Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam “Ɔwɛn-Aban” Ne “Nyan!” A Yɛbɛma Wɔakra So
1 Anyɛ yiye koraa no, mpɛn anan wɔ ɔsram biara mu no, yɛn a yɛyɛ Adansefo no nsa ka nsɛmpa, ɛno ne bere a yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo a aba no. Hwɛ anigye ara a yenya sɛ wɔma yɛn honhom mu aduan denam Yehowa asase so ahyehyɛde no so! Ɔwɛn-Aban no ma yenya Onyakopɔn Asɛm no mu ntease a ɛfata. Nyan! ma yɛte nneɛma afoforo ho nsɛm pii, ne sɛnea wiase nsɛm rema Bible nkɔmhyɛ ahorow anya mmamu.
2 Yenya anigye wɔ nsɛmma nhoma yi a yɛkenkan no daa no mu, na yenim sɛ afoforo nso ani begye ho. Wobetumi anya, sɛ wɔkra nsɛmma nhoma abien fɛfɛ yi bi a. Bere a wɔn nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛba no bi wɔ fie hɔ no, ɛnyɛ dɛn ara a nnipa dodow bi a wɔwɔ fie hɔ bɛfa na wɔakenkan emu nsɛm a ɛyɛ anigye no bi. Enti ebia pii benya hokwan asua nokware no. Enti yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a yehyia wɔn nyinaa kra bi.
EMU NSƐM A ƐYƐ ANIGYE TITIRIW
3 Esiane akwanside ahorow bi nti, ɔsram a etwaam yi ara na asafo ahorow pii nsa kaa October de a wɔbɔɔ din yɛe no. Esiane sɛ ɔha biara yɛkraa 65 kaa ho nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden na yɛde ne nyinaa ma. Wɔhyɛɛ da siesiee eyinom na ahyɛ nsɛmma nhomakra ho nkuran. Enti yɛrebɛbobɔ sɛnea yebetumi de adi dwuma wɔ eyi yɛ mu no so. Sɛ mode mo de no nyinaa amema dedaw a, November de no nso yɛ nea ɛfata saa ara. Wubetumi adan asɛnka a ɛwɔ ase hɔ no mu ma wode ɛne nsɛm a ɛwom no adi dwuma a ɛnyɛ den, te sɛ “Wiase Bɛyɛ Dɛn Daakye?” ne “So Wobɛtra Anigye Wiase Bi mu Da Bi?” wɔ November 1 Engiresi Ɔwɛn-Aban de no mu, “Daakye Bɛn ma Yɛn mu Biara” wɔ November 22 Engiresi Nyan! no mu, na November 8 Engiresi Nyan! no nkratafa 10 ne 11 fa Bible no ne daakye ho.
4 Nsɛm ahorow a nnipa ahorow nyinaa ani begye ho wɔ October 8 Engiresi Nyan! no mu. Emu nsɛm yi biako bisa sɛ, “Adebɔ mu Adwini—Dɛn na Ɛkyerɛ?” Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi de eyi adi dwuma yiye de akanyan anigye wɔ Nyan! nsɛmma nhoma no ho. Foforo a ebia a wobɛpaw aka ho asɛm bere a wode eyi rema ne, “Adam ne Hawa—Nnipa Ankasa anaasɛ Anansesɛm Ara Kwa?” Nnipa pii ate Adam ne Hawa ho asɛm, nanso ebia ebinom rennye nni sɛ wɔtraa ase ankasa. Wɔn ani begye asɛm yi ho titiriw. Wɔn a wogye di sɛ na wɔyɛ nnipa ankasa ani begye ho sɛ wobenya adanse a wobetumi de akyerɛ afoforo. Anaa ebia wobɛpɛ sɛ wode asɛm, “Bere a Abɔde Nyinaa Bɛyɛ Biako,” a esi anidaso a ɛyɛ nwonwa a yɛwɔ ma daakye so dua, no di dwuma. Ebia nnipa a wɔn mfe akɔ anim ani begye eyi ho titiriw.
5 October 15 Engiresi Ɔwɛn-Aban ka “Yɛn Ahiade Ahorow—So Aban Ahorow Betumi Adi Ho Dwuma?” ho asɛm, na “Sɛnea Wobedi Yɛn Ahiade Ahorow Ho Dwuma” di hɔ. Ebia wobɛpɛ sɛ wopaw asɛm biako anaa abien fi nsɛm ahorow yi biako mu de di dwuma wɔ Ɔwɛn-Aban a wobɛma wɔakra no mu. Sɛ worekasa akyerɛ abofra anaa ɔwofo a, ebia wobɛpɛ sɛ wusi nsɛm a ɛwom a ɛfa mmofra ho no biako so dua, sɛ ebia “So Mmofra Pɛ Mmara Horow?” anaa “Akwankyerɛ Pa ma Nnɛyi Mmofra” anaa “Wo Mma a Wobɛtete Wɔn ma Wɔadɔ Yehowa.”
FA NSƐMMA NHOMAKRA TÕA NKƆMMƆBƆ ASƐMTI MU
6 October 22 Engiresi Nyan! no ka nsɛm ahorow fa television ho, “Television—Nea Ebetumi Ayɛ ama Wo . . . Nea Ebetumi Ayɛ Wo.” Nea ɛka ho ne nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛfa abusua asetra ne nhomasua ne sɛnea television kã eyi no ho asɛm.
7 Bere a yɛkɔ afie afie no, yɛpɛ sɛ yɛkanyan afiewuranom anigye wɔ Bible no mu, na yebetumi ayɛ eyi yiye denam mmɔden a yɛbɛbɔ aka Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho asɛm ansa na yɛaka nsɛmma nhomakra no ho asɛm no so. Sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛka October 8 Engiresi Nyan! no mu asɛm a, bere a yɛakenkan Dwom 119:90 no ebia yɛbɛka biribi te sɛɛ: “Esiane sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛma asase yi atra hɔ nti, so wugye di sɛ ɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ so de ɔhaw ahorow hyɛ so ma sɛnea ɛte nnɛ yi, a adesamma resɛe biribiara a atwa yɛn ho ahyia no? [Ma ofiewura mmua.] Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase yi ho no, mepɛ sɛ wo nsa ka Nyan! yi bi. Ɛka eyi ho asɛm. “Bere a Abɔde Nyinaa Bɛyɛ Biako.” Afei ebia wubetumi akyerɛ no asɛm pɔtee bi wɔ mu na woakɔ so aka nsɛmma nhomakra no ho asɛm.
8 Sɛ woreka Ɔwɛn-Aban kra ho asɛm a, bere a wo ne ofiewura no asusuw Dwom 119:90 ho no, wubetumi aka “Sɛnea Wobedi Yɛn Ahiade Ahorow Ho Dwuma” a ɛwɔ October 15 Engiresi de no mu no ho asɛm. Twe adwene si emu asɛm pɔtee bi so na afei ka nsɛmma nhomakra nhyehyɛe no ho asɛm.
9 Ma anigye a wo ankasa wowɔ ma nsɛmma nhoma fɛfɛ yi no nna adi bere a woreka nsɛmma nhomakra no ho asɛm bere biara no. Yɛn nsɛmma nhoma no som bo! Munnya anigye bere a moboa afoforo pii ma wobehu bo a eyi som no na wɔanya emu nsɛm a egyina Bible so no mu mfaso.