Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/84 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1984
Yɛn Ahenni Som—1984
km 6/84 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma A Yɛde Bɛma: June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu. Ɛbo no ne, nea ɛba ɔsram fã: ¢105.00 ma afe biako ne ¢60.00 ma afe-fã. Nea ɛba ɔsram biara: ¢60.00 ma afe biako. (Wɔnkra nea ɛba ɔsram biara no afe-fã.) July: “Let Your Kingdom Come” wɔ borɔfo mu ne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye wɔ Twi mu. August ne September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm.

Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo sika akontaabu mu June 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi.

● Yɛda so ara wɔ 1984 Engiresi kalenda no kakra wɔ hɔ. Bere a ebi wɔ hɔ no, mo nsa betumi aka bi a wɔatew ne bo no so aba ¢10.00. Asafo ahorow betumi de wɔn Literature Order nkratasin a wɔde rekra bi aba. Bere a moreto nnwom foforo a efi nnwom nhoma foforo no mu a anuanom nnim to yiye wɔ asafo nhyiam horow ase no, ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛbɔ dwom no nkyekyem a edi kan no akosi ansa na moafi ase ato. Eyi bɛboa ma anuanom no ahu nnwom no to. Afei nso, wobetumi abɔ nnwom foforo no wɔ afiri so brɛoo bere a nhyiam rebefi ase anaa ɛno akyi.

● Yɛ nhyehyɛe mprempren na woanya asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi mu kyɛfa kɛse afe yi. Yɛrehwɛ mo asafo no akwammisa krataa kwan.

● Ɔmansin nhyiam horow wɔ June mu:

● June 2, 8: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua

● June 9, 10: Ɔmansin 15 wɔ Nsawam

● June 9, 10: Ɔmansin 21 wɔ Chira

● Wobefi ɔmansin nhyiam horow no ase bio wɔ ɔmantam nhyiam no akyi.

● Yɛde 1984 ɔmantam nhyiam kratasin a wɔde bɔ koko so no bɛka July nhoma a wɔde bɛmana mo no ho. Ɛho nhia sɛ mobɛkra eyi. Krataa a wɔde bɔ koko so a 25 na ɛwɔ nea wɔakyekyere biara mu no yɛ nea wobegyina sɛnea asafo biara kɛse te so na wɔde bɛmana, na wɔde bɛka nhoma ka no ho a biako biara yɛ 30p. Saa nhyehyɛe foforo yi bɛma bere a Asafo no de yɛ ho adwuma ne ka a wɔbɔ wɔ ho no so atew. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ nea eye ma asafo ahorow no na wɔhwɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa anya kratasin a wɔde bɔ koko so no bi. Wɔde kotoku a wɔde hyɛ mu no bi bɛkɔ nhyiam biara ase, nanso mubetumi adi kan akra bi sɛnea moyɛe bere a atwam no. Biako yɛ ¢3.00.

● Yɛda so ara wɔ 1982 Ɔwɛn-Aban, ne Nyan! Bound Volumes no kakra wɔ hɔ. Wɔn a wobedi kan akra no na wɔn nsa bɛka bi. Kra nea wuhia no fa mo asafo no so ntɛm ara anaasɛ wubetumi abɛtɔ bi wɔ dwumadibea ha bere a woaba Accra. Biako yɛ¢120.00.

● Nhoma Foforo a Aba:

● Sing Praises to Jehovah (Nnwom Nhoma Foforo) Kɛse no (asafo ne ɔmanfo: ¢105.00; akwampaefo: ¢53 00)​—Engresi nkutoo.

● Ketewa no (asafo ne ɔmanfo: ¢53.00; akwampaefo: ¢27.00) Engiresi nkutoo.

● Mpaawa ne Cassette Foforo a Aba (sankudwom nkutoo) :

Sing Praises to Jehovah. Mpaawa (mmiako mmiako 15; asafo ne ɔmanfo: ¢525.00; akwampaefo: ¢403.00)

● Cassette​—Album Biako (cassette awotwe na ɛhyem; asafo ne ɔmanfo: ¢525.00; akwampaefo: ¢403.00)

● Cassette​—Album Anum (cassette 113 na ɛhyem; asafo, ɔmanfo ne akwampaefo: ¢1,750.00)

● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wobisa sɛ wɔntew Sing Praises to Jehovah, a wɔde maa akwampaefo kwa no mfi wɔn ka so sɛnea wɔkae wɔ Yɛn Ahenni Som May 1984 de no mu no kyerɛ dodow a wɔde maa kwa no wɔ Remittance and Credit Request kratasin foforo so. Yɛsrɛ mo, monhwɛ na moamfa anka dodow biara a wɔtɔɔ no akwampaefo bo so no ho, anyɛ saa a, yɛrentumi nhu ntew mfi mo ka so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena