Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/93 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1993
Yɛn Ahenni Som—1993
km 6/93 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. Baabi a wɔankra bi no, wobetumi de nsɛmma nhoma abien ne brochure biara (gye Sukuu brochure no) ama. July: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. August: Happiness—How to Find It anaa Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.

◼ Ɛho hia sɛ akuw a nnipa 30 anaa nea ɛboro saa wom a wɔreyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel no di kan kyerɛw baa dwumadibea no. Yɛsrɛ sɛ monkyerɛ nnipa a wɔreba no dodow ne da a wɔbɛba no. Mubetumi ahu eyi ho nsɛm pii wɔ February 1993 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3.

◼ Mprempren Asafo ti no retintim 1986 besi 1991 Engiresi kasa mu Watchtower bound volume ahorow sɛ nhoma a wobetintim no bere nyinaa. Obiara a n’ani gye ho sɛ obenya bi no mfa asafo no so nkra. Engiresi kasa mu Watchtower bound volume ahorow a ɛbɛba akyiri yi, ne 1992 de no nso bɛyɛ nhoma a wobetintim no bere nyinaa, na wobetumi akra wɔ bere biara a wɔpɛ mu. Yɛsrɛ sɛ monkae sɛ bound volume ahorow no yɛ nhoma a wɔmfa mfiri.

◼ Wɔayi nhoma afoforo a wɔde agu kɔmputa diskette so adi: New World Translation of the Holy Scriptures—With References/Insight on the Scriptures. Nea ɛwom ne New World Translation ne Insight apo abien no nyinaa. Ɛwɔ Engiresi kasa nkutoo mu. (Anuanom betumi anya ho nsɛm pii wɔ Yɛn Ahenni Som yi Engiresi kasa mu de no mu.)

◼ Asafo ti no reyɛ biribi a wɔfrɛ CD-ROM a wɔnam kɔmputa so de bedi dwuma. Eyi ma obi tumi hu New World Translation, Insight po ahorow, The Watchtower a efi 1950 besi 1993, ne yɛn nhoma afoforo pii mu nsɛm wɔ kɔmputa so. (Anuanom betumi anya ho nsɛm pii wɔ Yɛn Ahenni Som yi Engiresi kasa mu de no mu.)

◼ Ɔkasa a etwa to wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase mu no, wɔkae sɛ wɔbɛyɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no biako wɔ Cape Coast. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ wɔasesa beae no ayɛ no Agona Swedru sɛnea wɔaka wɔ krataa a ɛhyɛ June 1993 Yɛn Ahenni Som mu mu no.

◼ Afe yi wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no mu ɔkasa ahorow no bi wɔ Krobo kasa mu wɔ Koforidua nhyiam no ase na yɛn nuanom a wɔka Krobo kasa no anya mu mfaso. Saa ara nso na wɔbɛma yɛn nuanom no bi ama ɔkasa ahorow no bi wɔ Frafra kasa mu wɔ Tamale nhyiam no ase.

◼ Sɛnea wɔkae wɔ August 1992 Yɛn Ahenni Som mu no, asafo biara mu ɔkyerɛwfo na obedi ɔmantam nhyiam ho nsɛm ho dwuma. Sɛ onni hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔpaw ɔpanyin foforo a ɔfata ma ɔyɛ nnwuma yi.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu June 1 anaasɛ wɔ ɛno akyi pɛɛ. Sɛ wowie a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ.

◼ Nhoma Ahorow a Ebi Asan Aba Bio:

Engiresi: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (Ketewaa); Defending and Legally Establishing the Good News. Twi: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So (Ketewaa).

◼ Kasɛt Foforo a Ɛwɔ Hɔ:

English: Jehovah’s Judgment Against Law-Defying People; Preserving Life in Time of Famine (Drama; kasɛt biako).

◼ Video Kasɛt a Ɛwɔ Hɔ:

Engiresi: Purple Triangles.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena