Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Tesalonikafo 2
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Tesalonikafo Mu Nsɛntitiriw

      • Ɔsom adwuma a Paul yɛe wɔ Tesalonika (1-12)

      • Tesalonikafo gyee Onyankopɔn asɛm no (13-16)

      • Ná Paul ani agyina Tesalonikafo no; na ɔpɛ sɛ ohu wɔn (17-20)

1 Tesalonikafo 2:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:1, 4

1 Tesalonikafo 2:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbrɛ pii mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:12, 22-24
  • +Aso 17:1, 2

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 59

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2009, kr. 20

    7/15/2008, kr. 8

    12/15/1999, kr. 23-25

    Di Adanse, kr. 133

1 Tesalonikafo 2:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 17:3; Yer 11:20

1 Tesalonikafo 2:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:33

1 Tesalonikafo 2:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 11:9; 2Te 3:8, 10

1 Tesalonikafo 2:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “sɛnea ɔbaatan ani ku ɔno ara ne mma ho no.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2000, kr. 22

    9/15/1989, kr. 9

    3/1/1987, kr. 10

    Nyan!,

    2/8/1983, kr. 17

1 Tesalonikafo 2:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “yɛn ani gyee ho.”

  • *

    Anaa “yɛde yɛn ankasa kra.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 15:13
  • +Yoh 13:35

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2000, kr. 22

    3/1/1987, kr. 10

1 Tesalonikafo 2:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:3; 20:34; 2Ko 11:9; 2Te 3:8, 10

1 Tesalonikafo 2:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:31
  • +1Ko 4:15

1 Tesalonikafo 2:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 4:1; Kol 1:10; 1Pe 1:15
  • +Lu 22:28-30
  • +1Pe 5:10

1 Tesalonikafo 2:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 1:2, 3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 5

    Nyan!,

    4/8/1980, kr. 3-4

1 Tesalonikafo 2:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:5

1 Tesalonikafo 2:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:22, 23; 7:52
  • +Mt 23:34

1 Tesalonikafo 2:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 11:52; Aso 13:49, 50
  • +Ro 1:18

1 Tesalonikafo 2:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:23; 2Te 1:4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/1/1985, kr. 17

1 Tesalonikafo 2:20

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/1/1985, kr. 17

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Tes. 2:1Aso 17:1, 4
1 Tes. 2:2Aso 16:12, 22-24
1 Tes. 2:2Aso 17:1, 2
1 Tes. 2:4Mme 17:3; Yer 11:20
1 Tes. 2:5Aso 20:33
1 Tes. 2:62Ko 11:9; 2Te 3:8, 10
1 Tes. 2:8Yoh 15:13
1 Tes. 2:8Yoh 13:35
1 Tes. 2:9Aso 18:3; 20:34; 2Ko 11:9; 2Te 3:8, 10
1 Tes. 2:11Aso 20:31
1 Tes. 2:111Ko 4:15
1 Tes. 2:12Efe 4:1; Kol 1:10; 1Pe 1:15
1 Tes. 2:12Lu 22:28-30
1 Tes. 2:121Pe 5:10
1 Tes. 2:131Te 1:2, 3
1 Tes. 2:14Aso 17:5
1 Tes. 2:15Aso 2:22, 23; 7:52
1 Tes. 2:15Mt 23:34
1 Tes. 2:16Lu 11:52; Aso 13:49, 50
1 Tes. 2:16Ro 1:18
1 Tes. 2:191Te 5:23; 2Te 1:4
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Tesalonikafo 2:1-20

Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan

2 Anuanom, mo ara munim paa sɛ mo nkyɛn a yɛbae no anyɛ ɔkwa.+ 2 Na sɛnea munim no, mfiase no, yehuu amane, na wotwaa yɛn adapaa wɔ Filipi.+ Nanso, yɛn Nyankopɔn ma yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa+ no kyerɛɛ mo wɔ ɔsɔretia pii mu.* 3 Na afotu a yɛde ma no, emfi atosɛm anaa ade a ɛho ntew mu, na ennyina nnaadaa so. 4 Mmom, esiane sɛ Onyankopɔn agye yɛn atom sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa nti, yɛkasa a, yɛmfa nsɔ nnipa ani, na mmom yɛkasa de sɔ Onyankopɔn a ɔhwehwɛ yɛn koma mu+ no ani.

