Monkɔ So Nyɛ Mma Ɛmmoro So
1 Bere a ɔsomafo Paulo ne n’ahokafo kaa “Onyankopɔn asɛmpa” no wɔ Tesalonikafo no mu wɔ bɛyɛ afe 50 Y.B. mu no, pii gye toom sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn asɛm” na wɔyɛɛ nea wosuae no ho ade.—1 Tes. 2:8, 18; Aso. 17:1-4.
2 Paulo kyerɛkyerɛɛ gyidifo yi ‘sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra ma wɔasɔ Onyankopɔn ani.’ Bere a ne nsa aka kɔ a wɔkɔ so gyina pintinn ho amannɛebɔ akyi no, ɔhyɛɛ saa asafo foforo no mufo nkuran sɛ wɔnkɔ so ara mfa nnam ne akokoduru kɛse nyɛ aso mma nokware no. Yiw, na ɔpɛ sɛ ‘wɔkɔ so yɛ ma ɛboro so.’—1 Tes. 4:1.
3 Bere a yenya afotu fi nea wɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛpere da yɛn gyidi adi kɛse denam Ahenni adwuma a wɔyɛ no nnam so no so. Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kɔ so nantew nokware no mu bere a yɛka asɛm a ebetumi akyerɛ nkwa ama afoforo no. (Yoh. 17:3; 1 Tim. 4:16) Wɔ February mu no yɛbɛto nsa afrɛ nkurɔfo bio sɛ wɔnkenkan nsɛm a ɛyɛ anigye a epue wɔ Ɔwɛn-Aban mu no bere nyinaa denam nsɛmma nhoma yi a wɔbɛkra no so.
MMƆDENBƆ KƐSE DE NHYIRA BA
4 Wɔde nyansahyɛ ahorow a eye a ɛfa sɛnea obi ho betumi akokwaw kɛse wɔ nsɛmma nhomakra a wonya mu mae wɔ krataa a na ɛhyɛ June 1983 Yɛn Ahenni Som mu no mu. Krataa no a wobɛsan ahwɛ mu bio betumi aboa wo mprempren. Wɔ saa ɔsram June, 1983 no mu, bere a yɛde nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ krataa no mu no dii dwuma wɔ nsɛmma nhomakra ɔsatu no mu no, yenyaa nsɛmma nhomakra foforo 2,259 bere a wɔ afe a na edi ɛno anim no mu wɔ May mu, bere a yɛyɛɛ ɔsatu a ɛte saa ara bi no, yenyaa nsɛmma nhomakra foforo 992. Hwɛ nhyira ara a efii mmɔden kɛse a yɛbɔe de asɛm koro pɛ a ekura anidaso ankasa no kɔɔ nkurɔfo afi mu no mu bae!
NKƆSO FƐFƐ NO MU A YEBEKURA
5 So ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛkɔ so de nyansahyɛ pa ahorow a yɛn nsa aka a ɛfa nsɛmma nhomakra a wonya ho no adi dwuma? Bisa wo ho sɛ: ‘So mewɔ adwene a ɛnteɛ anaa adwempa wɔ nsɛmma nhomakra ho asɛm a wɔka wɔ hokwan biara a ɛfata mu no ho? So midi kan nya adwene sɛ ebia onipa no yɛ obi a ɔbɛpɛ sɛ ɔkra anaasɛ ɔyɛ obi a ɔrentumi nkra, anaasɛ so mema onipa no ankasa si gyinae? So mifi ase de nsɛmma nhoma abien ma na afei sɛ wɔkyerɛ bo anigye kɛse a, maka ne kra ho asɛm? Anaa so mihu sɛ eye sɛ medi kan aka ne kra no ho asɛm? So maka nsɛmma nhomakra ho asɛm akyerɛ mfɛfo adwumayɛfo, wɔ borɔn so adansedi mu, wɔn a mema wɔn nsɛmma nhoma daa, afipamfo ne abusuafo, de ka adwempa a wɔde ka asɛm wɔ afie afie mu no ho?’
6 Nsɛmma nhomakra a wɔde anigye ka ho asɛm fi koma a nsɛm a ɛyɛ anigye a epue wɔ nsɛmma nhoma no mu aka no mu na ɛba. Yɛn School Guidebook no ka no nokwarem sɛ anigye fi “gye a wubegye adi kɛse sɛ w’atiefo hia sɛ wɔbɛte nea wowɔ ka” no mu na ɛba. (sg kr. 163 nky. 1) Ɛno te saa nso wɔ nsɛm a yɛpɛ sɛ wɔkenkan no ho. Enti susuw nnipa ahorow ahorow a ebia wubehyia wɔn wɔ w’asasesin mu no ho na paw nsɛm a ɛbɛboa wɔn ma wɔahu hia a ɛho hia sɛ wɔn nsa ka nsɛmma nhoma no bere nyinaa no. Adawurubɔfo binom ahu sɛ ɛyɛ nea ɛboa sɛ wɔbɛhyehyɛ kratasin a wɔde kra no wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu ama wɔn a wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛkra bi akyiri yi no. Ɛsɛ sɛ wodi eyi ho dwuma denam kɔ a wɔbɛsan akɔ hɔ wɔ bere a wɔahyɛ mu no so. Enti yɛ afie afie kyerɛwtohɔ pa.
7 Bere a yehu sɛ ɛtɔ bere bi a asɛm koro pɛ a efi yɛn nsɛmma nhoma no mu boa nkurɔfo ma wofi ase nantew nkwa kwan no so no, ɛyɛ nea yɛbɛpɛ sɛ ‘yɛkɔ so yɛ’ adwuma a ɛho hia a ɛne asɛmpa no a yɛbɛka akyerɛ denam adwempa a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo ma wɔakra bi so no ma ‘ɛboro so.’ So wode nsɛmma nhomakra botae bi asi hɔ ama wo ho wɔ February mu? Yɛpɛ sɛ yɛka Wubetumi Atra Ase Daa anaa United in Worship nhoma no ho asɛm kyerɛ nea ɔkra bi no ntɛm ara na yɛkyerɛkyerɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe no mu kyerɛ no. Sɛnea Mmebusɛm 3:27 ka no, “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no.”