Kɔ “Onyankopɔn Dɔ” Ɔmantam Nhyiam No Ɔsram A Ɛreba No
1 Ɛyɛ nkate a efi awosu mu sɛ nnipa a wɔdɔ wɔn ho pɛ sɛ wɔne wɔn ho bɔ fekuw. Saa nkate yi mu yɛ den wɔ ahohia bere mu bere a mmoa ne nkuranhyɛ ho hia titiriw. Ɛnde, sɛ Yehowa nkurɔfo no, hwɛ fata a ɛfata sɛ yɛbom hyia bere biara a yebenya hokwan wɔ mmere a emu yɛ den yi mu! (Heb. 10:23-25) Na hwɛ fata a ɛfata nso sɛ yɛkɔ, bere a nhyiam yi asɛmti ne “Onyankopɔn Dɔ”! Wɔadi kan akyerɛ nkurow awotwe a wɔbɛyɛ “Onyankopɔn Dɔ” Ɔmantam Nhyiam Horow no wɔ so ɔman yi mu ɔsram a ɛreba no mu.Yɛn ani begye sɛ yebehu obiara a ɔdɔ Yehowa wɔ hɔ, ɛnte saa anaa? (1 Yoh. 5:3) Sɛnea ɛbɛyɛ na woahu nhyehyɛe a wobɛyɛ, nea ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan ne nea wobɛyɛ no, yɛreda nsɛm a edidi so yi adi.—1 Kor. 14:40.
2 ADANHWEHWƐ: Adan a wɔhwehwɛ ma nnipa mpempem a wɔkɔ ɔmantam nhyiam yɛ adwuma kɛse bere nyinaa. Anuanom a wɔde nokwaredi yɛ adanhwehwɛ adwuma ani gye sɛ wɔbɛyɛ eyi afe biara de aboa wɔn a wɔkɔ. Yɛn mu bebree kae adapɛn pii a yɛde kɔɔ afie afie a na yɛrehwehwɛ adan ama nhyiam akɛse bere a anuanom pii baa nhyiam wɔ yɛn kurom. Anuanom a wɔbɛyɛ nhyiam wɔ wɔn kurom no nso bɛyɛ saa ara afe yi, na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn mmɔdenbɔ ho anisɔ denam adan a wobenya ama yɛn a yebegye no so, sɛ ebia ɛwɔ obi fie anaa ɛyɛ sukuu dan mu, na yɛatra hɔ kosi sɛ nhyiam no bɛba awiei. Ampa, ebia eyi renyɛ sɛ yɛn ankasa yɛn fie. Nanso, anisɔ mu no, yebetumi atra hɔ nna kakra anya honhom mu nnepa a Yehowa wɔ ma yɛn wɔ nhyiam no ase no mu anigye.—Deut. 16:13-15.
3 NNEƐMA TITIRIW BI A ƐHO HIA: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ abisade titiriw bi no de kɔma wɔn a wɔhwɛ adanhwehwɛ so no ma wosusuw ho. Nanso henanom na ɛsɛ sɛ wɔde abisade titiriw bi kɔ? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ ahoɔden a wotumi nantew. Ɛnyɛ ɛnanom a wɔwɔ mmofra, na mmom wɔn a wonni ahoɔden a ɛho hia sɛ wɔboa wɔn. Bere a anka ɛbɛyɛ fɛ sɛ wɔma anuanom dan wɔ mmeae a ɛbɛn nhyiam ase no, eyi ntumi nyɛ yiye esiane sɛnea adan ho asɛm te wɔ ɔman yi nyinaa mu nti. Eyi nti na mo mmoa ho hia wɔ asɛm yi mu.
4 KAFETERIA: Esiane aduan bo a ɛyɛ den nti, nhyiam so ahwɛfo yɛ kafeteria ho nhyehyɛe na aboa wɔn a wɔkɔ nhyiam no. Wɔhyɛ obiara nkuran na wakodidi wɔ hɔ. Wosiesie aduan pa a ne bo ye wɔ kafeteria hɔ. Yɛsrɛ obiara na ɔde ne kyɛnsee a obedidi mu aba. Na ɛsɛ sɛ mohwɛ so yiye na anyera.
5 Wɔbɛtɔn tekit a wubetumi de atɔ aduan biara wɔ nhyiam ase wɔ hɔ. Wubetumi atɔ dodow a wopɛ, na ɛsã a woatɔ bi aka ho. Sɛ tekit no bi ka wɔ nhyiam no awiei a, wubetumi de eyi akɔ faako a wɔtɔn nhoma de akogye nhoma.
