Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/92 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ma February

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ma February
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase February 3
  • Dapɛn a Efi Ase February 10
  • Dapɛn a Efi Ase February 17
  • Dapɛn a Efi Ase February 24
Yɛn Ahenni Som—1992
km 2/92 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ma February

Dapɛn a Efi Ase February 3

Dwom 126

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata.

10 min: “Ɔkwan Pa a Yɛbɛfa so Asiesie Yɛn Ho ama Asɛnka.” Wo ne atiefo nsusuw asɛm no no, na afei frɛ adawurubɔfo baasa anaa baanan a woadi kan de dwumadi no ahyɛ wɔn nsa ma wɔnka akwan a wɔbɛfa so anya saayɛ mu mfaso no nsɛm pɔtee. Sɛ nhwɛso no, wobetumi aka nsɛm ahorow a wɔbɛka akyerɛ, akwan a wobetumi afa so asakra asɛm no mu ma ɛne mo asasesin no mu tebea ahyia, fakaayɛ, anaasɛ ɔkwan yi a wɔbɛfa so no ma adawurubɔfo tumi paw nsɛm a ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔbɛka akyerɛ, ho asɛm. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa Yɛn Ahenni Som no mmra asɛnka nhyiam ase.

15 min: “Nnianim Nsɛm a ɛbɛma Afiewuranom Atie.” Ka nnipa ko a wɔte mo asasesin no mu ho asɛm tiawa. Nsɛm bɛn na ɛho hia afiewuranom? Fa adwene si nnianim asɛm ne nsɛm a wɔbɛka akyerɛ a ɛda adi yiye sɛ ɛbɛma wɔatie asɛm no wɔ mo hɔnom so. Ma ɔdawurubɔfo bi a wasiesie ne ho yiye nyɛ asɛm a wɔbɛka akyerɛ yi ho ɔyɛkyerɛ, na ɔmfa Worldwide Security nhoma no mma. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no ka asɛm a wɔbɛka akyerɛ no sɛnea wɔakyerɛw wɔ asɛm no mu no. Afei abofra a ɔkɔ sukuu betumi ayɛ asɛm a wɔbɛka akyerɛ koro yi ara ho ɔyɛkyerɛ, na ɔde nsɛmma nhoma ama onigyeni no de awie. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnsɔ eyi nhwɛ wɔ asɛnka mu.

15 min: “Ma Obiara Nhu sɛ Wiase Nyinaa Ahotɔ Abɛn.” Bere a woaka nnianim nsɛm tiawa bi akyi no, ka akwan a yɛbɛfa so ayɛ saa no mu biara ho asɛm, na ma adawurubɔfo a wɔasiesie wɔn ho yiye nyɛ dwuma a wɔde bedi no ho ɔyɛkyerɛ sɛnea bere bɛma kwan. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma abofra bi ayɛ Ɔkwan 2 no ɔyɛkyerɛ. Ɔkwan 3 ma ɔdawurubɔfo no de anyɛ yiye koraa no, Kyerɛwnsɛm mu anigyesɛm bi hyɛ ofiewura no adwenem. Hyɛ anuanom no nkuran anigye so sɛ wɔmfa nnianim nsɛm a wɔahyɛ no nyansa wɔ kratafa 8 no mu biako ne ɔkwan yi biako nni dwuma.

Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 10

Dwom 176

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Fa sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka ho.

15 min: So Metumi Ayɛ Akwampae Adwuma no Bi? Ɔman yi mu no, adawurubɔfo no nyinaa mu ɔha biara mu 7 yɛ daa akwampaefo. Fa mo asafo no mu akwampaefo dodow yɛ ntotoho. So yɛn mu pii, a mmofra a ɛrenkyɛ wobewie ntoaso sukuu ka no betumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi? Bisabisa daa akwampaefo baasa nsɛm, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, abofra, ɔbea warefo, ne obi a onyin ama wagyae adwuma. (Sɛ munni daa akwampaefo a, wubetumi abisabisa akwampaefo aboafo anaa adawurubɔfo a wɔayɛ akwampae adwuma pɛn no nsɛm.) Monsusuw sikasɛm ho. Nnwuma bɛn na ɛwɔ mo hɔnom? Ɔkwan bɛn na wɔn mu biara tumi fa so hwɛ ne ho? Sɛnea wɔtɔ nneɛma mu nsakrae bɛn na wɔayɛ? Munsusuw bere nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no ho. So ɔyare bi wɔ wɔn mu bi ho? Wɔyɛ dɛn gyina ano? Nsɛnnennen afoforo bɛn na wɔatumi adi ho dwuma? Ɛsɛ sɛ nsɛm a wubebisabisa no ma wonya nneɛma ho adwene pa na ɛhyɛ nkuran. Fa to atiefo anim anigye so sɛ wonsusuw wɔn ankasa nsɛm tebea ho nhwɛ sɛ ebia wɔn mu pii betumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi anaa.

