2 Sɛ yɛbɔ mo nyinaa din wɔ yɛn mpaebɔ mu a, ɛyɛ a yɛda Onyankopɔn ase daa,+ 3 efisɛ bere nyinaa yɛkae adwuma a mode gyidi yɛ, adwumaden a mode ɔdɔ yɛ, ne animia a yɛn Awurade Yesu Kristo mu anidaso nti, mode gyina amanehunu mu+ wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim no.