1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
1 Nhyɛso kɛse ka obiara wɔ yɛn bere yi mu. Nsɛnnennen fi mmeae horow nyinaa ba. Ɛda adi sɛ egye akokoduru na ama yɛatumi akɔ so atra ase, na ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden so na yebetumi ayɛ eyi. (2 Kor. 4:7) Sɛnea osuahu akyerɛ no, nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛto nnipa nyansa so wɔ asetra mu nsɛnhia mu. (Dw. 146:3) Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa yɛn nyinaa ma ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu anya nkɔso na yɛahu ɔkwan pa a yɛbɛfa so ada saa ahotoso no adi no, Asafo no ayɛ “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam ahorow ho nhyehyɛe ama Ghana ne Togo. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ woyɛ nhyehyɛe kɔ saa nhyiam ahorow yi a wɔasiesie sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ wo bo a woasi sɛ ‘wubefi wo koma nyinaa mu de wo ho ato Yehowa so’ no mu den no mu biako a, wubenya Yehowa nhyira pii.—Mmeb. 3:5.
2 MMERE NE MMEAE HOROW:
December 18 kosi 20:
Accra; Ga ne Ewe (Ghana) . Box 0190, Osu.
Cape Coast; Twi/Fanti. Box 258.
December 25 kosi 27:
Accra; Twi, Engiresi ne Ewe (Togo) . Box 0190, Osu.
Kumasi; Twi. Box 629.
Sekondi; Twi. Box 468.
January 1 kosi 3, 1988:
Konongo; Twi. Box 57.
Nsawam; Twi. Box 35.
Ho; Ewe ne Twi. Box 77.
Techiman; Twi. Box 57.
January 8 kosi 10, 1988:
Bolgatanga; Twi/Frafra. Box 30.
Ɛsɛ sɛ wɔde nhyiam no ho nkrataa nyinaa kɔma Watch Tower Convention.
3 DABERE: Yɛde Adammisa nkratasin remana asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam dwumadibea no hwehwɛ dabere ma wo a, ɛnde hyehyɛ Adammisa kratasin no na fa mana faako a wobɛkɔ nhyiam no. MOMMFA Adammisa kratasin anaa nhyiam no ho krataa biara mmmana baa dwumadibea a ɛwɔ Accra no. Esiane sɛ nkrataa a wɔde fa post office wɔ Ghana ha kyɛ wɔ kwan so nti, hwɛ sɛ wode wo Adammisa kratasin no bɛmana ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom no benya bere pii de adi w’ahiade ho dwuma.
4 Ɛwom sɛ eyi yɛ nnansa nhyiam de, nanso ma ɛntra w’adwenem sɛ dwumadi no befi ase Fida 9:20 a.m. Enti yɛhyɛ nyansa sɛ yɛ nhyehyɛe na woadu nhyiam kurow no mu Yawda awia sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi atra ase Fida anɔpa ansa na nhyiam no afi ase. Wɔbɛbɔ mpae a yɛde bɛpɔn nhyiam Kwasida no 4:00 p.m.
5 BOLGATANGA NHYIAM: Yɛn nsa aka nsɛm pii a wɔde rekyerɛ anisɔ afi anuanom a wonyaa Tamale akwantu soronko no mu kyɛfa wɔ January a etwaam no mu nkyɛn. Pii aka akyerɛ Asafo ti no sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe a ɛte saa ara wɔ Bolgatanga nhyiam no ho wɔ January a ɛreba yi mu. Asafo ti no pɛ sɛ ɛyɛ akwantu a ɛte saa ho nhyehyɛe. Enti na wɔayɛ nhyehyɛe sɛ Bolgatanga nhyiam no bɛyɛ nea etwa to a ɛno nkutoo na wɔbɛyɛ wɔ saa dapɛn no mu no. Ɛrenkyɛ yɛbɛkyerɛw asafo ahorow no nyinaa na yɛaka akyerɛ wɔn a wɔn ani gye ho no sɛ wɔnkyerɛw wɔn din mma eyi. Yɛhyɛ wo sɛ yɛ nhyehyɛe na ama woanya akwantu yi mu kyɛfa. Bisa wɔn a wɔkɔɔ Tamale wɔ January a etwaam no mu no na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ worennu wo ho. Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛkɔ Bolgatanga nhyiam no na wopɛ sɛ nhyiam dwumadibea no hwehwɛ dabere ma wo a, hwɛ sɛ wode wo Adammisa kratasin bɛmana Bolgatanga tẽẽ wɔ bere pa mu.
6 ADWUMA A EDI NHYIAM ANIM: Yɛwɔ ahotoso sɛ wubefi wo koma nyinaa mu aboa adwuma a edi nhyiam anim no te sɛ nea woyɛ wɔ bere a atwam no mu no. Sɛnea wɔyɛ daa no, wobetwitwa mpampuro, abɔ apata na wɔahwehwɛ dabere ne nea ɛtete saa. Wobefi adwuma yi ase wɔ nhyiam kurow biara mu bere a aka bɛyɛ adapɛn awotwe na wɔayɛ nhyiam no. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe na ama mode mo ho ahyɛ adwuma a ɛho hia yi mu kɛse a ɛnyɛ dapɛn awiei nko na mmom wɔ dapɛn no mu nna no bi mu nso. Wɔ eyi akyi no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛhyɛ adwuma a wotu wɔn ho ma yɛ no mu wɔ nhyiam a wobɛkɔ no ase. Dwumadibea ahorow te sɛ nea ɛhwɛ aduannoa, ahotew, ne wɔn a wogye ahɔho ho nsɛm so ne afoforo hia mmoa bere nyinaa. Ka ɔpɛ a wowɔ sɛ wubenya adwuma yi mu kyɛfa ho asɛm kyerɛ nea ɔhwɛ nhyiam ho nsɛm so wɔ w’asafo mu no.
7 ƆKWANTIAA FOFORO A WƆBƐFA SO AYƐ ADE WƆ NHYIAM AKƐSE ASE: Efi 1978 no, Asafo ti no nyaa ɔkwan biako a ɛyɛ tiawa nso a wɔbɛfa so wɔ ɔmantam nhyiam ase aduannoa mu, wɔ adwuma a wotu wɔn ho ma yɛ, dabere ne nhyehyɛe afoforo a ɛmaa adwuma a wɔyɛ so tewee kɛse no mu. Esiane nhyɛso ahorow ne ahokyere a da biara asetra ma yɛn nuanom hyia nti, Asafo ti no rehwehwɛ akwan afoforo a wɔbɛfa so ayɛ nhyiam akɛse ho adwuma wɔ ɔkwantiaa so. Ɛdenam saa yɛ so no, wobetumi de wɔn adwene asi nhyiam no honhom fam nneɛma so titiriw na adwumayɛfo no atumi anya dwumadi no pii mu anigye. (Deut. 31:12; fa toto Luka 10:38-42 ho.) Bio nso, bere a nnipa a wɔba nhyiam no dodow kɔ anim daa no, nhyiam no dodow ne adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ho no nso bɛyɛ nea ɛdɔɔso. (Yes. 60:22) Esiane eyi ne nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ obiara kyerɛ ho anisɔ nti, Asafo ti no rehyɛ nhyiam dwumadibea ahorow no sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwantiaa koraa so wɔ aduannoa ho nhyehyɛe no mu.
8 Asafo ti no ani sɔ mmoa pa a mo anuanom de ama wɔ aduannoa ho nhyehyɛe no mu wɔ ɔmantam nhyiam horow ase wɔ mfe pii a atwam no mu no. Eyi aboa wɔ akwan horow pii so. Ama wɔatumi agye mmeae ahorow a ɛhɔ ye na wɔatumi atua ka a wɔbɔ wɔ nhyiam no ho na eyi nso ama nhyiamfo tumi tra nhyiambea hɔ bere a yɛapɔn awia na wotɔ aduan a wɔmmrɛ, wonya ahoɔden foforo na afei wɔtra nhyiam no ase di honhom fam aduan a ɛho hia kɛse no.
9 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ aduan a ɛho adwumayɛ gye bere pii a wosiesie wɔ dwumadibea a ɛhwɛ aduannoa ho nsɛm so no ayɛ nea egye wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma pii. Nhyiam dwumadi no pii pa anuanom a wɔyɛ adwumaden yi ti so esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma bere a nhyiam no rekɔ so nti. Wɔn mu binom tumi yɛ nhyehyɛe kɔ nhyiam foforo kotie dwumadi no, nanso afoforo ntumi nyɛ saa. Eyi nye. Sɛ yeyi aduan a ne noa yɛ den kɛse no fi mu a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ama adwuma a wɔyɛ wɔ dwumadibea a ɛhwɛ aduannoa ho nsɛm so ne hia a wohia wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma pii no so atew.
10 Nea ɛyɛ anigye no, yɛn nuanom a wɔwɔ ɔman yi mu a wɔyɛ adwumaden no pii, sɛ ebia wɔyɛ akuafo anaasɛ wɔyɛ adwuma foforo no, di nnuan a ne siesie nyɛ den te sɛ borɔde a wɔatoto ne nkate wɔ nna a wɔde yɛ adwuma no pii mu. Eyi ma wonya ahoɔden. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ nnuan a ɛho adwumayɛ nyɛ den a yɛde bɛma no bɛyɛ nea eye na ɛma wonya ahoɔden.
11 Ebinom de wɔn ankasa aduan fi fie ba nhyiam no ase na eyi nyɛ nea yɛmpene so, sɛ wohu sɛ eyi ho hia a. Nanso esiane sɛ nhyiambea hɔ dan Ahenni Asa kɛse ankasa bere a nhyiam no rekɔ so nti, nyansa wom sɛ yebekwati ma a yɛbɛma hɔ adan ayɛ te sɛ baabi a wɔkɔ piknik denam didi a yebedidi bere a nhyiam no rekɔ so no so. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ dwumadibea a ɛhwɛ aduannoa ho nsɛm so no di ahyɛde a ese ɛsɛ sɛ wogyae aduan tɔn bere a nhyiam no afi ase no so pɛpɛɛpɛ
12 Yɛaka sɛ nnuan a yɛnoa no aboa ma yɛatua ka a yɛbɔ wɔ nhyiam no ho wɔ bere a atwam no mu. Eyi yɛ nokware yiye wɔ ɔman yi mu. Esiane eyi nti, ahaw ebinom wɔ nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ ebia ɔkwantiaa a yɛbɛfa so asiesie aduan no betumi aka tumi a yebetumi anya sika de ayɛ nhyiam horow no ho. Nanso ɛho nhia sɛ eyi ba saa. Sɛnea wɔada no adi wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 10 ne Doing God’s Will brochure no kratafa 28 no, wɔde ntoboa a yefi yɛn pɛ mu de ma na etua yɛn adwuma no ho ka na ɛnyɛ adwuma bi a Asafo ti no yɛ no mu mfaso bi. Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, yɛn mu biara betumi adi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 16:1-3 no akyi na ‘yɛde biribi asie,’ ebia biribi a ɛso sen nea wuyi to nkyɛn wɔ bere a atwam no mu na wode aboa nhyiam a wobɛkɔ no. Sɛ asafo biara ne obiara befi ne yam ayi ntoboa a, yebenya sika a ɛdɔɔso de atua nhyiam no ho ka.
13 AHIADE ATITIRIW: Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade titiriw wom no yɛ nhyehyɛe na wɔde hwɛ saafo no. Mpanyimfo ne afoforo a wonim tebea horow a ɛte sɛɛ betumi afi ɔdɔ mu de mmoa ama. Mpɛn pii eyi hwehwɛ sɛ wɔde wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, asotifo, mmubuafo anaa afoforo a wohia mmoa bɛka wɔn kuw ho. Afei nso, ebia na wobetumi ahwɛ saafo no wɔ akwan foforo so, sɛ ebetumi a, boa a wɔbɛboa wɔ sika fam ne wɔ baabi a ɛho hia. (Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18) Yɛwɔ awerɛhyem sɛ mubefi ɔdɔ mu asusuw wɔn a wohia mmoa no nyinaa ho.—2 Kor. 6:11-13; Yoh. 13:35; Gal. 6:10.
14 NNWOM: Nnwom a edidi so yi na yɛbɛtow: 148, 191, 128, 164, 8, 59, 43, 13, 160, 91, 180, 42, 217, 113, 85, 155, ne 212. Yɛhyɛ asafo ahorow no nkuran sɛ wɔmfa nea Asafo ti no akyere agu kasɛt so no nni dwuma mfa nsua ne tow sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi atow adi akyi wɔ nhyiam no ase.
15 KASA A WƆKYERE GU AFIRI SO: Sɛnea ɛte wɔ bere a atwam no mu no, Asafo ti no renyɛ nsiesiei biara mma dwumadi anaa drama ahorow a wɔbɛkyere agu kasɛt so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔpɛ sɛ wɔkyere ɔkasa gu afiri so no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw anaasɛ ɛrentwe afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase adwene mfi dwumadi no so so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden nkanea nhama ne akasam afiri nhama no biara. Yɛn ani bɛsɔ mo mmoa wɔ eyi mu.
16 AWIEI: Asram asia ni a wɔkaa nhyiam ahorow yi ho asɛm kyerɛɛ yɛn wɔ “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam ahorow no ase. Afei bere a yɛate ho asɛm foforo bio yi, yegye di sɛ mo nyinaa betumi adi kan ayɛ ho nhyehyɛe, ayɛ mo adwuma mu akwamma ne sika ne nneɛma a ɛtete saa ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi akɔ nhyiam ahorow yi mu biako. Mubenya nhyira pii.