Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra So
1 Ahotɔ a wonni nnɛ ne basaa a wɔayɛ ma ehu ka nkurɔfo asetra wɔ wiase nyinaa. Ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne asiane renya nkɔso. Nniso horow ntumi nyɛ ho hwee na ehu ka wɔn. Mmɔden ahorow a ɛsen biara a nnipa bɔ ntumi mma ɔhaw no mfi hɔ. Asomdwoe nni hɔ bio. (Adi. 6:4) Nkurɔfo pɛ sɛ wohu nea enti a ɔhaw ahorow pii wɔ hɔ saa.
2 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Yehowa ama yɛanya asomdwoe wɔ ɔhaw mmere yi mu. (Fil. 4:7) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛate nea enti a ɔhaw a ɛte sɛɛ wɔ wiase nnɛ no ase. Yɛwɔ asomdwoe esiane Yehowa atirimpɔw ho ade a yesua ne yɛn ho ase a yɛbrɛ hyɛ n’ahyehyɛde kwan so nhyehyɛe no ase nti. Asomdwoe a ɛsom bo a yɛwɔ yi ka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛma afoforo anya bi denam boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔate sɛnea wiase nsɛm a esisi rema Bible nkɔmhyɛ anya mmamu no ase no so.—Rom. 10:14.
3 Ɔkwan a etu mpɔn a yɛnam so de asɛm yi kɔma afoforo ne Ɔwɛn-Aban no. Asɛmpa a ɛde ma nnipa nyinaa ne sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn ahenni bɛsɛe wɔn a wɔhyɛ wɔn mfɛfo nnipa so no. Ahenni no bɛma asase adan paradise a asomdwoe wom. April ne May Engiresi Ɔwɛn-Aban no twe adwene si nsɛm a ɛfa 1914, afe a ɛyɛ soronko no ho so titiriw. Eyi ne yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti “Anidaso Wɔ Hɔ a Wiase Ahoyeraw Fi 1914 Mfa Ho” no hyia. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye asɛm yi a wode bedi dwuma ne nsɛmma nhoma a aba wɔ ne bere mu a wode bɛboa afoforo ma wɔahu nea enti a ɔhaw ahorow wɔ wiase yi mu no ho. Wowɔ asɛm bi a wobɛka wɔ w’adwene mu?
NSƐMMA NHOMAKRA.
4 Ɔkwan biako a yɛfa so da Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no adi ne eyi: “Yɛn ani agye sɛ yɛabɛto wo wɔ fie nnɛ. Yɛreka biribi a ɛwɔ nnipa pii adwene mu esiane asomdwoe a enni wiase nti no ho asɛm. Pii bisa sɛ, ‘Dɛn nti na aman no ntumi nka mmom nni wɔn haw ahorow no ho dwuma?’” (Ma ommua.) Afei kɔ so sɛ: “Wɔ Mateo 24:7 no Yesu kaa ɔhaw ahorow a ɛbɛma asomdwoe afi asase so ho asɛm too hɔ. [Kenkan.] Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ nneɛma yi resisi nnɛ. Nnipa koma pafo pii rebisa sɛ tebea no bɛyɛ yiye anaa. Dɛn na wususuw? [Ma ommua.] Mateo 24:13 ka sɛ wobegye ebinom nkwa wɔ ahoyeraw bere yi mu. [Kenkan.] April 15 Engiresi Ɔwɛn-Aban no ka ‘1914—Bere Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu’ no ho asɛm. [Wubetumi de asɛm pɔtee bi a ɛwom atõam.] Yɛrema nkurɔfo akra nsɛmma nhoma yi afe biako. Wo nsa betumi aka 24 a ne bo yɛ ¢105.00.”
5 Sɛ ofiewura no nni adagyew a, wubetumi aka tiawa sɛ, “Ɔwɛn-Aban no boa me ma mihu wiase nsɛm a esisi no yiye bere a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu no. Ɛka awerɛkyekyesɛm a ɛne sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn ahenni bɛdan asase yi Paradise a ɛyɛ fɛ ho asɛm. Wubetumi anya nsɛmma nhoma yi abien ɔsram biara wɔ afe biako mu a ne bo yɛ ¢105.00.”
6 Sɛ ofiewura no nni sika a ɔde bɛkra a, so wubetumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔ ne nkyɛn bere foforo? Anaasɛ so ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma wakra asram asia ¢60.00? Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔkra no nkuran ma wogye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo no bi a ne bo yɛ ¢10.00.
NYA HO ADWEMPA
7 Ebinom wɔ botae a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedu ho wɔ nsɛmma nhomakra ɔsatu mu. Fa ahotoso ne nnamyɛ yɛ wo botae no ho adwuma. Nya ho adwempa. Kae nea Yehowa ayɛ denam ne Ba, Yesu Kristo so ne honhom fam aduan a ɔde ma yɛn denam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so no nyinaa. Bere a yɛyɛ saa, na yɛbɔ mpae srɛ Yehowa nhyira wɔ nea yɛyɛ no so no, biribi pa befi nsɛmma nhomakra no mu aba. Anigye a yɛwɔ no bɛma afoforo ahu bo soronko a nsɛmma nhoma no som no. (Yohane 15:11) Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka nsɛmma nhomakra no ho asɛm wɔ hokwan biara a ɛfata a wubenya wɔ asɛnka mu no mu!