1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam Horow
“Nea osua koraa no bɛdan apem . . .”
1 So Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm yi nkanyan yɛn na ɛmma yɛn ani nnye? Ɛte saa! Yehowa diyifo no kɔɔ so kae sɛ ‘akumaa bɛdan ɔman a ɛyɛ den. Me [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.’ (Yes. 60:22) Saa bere yi yɛ anigye bere esiane nkɔso a aba wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no nti. Enti, asɛmti “Ahenni Nkɔso” no yɛ nea ɛfata yiye na ɛma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛkɔ 1984 ɔmantam nhyiam horow no. Afe a etwaam no, ɛwom sɛ na akwantu ho asɛm yɛ den wɔ December mu de, nanso nnipa a wɔn dodow yɛ 65,022 kɔɔ ɔmantam nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Accra, Kumasi ne Sekondi no. Susuw hokwan a ɛyɛ sɛ wobɛka nnipa a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn dodow bɛkɔ anim asen saa a wɔbɛba “Ahenni Nkɔso” ɔmantam nhyiam horow bɛboro du a wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ 1984 mu no ase na wɔate sɛnea Yehowa rema Ahenni adwuma no akɔ so ntɛmntɛm ne kyɛfa a yɛn mu biara betumi anya wom ansa na awiei no aba no ho hwɛ. Ɛsɛ sɛ nsɛm a edi so yi boa wo ma woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ bi na woaboa afoforo, ne titiriw no anigyefo afoforo ma wɔakɔ ase bere nyinaa.—Gal. 6:10.
2 NHYIAMBEA AHOROW: Wɔayɛ nsakrae wɔ mmeae a yɛbɔɔ mo amanneɛ wɔ December a etwaam ɔmantam nhyiam no ase sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no mu. Mmeae ne mmere a edidi so yi na yɛapaw:
AUGUST 2-5:
Sunyani, Twi; Box 75.
Accra, Twi, Ewe; Box 0190, Osu.
AUGUST 9-12:
Kumasi, Twi; Box 629,
Accra, Engiresi, Ewe, Ga; Box 0190, Osu
AUGUST 16-19:
Tamale, Twi; Box 94.
Hohoe, Ewe, Twi; Box 117
Dunkwa, Twi; Box 97.
AUGUST 23-26:
Takoradi, Twi; Box 0166.
Nkawkaw, Twi; Box 67.
AUGUST 30-SEPTEMBER 2:
Koforidua, Twi; Box 382.
Cape Coast, Twi; Box 258.
Ɛsɛ sɛ mode mo nkrataa ahorow nyinaa mana “Watch Tower Convention.”
3 DABERE: Yɛde Adammisa nkratasin amana asafo biara. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kɔ nhyiam a ɛbɛn wo. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam dwumadibea no hwehwɛ dabere ma wo a, ɛnde hyehyɛ Adammisa kratasin mprempren ara fa mana faako a wobɛkɔ nhyiam no. Yɛsrɛ wo, bɔ mmɔden fa wo adammisa kratasin no mana ntɛm na anuanom no atumi ahwehwɛ dabere ama wo.
4 Bere a worebisa dabere no, yɛsrɛ wo, ma ɛntra w’adwene mu sɛ nhyiam no fi ase Yawda 1:30 p.m. Eyi kyerɛ sɛ ebia wurenhia dabere Wukuda anadwo, na ebia wubetumi asan akɔ fie Kwasida bere a dwumadi no aba awiei 4:10 p.m. akyi no. Sɛ ɛnte saa na wubehia dabere Wukuda anadwo ne Kwasida anadwo nso a, ɛnde bɔ mmɔden kyerɛ eyi wɔ wo Adammisa kratasin no so sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom no betumi adi w’ahiade ho dwuma yiye.
5 ADWUMA A EDI NHYIAM ANIM: Sɛnea munim dedaw no, egye adwuma ahorow bere a yesiesie yɛn ho ma nhyiam horow te sɛ nea yɛayɛ ho nhyehyɛe yi no. Ne saa nti, yɛrehyɛ mo nyinaa nkuran ne titiriw no mo a mote nkurow a wɔbɛyɛ nhyiam wom no mu ne mo a mobɛn hɔ no sɛ monyɛ nhyehyɛe na moaba adwuma a edi nhyiam anim no a ɛne adan hwehwɛ, apatabɔ ne nnwuma afoforo a ɛka ho no. Yegye di sɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe yiye a, wubetumi aboa adwuma a edi nhyiam anim no, a ɛnyɛ adapɛn awiei nko na mmom adapɛn no mu nso. Adwuma a edi nhyiam anim no befi ase wɔ nhyiam kurow biara mu aka bɛyɛ asram abien na nhyiam no afi ase no. Wo ho a wode bɛma ayɛ adwuma wɔ eyi mu no yɛ nea ani sɔ kɛse.
6 AHIADE ATITIRIW: Ɛsɛ sɛ asafo no yɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no wɔ faako a wɔkɔ no. Mpanyimfo ne afoforo a wonim eyi no betumi afi ɔdɔ mu aboa. Mpɛn pii nea ɛka eyi ho ne afoforo a wɔde wɔn bɛka wɔn kuw no ho, sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ ɔsom adwuma no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, asotifo, mmubuafo anaa afoforo a wohia mmoa. Afei nso, wobetumi adi ahiade horow no ho dwuma wɔ akwan horow so, sɛ ebia nhyehyɛe horow a wɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ anaasɛ mmoa a wɔde bɛma wɔ sika fam sɛ ebetumi a wɔ faako a ɛho hia. (Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18; Aso. 20:35) Yɛwɔ ahotoso sɛ mubeyi ɔdɔ su adi akyerɛ wɔn a ahia wɔn nyinaa.—2 Kor. 6:11-13; Yoh. 13:35; Gal. 6:10.
7 KƆ A YƐBƐKƆ: Yebenya mfaso pii afi kɔ a yɛbɛkɔ “Ahenni Nkɔso” ɔmantam nhyiam horow no mu. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe mprempren sɛ yɛbɛkɔ akotie dwumadi no nyinaa, efisɛ ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛanya Awurade nguan foforo no anoboaboa kɛse a ɛrekɔ so mprempren no mu kyɛfa.