Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Sankɔhwɛyɛ So
1 Asomfo a wɔn ho akokwaw ahu sɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn de nkakrankakra kanyan obi na ɛma nkɔso a obenya abɛyɛ obi a ogye di no yɛ kɛse. Yɛrentumi mfa yɛn som adwuma no fã yi nni agoru. Tu a ebetu mpɔn no gyina ahosiesie so. Nyansahyɛ ahorow a eye a ɛsɛ sɛ yɛkae no bi ne nea ɛwɔ he? Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa, sɛ yɛyɛ adawurubɔfo afoforo anaasɛ wɔn a wɔn ho akokwaw no, tumi anya Ahenni adwuma yi mu kyɛfa?
2 Ahosiesie ma sankɔhwɛ fi ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛsɛ sɛ woyɛ anigye a wɔkyerɛe nyinaa ho kyerɛwtohɔ a edi mu. Gye bere kyerɛw ofiewura no din, asɛm a mobɔɔ ho nkɔmmɔ, sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ ho, ne nhoma a wode mae. Eye sɛ wobɛka biribi pɔtee ho asɛm. Enti, ansa na wobɛyɛ sankɔhwɛ biara no, hwehwɛ wo afie afie kyerɛwtohɔ no mu na fa mpaebɔ susuw nea wobɛka no ho.
3 Wɔ yɛn mu pii fam no, sankɔhwɛyɛ yɛ asɛm a ɛyɛ den. Nanso ɛho nhia sɛ yɛn som adwuma no fã yi yɛ nea ɛyɛ den. Sɛ sankɔhwɛ no wɔ atirimpɔw a, ɛbɛma woatumi agugu nokware aba no so nsu yiye. (1 Kor. 3:6) Sɛ woresan akɔhwɛ obi a womaa no nsɛmma nhoma a, wubetumi ada no adi sɛ “Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ” no ne Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw. Bisa ofiewura no sɛ onim onii ko a Yehowa yɛ, na bere a wama mmuae no, gye bere kakraa bi fa kenkan kyerɛwsɛm te sɛ Dwom 83:18. Bere a woato nhyɛase ama nsrahwɛ foforo no, wubetumi atwa wo nsrahwɛ no so, anaasɛ sɛ bere ma kwan a, fa asemmisa a edi kan wɔ Reasoning nhoma no kratafa 149 a ɛfa “Onyankopɔn” ho no di dwuma fa toa nkɔmmɔbɔ no so. Anaasɛ wubetumi de asɛm a ɛwɔ “Yehowa” ase wɔ kratafa 196-7 no adi dwuma. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛbɔ kwan ama nsrahwɛ a edi hɔ no, ma onhu sɛ wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii ma wɔbɔ Awurade Mpae no a emu na yɛsrɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na ɛmmɛyɛ n’apɛde no. Ma ofiewura no nhu sɛ, sɛ wosan ba a wobɛpɛ sɛ wotwe n’adwene si Bible kyerɛw nsɛm bi a ɛkyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni no yɛ ne sɛnea asase no bɛyɛ bere a Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ no mu pefee so.
4 Sɛ wobɛpɛ sɛ wosan kɔhwɛ ofiewura bi a wama no nhoma a, kyerɛ no biribi a n’ani begye ho wom. Bɔ mmɔden sɛ wobɛtoa nkɔmmɔ a mudii kan bɔe no so. Sɛ ɛyɛ mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no na woresan akɔtoa so a, wubetumi aka sɛ: “Bere a me ne wo kasae nea edi kan no, yɛkaa Bible no bɔhyɛ a ɛfa asomdwoe ho a ɛbɛbam no ho asɛm. Nniiso biako pɛ na ebetumi de asomdwoe aba asase nyinaa so—Onyankopɔn Ahenni no. Hwɛ nea Bible no ankasa ka wɔ Yesaia 9:6, 7. [Kenkan.] So w’ani rennye wɔ asetra mu wɔ tebea a asomdwoe ankasa a ɛte sɛɛ wom mu? [Ma ommua.] Nanso wɔ nokware asomdwoe akyi no, Bible no bobɔ nhyira pɔtee ahorow pii a Onyankopɔn Ahenni no de bɛbrɛ adesamma din.” Ebia wubetumi atwe adwene asi nkyekyem pɔtee bi so wɔ ha. Nsrahwɛ pii akyi no, wubetumi de asɛm a ɛwɔ “Ahenni” ase wɔ Reasoning nhoma no kratafa 225-34 no adi dwuma.
5 Sankɔhwɛ adwuma no mu kyɛfa a yenya no boa yɛn ma ‘yɛkamfo yɛn som.’ (Rom. 11:13) Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛyɛ sankɔhwɛ biako dapɛn biara? Di nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ ha no akyi na hwehwɛ mmoa fi wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no fã yi mu no hɔ. Sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo denam sankɔhwɛ a woasiesie no yiye so a, wo som adwuma no bɛyɛ nea etu mpɔn kɛse, wubenya anigye kɛse, na wo gyidi bɛyɛ den.