Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JUNE 3
Dwom 20
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Adekyee mu asɛm ho nkɔmmɔbɔ tiaa. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ nsɛmma nhoma adwuma mu June 9 anaasɛ gua da a edi hɔ wɔ faako a mowɔ ho nkuran. Momfa Our Ministry nhoma mmra dapɛn a edi hɔ.
15 min: “Onyankopɔn Asɛm wɔ Tumi.” Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Si sɛnea Onyankopɔn Asɛm no boa yɛn ne sɛnea yebetumi de aboa afoforo no so dua. Yɛ nsɛmma nhomakra ho ɔyɛkyerɛ.
25 min: Sukuu Te Dɛn Nnɛ? Ɔkasa a ɛfa School nhomawa mu asɛm a ɛne “Abrabɔ Ho Nnyinasosɛm Ahorow a Yedi Akyi” ho, nkratafa 8 kosi 11. Nea ɛka ho no ka abrabɔ ho adwene a ɛwɔ hɔ nnɛ ne sɛnea ɛka mmofra no ho asɛm. To nsa frɛ adawurubɔfo nkumaa kuw bi ma wɔmmra asɛnka agua so na munsusuw hia a ɛho hia sɛ wokura Bible nnyinasosɛm ahorow mu esiane wiasefo sukuufo adwene a wɔwɔ wɔ abrabɔ ho no nti no ho. Afei wone kuw no ne atiefo mmɔ abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow a ɛfa mmeae horow asia a ɔhaw wɔ hɔ a “Nnipa a Wɔne Wɔn Ho Da Ansa Na Wɔaware” ne nea edi kan, no ho nkɔmmɔ. Si “Bo a Bible Nnyinasosɛm Som” ma asafo no so dua na kyerɛ mfaso ahorow a efi Bible Nnyinasosɛm akyi a yedi mu ba no na fa wie.
Dwom 100 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 10
Dwom 70
7 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu ho amanneɛbɔ.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra So.” Nsemmisa ne mmuae. Asɛm no ho nkɔmmɔbɔ akyi no, yɛ nea yɛbɛka akyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 4 ne 6 no ho ɔyɛkyerɛ na bisa atiefo nea enti a ɛsɛ sɛ asɛm a yɛka no yɛ nea etu mpɔn.
18 min: Our Ministry nhoma mu nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ, kratafa 65 nkyekyem 3 kosi kratafa 72 nkyekyem 2.
Dwom 87 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 17
Dwom 79
5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.
10 min: “Bere So Di—Biribi a Ɛkyerɛ Anidahɔ.” Nsemmisa ne mmuae a ɔpanyin de di ho dwuma. Wo ne adawurubɔfo nsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛkɔ asafo nhyiam horow, ɔmansin ne Ɔmantam nhyiam, ne asɛnka adwuma bere ano no ho wɔ ayamye mu.
20 min: 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam Horow. Nea ɔhwɛ nhyiam ho nsɛm so di ho dwuma, atiefo nso nya mu kyɛfa.
10 min: Ɔkasa a egyina Ɔwɛn-Aban mu asɛm so. Fa December 15, 1983, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm “So Wusuro Nea Afoforo Susuw?” anaasɛ October 15, 1983 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm “Pow Wiase Akɔnnɔ Horow!” no di dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu June 23 anaasɛ gua da a edi hɔ wɔ faako a mowɔ no.
Dwom 52 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 24
Dwom 33
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛmma nhomakra adansedi mu osuahu ahorow a wonyae ho asɛm tiaa. Ti asɛnka nhyehyɛe mu, hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya mu kyɛfa Kwasida a edi kan, July 1.
10 min: Ɔsom Adwuma sohwɛfo ka asafo no ɔsom adwuma akontaabu besi saa bere yi wɔ 1984 ɔsom afe no mu ho asɛm. Asɛnka adwuma a wɔyɛ no daa anya nkɔso wɔ asafo ahorow pii mu na asuafo afoforo afi ase na eyi ama nkɔanim aba wɔ ɔman yi mu. Sɛ ɛte saa wɔ mo asafo mu a, kamfo adawurubɔfo. Kamfo wɔn wɔ adwuma pa biara a wɔayɛ ho. Ka faako a nkɔso ho hia ho asɛm—ofie Bible adesua pii a wɔbɛyɛ, nsɛmma nhoma dwumadi, wɔn ho a wɔde bɛhyɛ afie afie dwumadi mu, nnɔnhwerew ne nea ɛkeka ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ adwuma denneennen.—1 Kor. 15:58.
10 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe.
Dwom 91 ne mpaebɔ a wɔde wie.