Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra So
1 “Hwɛ, nna bi reba, Awurade [Yehowa] asɛm ni, sɛ mɛma ɔkɔm aba asase no so, . . . [Yehowa] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Yebetumi aka nokwarem sɛ saa asɛm yi anya mmamu nnɛ. Nokware no ho kɔm de nkurɔfo wɔ baabiara. Ɛho hia sɛ wɔte Onyankopɔn Asɛm no.
2 Yehowa nkurɔfo betumi ama wɔanya nea wohia yi. Efisɛ wɔ nea ɛboro mfirihyia ɔha mu no, yɛde Ɔwɛn-Aban no adi dwuma de aboa adwudwo honhom mu kɔm yi ano. Wɔ mfirihyia 64 a etwa to yi mu no, Nyan! no nso aboa nnipa koma pafo ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.
3 Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani agye nsɛm ahorow pii a ɛyɛ dɛ a apue wɔ nsɛmma nhoma ahorow yi mu wɔ mfe pii mu no ho na aboa wo. Dɛn nti na wommoa afoforo ma wɔn nso nnya mu mfaso? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?
DENAM NSƐMMA NHOMAKRA HO ASƐM A YƐBƐKA SO
4 Osuahu ahorow a ɛyɛ anigye kɛse wɔ hɔ a ɛfa nsɛmma nhomakra a wonya ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ June Yɛn Ahenni Som no mu no wɔkaa onua bi a ɔwɔ Macao a onyaa nsɛmma nhomakra foforo 82 wɔ November mu ne 200 wɔ December 1982 mu ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Ɛwom sɛ ebia yɛrennya pii saa de, nanso adwempa bɛboa wɔ nsɛmma nhomakra a yebenya no mu.
5 Adwempa yi ho hia yiye. Bere a ɔmansin sohwɛfo bi de nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ June Yɛn Ahenni Som mu no adi dwuma akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ meka sɛ eyi aka yɛn nyinaa sɛ yɛbɛka ho asɛm. Mahu nsakrae no titiriw wɔ adapɛn abien anaa nea ɛte saa a atwam no mu. Esiane sɛ wɔwɔ adwempa wɔ nsɛmma nhomakra a wobenya ho nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ kuw bi befi asɛnka aba a anyɛ yiye koraa no wɔanya nsɛmma nhomakra anan anaa anum.” Ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ United States nso kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ meda mo ase ankasa wɔ nsɛm titiriw a na ɛhyɛ [June] Ahenni Som mu no ho. Me su wɔ nsɛmma nhomakra ho asɛm a wɔka no mu asakra ayɛ yiye. Adwene a ɛnteɛ a na mewɔ wɔ ne bo no ho no afi hɔ bere a mihu sɛ nsɛmma nhoma afoforo a ne bo nyɛ den a wɔkra wɔ U.S. no bo yɛ $18.00 [¢540.00] afe biako no. Asɛm a na ɛhyɛ Ahenni Som no mu no kanyan adwene.” Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa bɛsan akɔhwɛ asɛm a na ɛhyɛ June 1983 Yɛn Ahenni Som mu no bio ansa na nsɛmma nhomakra ɔsatu biara a wɔbɛyɛ no afi ase.
6 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no asiesie honhom mu aduan a ɛyɛ dɛ ama yɛn! October ne November Engiresi Ɔwɛn-Aban ahorow anan no de “Paradise” ho asɛm na efi emu nsɛntitiriw no ase a ɛsɛ sɛ ɔmanfo a yɛde ma wɔn no ani gye ho kɛse. October Engiresi Nyan! no ka asɛmti bi a ɛne “Abrabɔ Pa a Ɛresɛe—Dɛn mu na Ɛrekɔ Akowie?” ho asɛm. Na October 15 Engiresi Ɔwɛn-Aban no asɛm a ɛwɔ anim hɔ ne “Wɔbɔɔ Wo Ma Woatra Paradise.”
7 Bere a woreka Nyan! a wɔbɛkra ho asɛm wɔ December mu no, ebia bere a woada wo ho adi akyi no wubetumi aka sɛ: “Nnipa pii te nka sɛ nneɛma nyinaa asɛe wɔ abusua no mu ne wɔ adwuma ne nniso nyinaa mu nso. So wote nka sɛ eyi te saa? [Ma ɔnkasa.] Ɛte sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔ ahorow ma ɛda adi sɛ eyi te saa. Nanso abɔnefo renkɔ so nni tumi daa. Mesrɛ wo, hyɛ nea Bible no ka wɔ Dwom 37:29 no nsow. [Kenkan na ka ho asɛm.] Tebea a ɛne abrabɔ pa a asɛe a yehu wɔ asase so no yɛ nea ɛbɛkɔ akowie biribi bɔne mu. Saa Nyan! yi hwehwɛ tebea a ɛyɛ hu yi mu wɔ asɛm ‘Abrabɔ Pa a Ɛresɛe—Dɛn mu na Ɛrekɔ Akowie?’ no mu. [Ka ho asɛm fi nsɛmma nhoma no mu.] Yɛrehyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔakra nsɛmma nhoma yi. Wo nsa betumi aka 24 a ne bo yɛ ¢105.00.” (Anaa ebia wobɛpɛ sɛ woka nsɛmma nhoma abien no kra ho asɛm a ne bo yɛ ¢210.00)
8 Ebia wobɛpɛ sɛ wudi kan ka Ɔwɛn-Aban kra ho asɛm. Bere a woada wo ho adi akyi no, wubetumi aka sɛ: “Esiane sɛ tebea horow no kɔ so sɛe da biara wɔ wiase yi mmeae horow pii nti, nnipa koma pafo pii rebisa sɛ nneɛma bɛyɛ yiye da bi. Dɛn na wususuw? [Ma ommua.] Bible no de awerɛkyekyesɛm bi a ɛfa nsakrae horow a Onyankopɔn de bɛba ho ma wɔ Adiyisɛm 21:4. [kenkan na ka ho asɛm.] October 1 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kura asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ renwu da na mmom wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so. Migye di sɛ w’ani begye ho. Sɛ wopɛ a, yebetumi ama wo nsa aka nsɛmma nhoma yi abien ɔsram biara wɔ wo fi afe biako a ne bo yɛ ¢105.00.”
9 Bere a honhom mu kɔm no mu kɔ so yɛ den no, yɛde anigye rehu Yesaia 65:13 mmamu sɛ: “Hwɛ, me nkoa bedidi.” Yenya aduan pa di! Bere a yɛwɔ honhom mu aduan pii a ɛte sɛɛ no, dɛn nti na yɛmma afoforo nsa nka bi? Nya adwempa wɔ nsɛmma nhomakra ho asɛm a wɔka no mu!