5 Nokwasɛm ne sɛ, munim sɛ yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, na yɛamfa nyansakwan so annidi mo ho da;+ Onyankopɔn ne ɔdansefo! 6 Saa ara nso na yɛnhwehwɛ nnipa anim anuonyam mfi mo hɔ anaa nkurɔfo nkyɛn. Ɛwom, esiane sɛ yɛyɛ Kristo asomafo nti, anka yebetumi de ɛka kɛse ato mo so.+ 7 Nanso, bere a yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛnea ɔbaatan korɔkorɔ ɔno ara ne mma no.* 8 Esiane sɛ na yɛpɛ mo asɛm paa nti, yɛyeree yɛn ho* kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yekum yɛn ho* nso maa mo,+ efisɛ na yɛdɔ mo paa.+

9 Anuanom, yegye di paa sɛ mokae yɛn adwumaden ne yɛn brɛ. Bere a yɛreka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo no, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛse nto mo mu biara so.+ 10 Mudi ho adanse, na Onyankopɔn nso di ho adanse sɛ, yɛyɛɛ anokwafo ne atreneefo ne wɔn a wɔn ho nni asɛm maa mo a moyɛ gyidifo no. 11 Mo ara munim sɛ, yɛkɔɔ so tuu mo fo, yɛkyekyee mo werɛ, na yedii mo mu biara adanse+ sɛnea agya+ yɛ ne mma. 12 Yɛyɛɛ saa na ama moakɔ so anantew sɛnea ɛfata Onyankopɔn+ a ɔrefrɛ mo akɔ n’Ahenni+ ne n’anuonyam mu+ no.

13 Nokwarem no, ɛno nso nti na yɛda Onyankopɔn ase daa,+ efisɛ bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mugyee no sɛnea ɛte ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, na ɛno nso na ɛyɛ adwuma wɔ mo a moyɛ gyidifo mu no. 14 Anuanom, musuasuaa Onyankopɔn asafo ahorow a ɛwɔ Kristo Yesu mu wɔ Yudea no, efisɛ muhuu amane wɔ mo ankasa mo manfo nsam,+ sɛnea wɔn nso rehu amane koro no ara bi wɔ Yudafo nsam no. 15 Saa Yudafo yi na wokum Awurade Yesu+ mpo ne adiyifo no, na wɔtan yɛn ani.+ Afei nso, wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na nea wɔyɛ no mmoa onipa biara, 16 efisɛ wɔyɛ sɛ wobesiw yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkasa nkyerɛ amanaman mufo no mma wonnye wɔn nkwa.+ Bere a wɔreyɛ saa nyinaa, na wɔn bɔne redɔɔso. Na afei de, n’abufuw aba wɔn so.+

17 Nanso anuanom, bere a yɛne mo ntam tetew bere tiaa bi (ɔhonam mu, ɛnyɛ yɛn koma mu) no, esiane sɛ na yɛn ani agyina mo paa nti, yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yebehu mo anim. 18 Ɛno nti, na yɛpɛ sɛ yɛba mo nkyɛn. Me Paul mpo de, mebɔɔ me ho mmɔden pɛnkoro ne ne mprenu so sɛ anka mɛba, nanso Satan siw yɛn kwan. 19 Na dɛn ne yɛn anidaso anaa yɛn anigye anaa yɛn abotiri a yɛde bɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn Awurade Yesu anim wɔ ne mmae mu? Ɛnyɛ mo?+ 20 Nokwasɛm ni, mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena