofo 5:18, 19) Yebeyi ayamye a ɛsen biara adi akyerɛ afoforo denam boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔapata wɔne Onyankopɔn ntam no so.

20. Dɛn na afei yɛbɛhwehwɛ mu?

20 Yehowa nkoa de wɔn mmere ne wɔn nneɛma di dwuma wɔ ayamye nneyɛe mu bere a wɔpɛ sɛ wɔbɛboa nkurɔfo wɔ honhom mu denam Kristofo som adwuma no so no. Nanso dɛn na yebetumi asua afi Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɛfa ayamye a woyi adi kyerɛ no ho? Momma yɛnhwehwɛ eyinom mu binom mu na yensusuw akwan afoforo a yɛbɛfa so asɔ Yehowa ani denam ayamye a yebeyi adi akyerɛ so no ho.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn ne ayamye?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati ayamye a ɛnteɛ a yebeyi adi akyerɛ no?

◻ Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo betumi anya n’adɔe mu ahotoso?

◻ Ayamye so akatua ahorow bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Dɛn na yɛyɛ a, yɛremma Onyankopɔn dom nyɛ ɔkwa?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ayamye ma Kristofo mpanyimfo nya boasetɔ, wodwen afoforo ho, na wonya ayamhyehye

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ebia ɔyere Kristoni ayamye betumi aboa ma wanya ne hokafo aba nokware gyidi no mu

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yebetumi ayi ayamye a ɛsen biara adi akyerɛ afoforo denam boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔapata wɔne Onyankopɔn ntam no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena