Asemmisa Afã
◼ So afei de wɔma kwan sɛ yenkyia nnipa a wɔatu wɔn anaa yɛne wɔn mmɔ?
April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 20-25 kaa nhyehyɛe foforo bi a ɛne nnipa a wɔatu wɔn ne wɔn a wɔatwe wɔn ho a wɔnkasa ntia ahyehyɛde no a mpanyimfo no bɛkɔ akɔsra wɔn afe afe, a adwene no ne sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔasan aba Yehowa ahyehyɛde no mu ho asɛm. So eyi kyerɛ sɛ afei de, asafo no mufo a mpanyimfo ka ho, betumi akyia saafo anaa wɔne wɔn abɔ na wɔne wɔn ayɛ Bible adesua?
Ɔwɛn-Aban a wɔatwe adwene asi so no ka wɔ kratafa 22 sɛ: “Ebia kan nnamfo ne abusuafo benya anidaso sɛ nea wɔatu no no bɛsan aba; nanso obu a wɔwɔ ma ahyɛde a ɛwɔ 1 Korintofo 5:11 no nti, wɔne obi a wɔatu no mmɔ. Wogyaw ma nguanhwɛfo a wɔapaw wɔn no sɛ wɔn na wɔnhwɛ sɛ saa onni no ani gye ho sɛ ɔbɛsan aba anaa.” Sɛ anka asafo no mufo ne obi a wɔatu no bɛkasa anaa wɔbɛboa no wɔ honhom fam no, wɔbɛyɛ wɔn ade ma ɛne ase hɔ asɛm a ɛwɔ kratafa 23 no ahyia: “Sɛ Ɔdansefo bi nam afie afie asɛnka anaa ɔkwan foforo bi so te sɛ obi a wɔatu no te asasesin no mu a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ.”—Tito 3:10, 11; 1 Tim. 1:19, 20.
Pɛnkoro wɔ afe no mu, mpanyimfo kuw no bɛma wɔn mu baanu akɔ wɔn a wɔatu wɔn a wɔte asafo no asasesin mu a wɔda ɔpɛ adi sɛ wɔbɛsan aba Yehowa ahyehyɛde no mu no nkyɛn. Wɔkae mpanyimfo mpo sɛ eyi nyɛ ‘nsrahwɛ bi kɛkɛ.’ Wɔrenkɔ obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne a anibere wom anaa ɔda ɔkasatia su a ɛyɛ hu adi nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ wɔ wɔn a ɛte sɛ nea wɔanu wɔn ho mpo fam no, akwankyerɛ no ne sɛ ɛwom sɛ wobetumi ama no nhoma sɛnea ɛfata de, nanso ‘mpanyimfo no renkɔ onipa a wɔatu no no nkyɛn daa na wɔne no renyɛ adesua.’ Sɛ onii no da no adi sɛ onni Bible mu nimdeɛ anaa ɔnte nsɛm ase a, bere a wɔasan agye no akyi no, mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe ma Ɔdansefo a ne ho akokwaw (ebetumi ayɛ ɔpanyin bi) ne no asua ade.—Fa toto Yɛn Som Adwuma, nkratafa 103, 104; Yɛn Ahenni Som, May 1987, Asemmisa Afã ho; hwɛ May 1981 Yɛn Ahenni Som Asemmisa Afã nso.
Nea yɛaka no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa ne nnipa a wɔatu wɔn anaa wɔatwe wɔn ho no di ma ɛne 1 Korintofo 5:9-13 ne 2 Yohane 9-11 hyia kosi sɛ wɔbɛsan agye saafo no. Eyi bɛboa ma yɛatew Yehowa ne ahyehyɛde no din ho, abɔ asafo no mufo ho ban na wiase yi “mmɔkaw dedaw” no angu wɔn ho fĩ, na akanyan nea wɔatu no no ma wanu ne ho asan aba.—1 Kor. 5:7; 2 Kor. 7:9, 10.