Yehowa Adansefo 1995 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam
1 Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ na yɛka nnipa 123,520 a wɔkɔɔ 1994 “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow no wɔ Ghana baa dwumadibea asasesin mu no ho! Nnipa a wɔn dodow yɛ 2,296 nam asubɔ so daa no adi sɛ wɔwɔ osuro pa ma Onyankopɔn. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehyiam nnansa wɔ 1995 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam horow ase! Ɛsɛ sɛ saa asɛmti a ɛkanyan anigye yi ka yɛn ankasa ma yɛbɔ mmɔden biara a yebetumi sɛ yɛne yɛn Bible asuafo bɛkɔ bi. Dwumadi no bɛma yɛn nyinaa anya honhom mu denhyɛ ankasa bere a yɛkɔ so de nokwaredi som Yehowa wɔ awiei bere yi mu no.
2 Hwɛ hu sɛ wubedi kan ayɛ ɔmantam nhyiam no ho nhyehyɛe ato hɔ koraa na ama woatumi akotie honhom mu dwumadi a ɛyɛ anigye no nnansa no nyinaa, efi dwom a yɛde bebue ano kosi mpaebɔ a yɛde bɛpɔn no so. Fi ɔdɔ mu fa wɔn a ebia wobehia mmoa, titiriw wɔn a afei na wɔrekyerɛ anigye no ka wo nhyehyɛe ahorow ho, na ama wɔn nso atumi abetie dwumadi no nyinaa. Ɛbɛboa yiye sɛ wo ne wo Bible suani biara a ebia ɔyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ bi no susuw krataa yi mu nsɛm ho. (Gal. 6:6, 10) Yɛde dwom befi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:50, na yɛapɔn bɛyɛ anwummere 5:00. Memeneda dwumadi no befi ase anɔpa 9:50, na yɛde dwom ne mpaebɔ apɔn bɛyɛ anwummere 4:50. Kwasida anɔpa dwumadi no befi ase 9:50, na yɛapɔn da no dwumadi bɛyɛ anwummere 4:10. Amanneɛbɔ a edidi so yi bɛboa wo wɔ w’ahosiesie a edi kan no mu.
Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere
3 Wɔde Adammisa nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ Adammisa kratasin no bi, fa ma asafo no ɔkyerɛwfo ma ɔnhwɛ mu sɛ woahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ SƐ wɔde Adammisa nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
4 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere yi ma wɔn no kae sɛ ɛmfata sɛ wobebu wɔn ani agu afiewuranom no ahɔhoyɛ so ahwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔatra hɔ aboro nna a wɔakyerɛ wɔ Adammisa kratasin no so no. Wɔde adan yi ma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn afiewuranom no fie, na ɛnsɛ sɛ wotu wɔn afiewuranom no nneɛma pasam hɔ anaasɛ wɔsɛe no anaasɛ wɔkɔ ofie no mmeae a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
Ahiade Atitiriw
5 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsiesiei yi ma adawurubɔfo a wɔyɛ nhwɛso pa ne wɔn mma a wɔnyɛ basabasa, a Asafo Ɔsom Boayikuw no pene wɔn so nkutoo. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw kɔ wɔn asafo nhyiam horow no yɛ nhyehyɛe de hwɛ wɔn sen sɛ wɔbɛdan asɛyɛde yi ato ɔmantam nhyiam no so ahwɛfo so. Mpanyimfo ne afoforo a wonim onii no nsɛm tebea no betumi afi ɔdɔ mu aboa. Eyi taa hwehwɛ sɛ adawurubɔfo dwen wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden ne ebia afoforo ahiade ahorow ho. Adawurubɔfo betumi aboa denam saafo a wɔde wɔn bɛka wɔn ho, anaasɛ wobedi wɔn ahiade ahorow ho dwuma wɔ akwan foforo so no so.—Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18.
6 Nokwarem no, Dabere Dwumadibea no bɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no asafo mufo ntumi mmoa wɔn a, wɔbɛma wɔn dabere a ɛfata. Saa adawurubɔfo yi betumi ne asafo no ɔkyerɛwfo asusuw wɔn tebea no ho. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw ho hwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa saafo no ma wɔadi wɔn ankasa dabere ho dwuma anaa. Sɛ asafo no ntumi mfa mmoa a wohia no mma a, onii a ɔhwehwɛ dabere no bɛhyehyɛ Adammisa kratasin no na wasan de akɔma ɔkyerɛwfo no ma wahwɛ mu sɛ wahyehyɛ awie, wahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ, na wahwehwɛ nsɛm tebea horow a ɛma onipa no fata saa mmoa no mu. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de tebea no ho NKYERƐKYERƐMU FEFEEFE ma wɔ krataa a wakyerɛw mu. Ɛsɛ sɛ odi kan yɛ eyinom nyinaa to hɔ koraa ansa na nhyiam no adu so. Afei ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmena Dabere Dwumadibea no. Wɔbɛkyerɛw onii no tẽẽ aka dabere no ho asɛm akyerɛ no.
7 Sɛ wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no du nhyiambea hɔ pɛ a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw muni biako anaa ɔpanyin foforo boa wɔn de wɔn kɔ Dabere Dwumadibea hɔ kogye wɔn dabere.
8 Wo Mmoa Ho Hia: Sɛ dabere ho nhyehyɛe yi betumi ayɛ yiye a, gye sɛ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa boa. (Heb. 13:17) Enti, yɛreka akyerɛ obiara sɛ ɔmmoa Asafo ti no dabere nhyehyɛe no nkosi ase na ɔntra faako a wɔde ama no no na yɛakwati nkyereso.
Faako a Wobɛkɔ
9 Ɛkame ayɛ sɛ baabi a wɔkyerɛ sɛ kɔ nhyiam no ne nea ɛbɛn mo asafo no. Wɔde nkongua, nhoma, ne dabere ne nea ɛkeka ho a yebenya no gyina adwene a ɛne sɛ adawurubɔfo dodow no ara bɛkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo nkɔ no so. Wɔaka baabi a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no ho nsɛm pii wɔ krataa yi kratafa 6. Enti, ɛho hia sɛ asafo biara bɔ mmɔden sɛ wobedi nhyehyɛe a wɔaka ho asɛm no so. Nkurow akɛse mu asafo ahorow titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.
10 Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ na ama adwuma a edi nhyiam no anim ne nea wɔyɛ wɔ akyi no so atew no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ nkurow akɛse mu anuanom sɛ wɔnkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu no nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow foforo mu a, ɛrenhaw yɛn. Wɔma kwan sɛ anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ, a ɛno nti dwumadi no afã horow pa wɔn ti so no betumi akɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, wɔama eyi ho kwan.
11 Wɔ nkuraa ase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre ho asɛm bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔkɔ nhyiam no mu.
12 Tamale Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam horow no mu nea etwa to wɔ Tamale fi January 5 kosi 7, 1996. Wɔbɛka Frafra ne Twi, sɛnea yɛyɛe wɔ bere a atwam mu no. Wɔhyɛ anuanom a wofi ɔman no anafo a wobetumi akɔ nhyiam yi bi no nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Sɛ Asafo ti no bɛyɛ lɔre ho nhyehyɛe titiriw ama afe yi akwantu no nso a, wɔbɛbɔ mo amanneɛ wɔ bere a ɛsɛ mu. Yɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Tamale no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
Nhyiam no Ho Nsɛm Foforo
13 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani sɔ boa a moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam mu no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne nea ɛkeka ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ nhyiam kurow no ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe akɔyɛ adwuma yi bi akosi ase wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Yebehia nnipa pii a wobetu wɔn ho ama ayɛ adwuma wɔ nhyiam no ase nso, enti yɛ nhyehyɛe na wo ne w’abusua anya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
14 Nhyiam Badge ne Nea Wɔde Hyem: Wɔrebɔ asafo biara amanneɛ sɛ wɔmfa “Literature Request Form” (S-14) nkra “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam horow no badge ne rɔba a wɔde hyem no bi. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhu sɛ mobɛhyehyɛ kratasin a wɔde kra no de biako abrɛ Asafo ti no NTƐM ARA na ama wɔadi mo nhyiam no ho ahiade ho dwuma bere pa mu. Ɛsɛ sɛ moma ɛtra mo adwenem sɛ wɔrentɔn lapel badge ne nea wɔde hyem no wɔ nhyiam horow no ase.
15 Nnwom: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛbɛto wɔ dwumadi no mu, na yɛbɛto no sɛnea edidi so yi: 57, 33, 72, 3, 183, 148, 107, 38, 152, 106, 191, 42, 61, 200, 155, 85, 217, ne 45. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no na ama ɛne afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 no ahyia.
16 Dwumadi no a Wɔkyere Gu Kasɛt So anaa Wɔde Video Twa: Asafo ti no renyɛ nsiesiei a ɛbɛma wɔakyere dwumadi no anaa drama no agu kasɛt so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔkyere dwumadi no gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase adwene anaasɛ ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no.
17 Awiei: Yɛn nsa bɛka ɔkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛ pii a ɛbɛma yɛayi Yehowa ayɛ pii wɔ yɛn “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam horow no ase. Wɔnam ɔkasa ahorow, ɔyɛkyerɛ ahorow, ne drama ne osuahu ahorow a wɔbɛka akyerɛ yɛn so na ɛde eyi bɛma. Ɛmmra sɛ Yehowa somfo biara bɛyɛ nhyehyɛe mprempren na ama watumi akɔ “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam horow no nnansa no nyinaa fi bere a yɛbɛto dwom a yɛde bebue ano akosi mpaebɔ a yɛde bɛpɔn Kwasida anwummere no so.
[Kratafa 6 adaka]
1995 “AYEYIFO A WƆWƆ ANIGYE” ƆMANTAM NHYIAM HOROW
Nna ne Mmeae a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ
NNA KUROW KASA AMANSIN A ƐSƐ SƐ WƆKƆ
Dec 15-17, 1995 Accra “A” Twi 19A, 26
Box B-52, TEMA
Kpando Ewe ne Twi 4, 5A, 5B, 12B, 19B, 29
Box 144
Obuasi Twi 11, 20A, 20B, 31
Box 89
Sunyani Twi 8, 21, 32
Box 1530
Winneba Twi/Fanti 18, 28
Box 11
Dec 22-24, 1995 Accra “B” Ga ne 1, 2B, 25, 34
Engiresi kasa
Kade Twi 13, 23 (Asamankese
Box 64 mpɔtam hɔ), 30
Kumasi “A” Twi 10, 27A
Box 8393
Mampong Ashanti Twi 7, 21 (Nkoranza/
Box 45 Kintampo mpɔtam hɔ)
Takoradi “A” Twi/Fanti ne 17A, 17B, 24B, 28 (Cape
Box 055 Engiresi kasa Coast/Elmina mpɔtam hɔ)
Dec 29-31, 1995 Accra “C” Twi ne Ewe 2A, 3B, 33
Koforidua Twi ne Krobo 3A, 14, 15, 23
Box 192
Kumasi “B” Twi ne 22, 27B, 35
Engiresi kasa
Nkawkaw Twi 9, 12A
Box 67
Takoradi “B” Twi/Fanti 16, 24A
Jan 5-7, 1996 Tamale Twi ne Frafra 6A, 6B, ne afoforo
Box 128 a wobetumi akɔ nyinaa