20 min: Sɛnea Awofo a Wonni Ahokafo Betumi Aboa Wɔn Mma. Nnianim asɛm tiawa bi a ɛna bi a ɔne ne mma baanu resiesie wɔn ho ama asɛnka ho ɔyɛkyerɛ di akyi. Awofo a wonni ahokafo mmusua pii wɔ ahyehyɛde no mu nnɛ sen bere biara a atwam. Ɔkwan a Timoteo maame ne ne nenabea faa so de nokware no hyɛɛ no mu no yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ awofo nyinaa suasua. (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Ɔyɛkyerɛ: Ɛna, ne babea a onnii mfe aduonu, ne ne babea kumaa te ɔpon ho wɔ mukaase, wɔadi anwummere aduan awie. Ɛna no ka sɛ ansa na wɔbɛhohoro nneɛma no mu no, wɔbɛsan ahwɛ nsɛm a wɔbɛka akyerɛ wɔ asɛnka mu no mu, na ɔno na ɔbɛyɛ ofiewura. Ne babea kumaa no fa nnianim asɛm bi fi Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 na ɔka kyerɛ ne maame. Ɛna no kamfo no anigye so sɛ wayɛ no yiye, na ɔka kyerɛ no sɛ ɔnkenkan kyerɛwsɛm a Asafo ti no ahyɛ ho nyansa no. Ne babea kumaa no bue Yesaia 9:6, 7 ntɛm ara, na ɔkenkan. Afei ɛna no bisa ne babea a n’ani afi no sɛ ɔde nhoma no bɛma dɛn. Ne babea no paw ɔkwan a wɔfa so yɛ no fi Yɛn Ahenni Som no kratafa 1, na ɔka kyerɛ ne maame no. Ɛna no kamfo no, na ɔhyɛ mmeawa baanu no nyinaa nkuran sɛ wonsua nnianim asɛm no ne ɔkwan a wɔbɛfa so aka asɛm no na ama wɔde nhoma no ama wɔ asɛnka mu. Ɔka kyerɛ ne mmabea no sɛ wobesua akyɛ kakra, na afei wɔahohoro nneɛma no mu. Ɔpanyin de ɔfa yi ba awiei denam asafo no mu mmusua nyinaa a ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa ɔdɔ mmoa wɔn mma no so.

Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 17

Dwom 192

15 min: Ɔpanyin de asafo mu nkaebɔ ma, na ɔka asafo no mu ahiade ho asɛm. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a wobetumi abɔ ho nkɔmmɔ ho asɛm sɛnea bere ma kwan. Paw biako a ɛne Yɛn Ahenni Som yi mu nnianim nsɛm ne ɔkwan a wɔbɛfa so aka asɛm no biako hyia. Afei ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye mfa nnianim asɛm no ne ɔkwan a wɔbɛfa so aka asɛm no nni dwuma mfa nka asɛm a wɔbɛka akyerɛ no mu nsɛm nyinaa nkyerɛ na ɔmfa nsɛmma nhoma no mma onigyeni no. Da no adi sɛ sɛ yɛne nnipa no bɔ nkɔmmɔ, na yɛde asɛm a wɔbɛka akyerɛ a wɔahyɛ ho nyansahyɛ no di dwuma a ɛnyɛ den sɛ yebebu anigyefo.

18 min: “Gye Sankɔhwɛ ho Asɛyɛde Tom.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran anigye so sɛ wonnya sankɔhwɛyɛ mu kyɛfa nkosi ase. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmra adesua dapɛn a edi hɔ no bere a Ɔsom Nhyiam no bɛka nea yɛbɛka wɔ sankɔhwɛyɛ mu ho asɛm no.

12 min: Ka “Abortion” (Yafunu a Wotu Gu) a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 25-6 no ho asɛm. Bere a wode nnianim asɛm tiawa bi atwe adwene asi asɛm no so akyi, na woakyerɛ sɛnea wɔka ho asɛm nnɛ, na ɛhaw nnipa ɔpepem pii no, yɛ onuawa bi a ɔreyɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ. Bible suani foforo no ka sɛnea wahaw yiye wɔ ne nyinsɛn ho no ho asɛm kyerɛ onuawa no. Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea wahaw no mu, efisɛ abusua no sikasɛm nyɛ papa. N’abusuafo a wɔyɛ wiasefo no rehyɛ no sɛ onkoyi nyinsɛn no ngu ntɛm ara. Onuawa no hyɛ nyansa sɛ wɔnnan nkɔ Reasoning nhoma no so, na wɔnhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu nhu sɛnea Yehowa bu abofra a wɔnwoo no no nkwa ne sɛ ebia obu nyinsɛn a wotu gu sɛ eye anaa. Wodi kan susuw nea nyinsɛn a wotu gu kyerɛ no no. Afei wosusuw nsemmisa, kyerɛw nsɛm ne nsɛm afoforo a ɛwɔ nkratafa 25-6 no no. Ɛsɛ sɛ onuawa no boa osuani no ma odwen na ohu sɛnea nkwa yɛ kronkron no.

Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 24

Dwom 92

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mprempren na wɔayɛ akwampaefo aboafo wɔ March ne April mu. Hyɛ mmusua, ne adawurubɔfo nkumaa a wobenya akwamma wɔ March anaa April mu no nso nkuran mma wonhu nhyehyɛe ko a wobetumi ayɛ na wɔanya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse no.

20 min: “Sɛ Wosan Kɔ a Dɛn na Wobɛka?” Wo ne atiefo nsusuw ho, ma adawurubɔfo nsiesie wɔn ho na wɔayɛ nkyekyem no mu nyansahyɛ ahorow no ho ɔyɛkyerɛ bere a mosusuw ho no. Ɛsɛ sɛ wodi kan sua ɔyɛkyerɛ ntiantiaa yi ansa na wɔabɛyɛ.

15 min: “So W’ani Sɔ Yehowa Asase so Ahyehyɛde No?” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina November 1, 1991, Ɔwɛn-Aban (Vol. 112, No. 21) nkratafa 30, 31 so. Si sɛnea ɛho hia sɛ yɛtwe yɛn no fi wiase no ntawtawdi no no, na yekura yɛn Kristofo biakoyɛ no mu no so dua.

Dwom 147 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena