Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/03 kr. 8
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Mmɔdenbɔ a Egye sɛ Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Gye Sankɔhwɛ Ho Asɛyɛde Tom
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 4/03 kr. 8

Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu

1. Dɛn nti na sankɔhwɛyɛ ho hia saa?

1 Yesu anhyɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkɔka asɛm no nko, na mmom sɛ ‘wɔbɛyɛ asuafo na wɔakyerɛkyerɛ wɔn’ nso. (Mat. 28:19, 20) Ɔsɛnkafo bɔ dawuru, nanso ɔkyerɛkyerɛfo yɛ pii sen saa. Ɔde nkyerɛkyerɛ ma, ɔkyerɛkyerɛ nneɛma mu, na ɔde adanse ma. Ɔkwan biako a yɛfa so kyerɛkyerɛ afoforo ne sɛ yɛbɛyɛ anigyefo so sankɔhwɛ a adwene no ne sɛ yɛne wɔn befi Bible adesua ase.

2. Ɛhefo na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn?

2 Ɛhefo so na ɛsɛ sɛ woyɛ sankɔhwɛ? Hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔsra wɔn a wogyee nhoma anaa wɔn a wɔkyerɛɛ asɛmpa no ho anigye kakra mpo no. Sɛ obi kyerɛ anigye bere a woredi adanse wɔ baguam a, hwɛ sɛ wubegye onii no address anaa telefon nɔma sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adi n’anigye no ho dwuma. Fa yɛ wo botae sɛ wubefi Bible adesua ase. Kɔ so hwehwɛ wɔn a wɔbɛpene Bible adesua so, na ɛda adi sɛ wubenya wɔn.—Mat. 10:11.

3, 4. Dɛn na sankɔhwɛ a etu mpɔn hwehwɛ?

3 Kyerɛ Wɔn Ho Anigye: Yɛto sankɔhwɛ a etu mpɔn fapem wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Asɛmpakafo a wotu mpɔn no hyɛ nea ofiewura no ani gye ho nsow, na wogyina ɛno so to fapem a wobegyina so atoa nkɔmmɔbɔ no so da foforo. Ebinom hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobebisa asɛm bi bere a wɔde nkɔmmɔbɔ no aba awiei no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkanyan ofiewura no anigye ama nsrahwɛ a edi hɔ no. Nkurɔfo ho anigye a yebefi komam akyerɛ no boa yɛn ma yedwen wɔn ho bere a yɛafi wɔn hɔ kɔ no, na ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ wɔn nkyɛn bio a yɛntwentwɛn yɛn nan ase. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔ hɔ bere a anigye no da so ara yɛ foforo no—ebia da koro anaa nnanu ntam.

4 Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, hwɛ sɛ wobɛtoa wo nkɔmmɔbɔ a edi kan no so. Fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛka kyerɛwsɛm biako a ɛhyɛ nkuran ho asɛm bere biara, na nya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ aso ama no. Bɔ mmɔden sɛ wubehu ofiewura no yiye. Na afei wɔ wo nsrahwɛ a edidi hɔ mu no, ka Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛfa ne nsɛm tebea ho paa kyerɛ no.

5. Ɔkwan tiawa bɛn na yebetumi afa so afi Bible adesua ase?

5 Fa Yɛ Wo Botae sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua: Yɛ sankɔhwɛ a adwene no ne sɛ wubefi Bible adesua ase. Ɔkwan bɛn na wobɛfa so ayɛ eyi? Ka kyerɛ onipa no sɛ wopɛ sɛ woka asɛm bi a ɛyɛ anigye kyerɛ no, na bue kratafa bi a wususuw sɛ n’ani begye ho wɔ Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no mu kyerɛ no. Kenkan nkyekyɛm no, na susuw asɛmmisa no ho, na ka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no biako anaa abien ho asɛm. Wubetumi ayɛ eyi wɔ pon no ano pɛɛ wɔ simma anum anaa du ntam. Bisa asɛm a edi hɔ fa wie na yɛ nhyehyɛe sɛ mobɛtoa nkɔmmɔbɔ no so bere foforo.

6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yehu hia a sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ ho hia no?

6 Anigyefo a yenya wɔn asɛnka mu nyinaa a yɛbɛboa wɔn no yɛ yɛn som adwuma no fã titiriw. Ne saa nti, yi bere si hɔ wɔ dapɛn no mu fa yɛ sankɔhwɛ. Saa a wobɛyɛ no bɛma wo som adwuma no atu mpɔn kɛse na ama woanya anigye ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena