Yehowa Adansefo 1993 “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam
1 Nnipa 106,514 a wɔkɔɔ 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam nhyiam horow no wɔ Ghana no nyinaa maa hokwan a wɔanya resom sɛ hann kurafo wɔ wiase a aduru sum mu no ho anisɔ yɛɛ kɛse. (2 Pet. 1:19) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yenyaa adɔfo 1,792 ma wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne, na wɔbɛkaa hann kurafo dɔm kɛse no ho! Sɛ hann kurafo betumi atu mpɔn a, ehia sɛ wosuasua yɛn Kyerɛkyerɛfo a Ɔsen Biara no ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no. Nokwarem no, yɛwɔ nkrasɛm a “mfaso wɔ so,” na afe yi “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no bɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn wɔ asɛm a ɛho hia yi a yɛbɛma adu nkurɔfo komam no mu. (Dw. 119:160; Mat. 28:20) Asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ wiase nyinaa afi ase dedaw reyɛ nhyehyɛe akɔ nhyiam horow yi wɔ aman a wofi mu mu. So wo ne w’abusua reyɛ nhyehyɛe a ɛte saa? Dɛn nti na wonhyɛ wo Bible asuafo nkuran sɛ wɔnkɔ honhom mu apontow dɛdɛ yi ase?
2 Hwɛ hu sɛ wode ahwɛyiye ne mpaebɔ bɛyɛ nhyiam a wobɛkɔ no ho nhyehyɛe yiye na ama woatumi akɔ ase akotie nnanan honhom fam dwumadi dɛdɛ no nyinaa, efi dwom a wɔde bebue ano kosi mpaebɔ a wode bewie no so. Fi ɔdɔ mu fa wɔn a ebia wobehia mmoa, ne titiriw anigyefo, ka wo nhyehyɛe ahorow ho, na ama wɔn nso wɔakotie dwumadi no mu biara. (Gal. 6:10) Wobefi dwumadi no ase Yawda awia 1:20 na wɔapɔn bɛyɛ anwummere 5:00. Fida ne Memeneda no, wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:20 na wɔde dwom ne mpaebɔ apɔn bɛyɛ anwummere 5:00. Wobefi Kwasida anɔpa dwumadi no ase 9:20, na wɔapɔn saa da no dwumadi bɛyɛ anwummere 4:10. Amanneɛbɔ a edidi so yi bɛboa wo wɔ ahosiesie a wobedi kan ayɛ no mu.
3 Faako a Wobɛkɔ: Wɔkyerɛ sɛ ɔmansin biara anaa, faako a ehia no, ne fã bi, mmɔ mmɔden biara a wobetumi nkɔ ɔmantam nhyiam a ɛbɛn wɔn sen biara no. Wɔaka eyi ho nsɛm wɔ krataa yi kratafa 6. Wɔde nkongua, nhoma, aduan, dabere ne nea ɛkeka ho a ɛdɔɔso a yebenya no agyina adwene a ɛne sɛ adawurubɔfo no mu dodow no ara bɛkɔ nhyiam no wɔ faako a wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo nkɔ no so. Enti, wɔhyɛ asafo ahorow nyinaa nkuran sɛ wonni nhyehyɛe a wɔayɛ no so. Nkurow akɛse mu asafo ahorow titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.
4 Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ adapɛn awiei a ɛtoatoa so no mu a, ebia anuanom binom bɛpɛ sɛ wɔkɔ n’abien nyinaa. Ɛwom sɛ saayɛ betumi ama wɔanya hokwan ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛma ɔhaw ahorow sɔre wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw a yɛwɔ sɛ yɛbɛma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow ayɛ nea ɛsɛ, na yɛnam saayɛ so ama adwuma a edi nhyiam anim no so atew no nyɛ hɔ. Enti, yɛsrɛ sɛ nkurow akɛse mu anuanom nkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow foforo mu a, ɛrenhaw yɛn. Ebia wɔbɛpaw anuanom binom ma wɔayɛ nhyiam no ho nnwuma bi a egye ntɛmpɛ, ma enti ebia wɔrentumi ntie dwumadi no afã horow bi. Wɔma saafo kwan sɛ wobetumi akɔ nhyiam a ɛto so abien no wɔ kurow kɛse koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa bi a anuanom binom nte nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam no wɔ kurow a ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo no nkɔ wom no mu a, wɔbɛma eyi ho kwan.
5 Wɔ nkuraa ase asafo ahorow bi fam no, ebia nneɛma te sɛ kasa, lɔre a wobenya, ne ɔkwan no tenten bɛma ayɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ hɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, ebia Kasoa ne Nyanyanu Asafo ahorow no bɛpɛ sɛ wɔkɔ Accra “A” anaa Accra “C” nhyiam no sen sɛ wɔbɛkɔ Swedru. Wɔkyerɛ nso sɛ Ɔmansin 12B mu asafo ahorow no bi nkɔ nhyiam no wɔ Accra de, nanso ebia ebinom behu sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛkɔ Hohoe nhyiam no. Saa asafo ahorow no betumi apaw nea wɔpɛ. Enti sɛ asafo bi si gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo, na ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ na amma wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no.
6 Dabere: Wɔde Adammisa nkratasin remana asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ Adammisa kratasin no bi na fa mana faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ SƐ wɔde Adammisa nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa afoforo biara mana baa dwumadibea no wɔ Accra.
7 Ahiade Atitiriw: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsiesiei yi ma adawurubɔfo a wɔyɛ nhwɛso pa ne wɔn mma a wɔnyɛ basabasa a Asafo Ɔsom Boayikuw no gye wɔn tom saa nkutoo. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no wom na wɔyɛ nhyehyɛe de hwɛ saafo wɔ beae a wɔbɛkɔ no. Mpanyimfo ne afoforo a wonim onii no nsɛm tebea betumi afi ɔdɔ mu aboa. Eyi taa hwehwɛ sɛ adawurubɔfo dwen wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, ne ebia afoforo ahiade ahorow ho. Adawurubɔfo betumi aboa denam saafo a wɔde wɔn bɛka wɔn ho, anaa wobedi wɔn ahiade ahorow ho dwuma wɔ akwan afoforo so no so.—Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18.
8 Nokwarem no, Dwumadibea a ɛhwɛ Dabere so bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade atitiriw no dabere a ɛfata, sɛ wɔn asafo no mufo ntumi mmoa wɔn a. Adawurubɔfo yi betumi ne wɔn asafo no ɔkyerɛwfo asusuw wɔn tebea no ho. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw ho hwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa saafo ma wɔadi wɔn dabere a wɔn ankasa hia no ho dwuma. Sɛ asafo no antumi amfa mmoa a wohia no amma a, ɔkyerɛwfo no betumi de Adammisa kratasin no bi ama saafo no. Ɛsɛ sɛ onii a ɔhwehwɛ dabere no hyehyɛ na ɔsan de kɔma ɔkyerɛwfo no ma ɔhwɛ hu sɛ wahyehyɛ awie, wahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ, na ɛyɛ nokware sɛ onipa no nsɛm tebea ma ɔfata ma mmoa a ɛte saa. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw kratasin no so “Special Needs.” Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa de KYERƐKYERƐ tebea NO MU PEFEE. Afei ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmana Dwumadibea a ɛhwɛ Dabere so no. Ɛsɛ sɛ odi kan yɛ eyinom nyinaa bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Sɛ wodu nhyiambea hɔ pɛ a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni biako boa wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no wɔ wɔn dabere ho.
9 Aduannoa: Wɔbɛnoa nnuan pa a ɛho adwumayɛ nyɛ den de adi ɔkwantiaa so aduannoa nhyehyɛe no so. Asafo ti no ani sɔ mo mmoa wɔ nhyiam horow a atwam ase no, na wɔhyɛ mo nkuran sɛ monkɔ so ntɔ honam fam aduan a wɔde bɛma wɔ beae a wɔnoa aduan no nni.
10 Tamale Nhyiam: Wɔbɛyɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no biako wɔ Tamale fi January 13-16, 1994. Sɛnea wɔyɛ daa no, wɔbɛyɛ bɔs ho nhyehyɛe titiriw ama wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wofi Anafo ha kɔboa Tamale nhyiam no. Wɔbɛma asafo ahorow no ate nhyehyɛe no ho nsɛm pii akyiri yi. Atirimpɔw no ne sɛ yebedi adanse kɛse wɔ Tamale. Enti, wɔhyɛ wɔn a wɔbɛkɔ no nkuran sɛ wonni adanse a bɔnnɔ so adansedi ka ho bere a wɔwɔ Tamale no. Ansa na saa bere no bedu no, yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ no nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
11 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛwɔ ahotoso sɛ mubefi mo koma nyinaa mu aboa adwuma a edi nhyiam anim no sɛnea moyɛe wɔ bere a atwam no mu no. Yɛbɛbɔ pata, ahwehwɛ dabere ne ade, sɛnea yɛyɛ daa no. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ mumfi ase nyɛ nhyehyɛe mfi nnɛ sɛ mobɛyɛ adwuma a ɛho hia yi bi wɔ dapɛn no mu nna no bi mu nso na ɛnyɛ adapɛn awiei nkutoo. Afei nso, yɛhyɛ mo nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe na moanya adwuma a wotu ho ma yɛ wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase no mu kyɛfa.
12 Nhyiam Badge ne Nea Wɔde Hyem: Wɔrebɔ asafo biara amanneɛ sɛ wɔmfa 1991-1992 Literature Order Form (S-14) no nkra “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no badge ne rɔba a wɔde hyem no. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhu sɛ mobɛhyehyɛ nkratasin no de biako abrɛ Asafo ti no ntɛm ara na ama wɔadi mo nhyiam no ahiade ahorow ho dwuma wɔ bere pa mu. Momma ɛntra mo adwenem sɛ wɔrentɔn lapel badge ne nea wɔde hyem no bi wɔ nhyiam horow no ase.
13 Nnwom: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛbɛto wɔ dwumadi no mu, na sɛnea ebedidi so ni: 91, 59, 111, 148, 191, 113, 114, 164, 183, 166, 156, 202, 105, 151, 181, 70, 42, 106, 53, 79, 85. Wɔhyɛ mo nkuran sɛ monto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no.
14 Kasa a Wɔkyere Gu Afiri So Anaasɛ Video Mfoninitwa: Sɛnea ɛte wɔ bere a atwam no mu no, Asafo ti no renyɛ nhyehyɛe biara a ɛbɛma wɔakyere dwumadi no anaa drama no agu kasɛt so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara a wɔpɛ sɛ wɔkyere dwumadi no gu afiri so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase anaa ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden nkanea ne akasam nhama no. Yɛn ani bɛsɔ eyi a mubedi so no yiye.
15 Awiei: Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa Yehowa Adansefo nyinaa wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebedi yɛn ɔkyerɛkyerɛ ahyɛde no so mu no, Yehowa nam n’ahyehyɛde so ayɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam horow ama yɛn. Wobefi saa nnanan nhyiam horow yi ase wɔ ɔman yi mu Yawda, December 23, 1993, na aba awiei Kwasida, January 16, 1994. Ɛmmra sɛ Yehowa akoa a wahyira ne ho so ne onigyefo biara bɛhwɛ ahu sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔbɛkɔ nhyiam horow yi biako, obedu hɔ ayɛ komm fi dwom a wɔde bebue ano Yawda awia no so kosi sɛ wɔbɛbɔ mpae a wɔde pɔn Kwasida awia no.—Fa toto Deuteronomium 31:12 ho.