Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban Kra So
1 So woasusuw nea enti a adawurubɔfo binom tumi nya Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra pii, bere a afoforo ka sɛ, ‘Ɛyɛ den ma me sɛ menya nsɛmma nhomakra’ no ho pɛn? So ebinom wɔ nimdeɛ kɛse? Ebia ebinom tumi ka ho asɛm yiye sen afoforo, nanso ɛnyɛ eyi titiriw na ɛma wotumi nya nsɛmma nhomakra. Dɛn nti na wummisa wo ho sɛ, Mete nka dɛn wɔ Ɔwɛn-Aban kra ho asɛm a meka no ho? Ebia wo mmuae wɔ saa asemmisa no ho bɛkyerɛ sɛnea wubetumi anya bi. So wote akomatɔyam kɛse nka wɔ nsɛmma nhoma anaa nhoma a wode ma no ho na enti eyi ara na wotaa yɛ? Sɛ saa a, ebia ebehia sɛ wunya adwempa wɔ ne kra ho asɛm a woka no ho.
2 Hu a wubehu ɔhaw bi no ne ɔkwan a edi kan a wɔnam so di so. Sɛ wubenya ho adwempa a, wo ne wɔn a wonya bi daa no nkasa. Hwɛ anigye a wɔde fi ase hwehwɛ hokwan ahorow a wobenya de aka ne kra ho asɛm no. Hu bo kɛse a nsɛmma nhoma no kra betumi asom wɔ afoforo a ɛboa wɔn ma wobehu Yehowa no mu no. Saa akwan horow yi betumi aboa wo ma woatumi aka asɛmpa no denam Ɔwɛn-Aban kra so.
3 Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne ahosiesie. So wowɔ asɛm bi a ɛbɛkanyan anigye wɔ Ɔwɛn-Aban kra no ho? So wutumi dannan wo nsɛm no mu? Titiriw no, yehyia nnipa ahorow abien wɔ yɛn afie afie asɛnka adwuma no mu: (1) Wɔn a wɔyɛ anyamesomfo na wɔda no adi sɛ wogye Bible no di; (2) Wɔn a wɔn ani nnye nyamesom anaa Bible no ho bio. Ɔkwan bɛn so na wonam di tebea horow yi ho dwuma?
ASƐNKA A WƆAHYƐ HO NYANSA
4 Wɔ obi a ɔyɛ nyamesomfo fam no wubetumi afi ase sɛɛ se: “Eye sɛ wubehu nnipa bi a wɔn ani da so ara gye Bible no ho. Ɛte sɛnea pii bu Bible no sɛ nhoma foforo bi ara kwa. Sɛ́ obi a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no, mfaso ahorow a eye bɛn na emu nsɛm no ama aba wɔ w’asetra mu?” (Sɛ ofiewura ma mmuae a, tie no yiye na ka nea eye a ɔkae ho asɛm.) Afei ebia wobɛka sɛ bere a nnipa pii kenkan Bible no wonnya ho mfaso efisɛ wɔnte nea wɔkan no ase, na fa ka ho sɛ: “Ɔwɛn-Aban no aboa me ma manya Onyankopɔn Asɛm no mu ntease pa. Nokwarem, ɔpepem pii ahu sɛ ama wɔn ntease wɔ Bible no mu anya nkɔso kɛse.” Afei kyerɛ wɔn asɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ nsɛmma nhoma no mu. Fa eyi wie: “Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka Ɔwɛn-Aban kra no ho asɛm akyerɛ wo, a ɛbɛma wo nsa aka ahorow 24, ne bo yɛ ¢28.00 pɛ.”
5 Na sɛ onipa no ka sɛ n’ani nnye nyamesom anaa Bible no ho nso ɛ? Wubetumi abua sɛ: “Nnipa pii te nka saa nnɛ. Dɛn nti na wususuw sɛ eyi te saa?” (Tie no yiye na, sɛ ebetumi a, kamfo ofiewura wɔ nea ɔka no ho.) Afei wubetumi aka sɛ pii nni Onyankopɔn ne Bible no mu gyidi bio esiane nea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn di yɛ no nti. Afoforo te nka sɛ nyansahu ne ne nkyerɛkyerɛ ahorow ma Bible no yɛ nea ne bere atwam. Wubetumi abisa sɛ: “So woasusuw ho pɛn, nea enti a Bible no da so ara yɛ nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ wiase no? Wɔ nea ɛboro mfirihyia 100 no, Ɔwɛn-Aban no aboa ɔpepem pii ma wɔahu bo a Onyankopɔn Asɛm no som. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam akwankyerɛ a ntease wom na eye a egyina Bible nnyinasosɛm ahorow so a ɛde ma no so.” (Twe ofiewura adwene si asɛm pɔtee bi so wɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu.) Fa bra awiei sɛ: “Wo nsa betumi aka Ɔwɛn-Aban no 24 wɔ w’amanade adaka no mu akyiri yi, ɛyɛ ¢28.00 pɛ.”
6 Ɔkwan bɛn so na wobɛka ne kra no ho asɛm? Kae, adwempa bɛboa ma woatumi anya bi.