6 NHYIAM ASE ADWUMAYƐ: Sɛ́ wubetumi asom wo nuanom wɔ nhyiam ase no yɛ hokwan kɛse a anigye wom. Esiane sɛ dwumadi pii kɔ so wɔ nhyiam ase nti, wo ho a wode bɛma bɛyɛ nea ɛsɔ ani yiye. Esiane sɛ yɛn nyinaa kɔ nhyiam sɛ yekonya honhom mu nneɛma a wɔasiesie ama yɛn nti, sɛ yɛn nyinaa so nnwuma a ɛho hia wɔ nhyiam ase no mu a, ɛbɛma yɛn nyinaa anya ho mfaso. Enti, yɛhyɛ wɔn a wobetumi de wɔn ho ahyɛ adwuma bi mu no nkuran ma wɔde wɔn ho ama wɔ baabiara a mmoa ho hia, denam mo nhyiam ho dwumadi sohwɛfo no so, na moatumi anya anigye a efi ɔma mu ba no bi.—Aso. 20:35.
7 ASƐNKA ADWUMA: Nhyiam horow a atwam ase no yɛde Fida anɔpa kɔ asɛnka. Afe yi de yɛde awiabere no nyinaa bɛka yɛn gyidi akyerɛ wɔ adansedi mu. Eyi kyerɛ sɛ, awiabere no wudidi wie a, wubenya efi saa bere no nyinaa de akɔ asɛnka. Nhyehyɛe pa bɛn ni! Eyi bɛma OBIARA, ada ne dɔ adi ɔkwan bi so wɔ adansedi mu, a ayarefo mpo ka ho. Mma hokwan yi mpa wo ti so. Fi ase yɛ nhyehyɛe sɛ wubenya mu kyɛfa.
8 ASUBƆ: Asubɔ no bɛba Memeneda. Yɛwɔ anidaso sɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ asusuw nsemmisa 80 a ɛwɔ Nhyehyɛe nhoma no mu, ne ti a ɛto so asia ho, de asiesie wɔn ama adeyɛ a ɛho hia yi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobegye asubɔ no tra ase anɔpa wɔ baabi a wɔasiesie ama wɔn wɔ nhyiam no ase no na wotie asubɔ kasa no na wobua nsemmisa abien no. Ɛsɛ sɛ wɔde nea wɔbɛhyɛ de akɔ nsu no mu a sɛ ɛfɔw a ɛremma wɔn ho nna hɔ ne nea wɔde bɛpopa wɔn ho bere a wɔafi nsu no mu ba.
9 DWUMADI MMERE HOROW: Nhyiam no fi ase Yawda anɔpa 9:30. Na nna a aka no biara befi ase saa bere no. Yɛbɛpɔn Yawda 4:30 p.m., Memeneda bɛyɛ 5:00 p.m. na Kwasida bɛyɛ 4:30 p.m. Fida no, yebefi pata no ase 2:00 p.m. na yɛde bere a aka no akɔ asɛnka. Yɛ nhyehyɛe sɛ wubetie nea ɛbɛkɔ so no nyinaa denam tra a wobɛtra ase ansa na wɔde mpaebɔ afi ase anɔpa, na woatra hɔ kosi sɛ wɔde mpaebɔ bewie saa da no so. Eyi nso bɛkyerɛ ɔdɔ ne anisɔ a wowɔ ma Yehowa ne nhyehyɛe a ɔnam ne Ba, Yesu Kristo so ayɛ no.
10 BADGE A WƆDE BƆ KOKO SO: Hwɛ sɛ wobɛbɔ wo badge no de ada wo ho adi na wode abɔ nhyiam no ho dawuru. Gye eyi wɔ w’asafo mu. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo hwɛ sɛ wɔakra bi na wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no de adi dwuma.
11 SUBAN PA WƆ ƆDƆ A WUYI ADI KYERƐ MU: Yehowa Adansefo wɔ abrabɔ pa ho din pa wiase nyinaa. Wɔn a wɔsɔre tia mpo aka abrabɔ pa a yɛwɔ ho asɛm bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkasa atia adwuma pa a yɛyɛ no. Yɛn suban pa no de ayeyi brɛ Yehowa na ɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma no ne yɛn yɔnkonom adi.—Mat. 22:37, 38; 1 Kor. 10:31.
12 Wɔ afie a agya anaa ɛna no nni nokware no mu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ mu no yi suban pa adi denam anifere kwan a wɔnam so ka nhyehyɛe a wɔbɛyɛ de akɔ nhyiam ho asɛm no so. Ebia wɔnam wɔn abrabɔ pa no so benya nea onnye nni no. (1 Pet. 2:12; 3:1, 2) Baabi a ɔsɔretia wɔ mpo no, nea wɔaka wɔ Mmebusɛm 25:15 no betumi aba mu. Eyi nso bɛyɛ ɔdɔ adi a yeyi kyerɛ yɛn abusuafo.
13 Bere a yɛrekɔ nhyiam kurow no mu no, yebetumi ayi su koro no ara adi akyerɛ wɔn a yehyia wɔn kwan so no. Bere a wohu sɛnea yɛbɔ yɛn bra no,ɛbɛkanyan wɔn adwene na wɔabehu sɛ yɛwɔ Onyankopɔn honhom na yɛresow n’aba.—1 Kor. 14:23-25; Gal. 5:22, 23.
14 Baabi a wɔbɛsoɛ yɛn wɔ nhyiam kurow no mu no, sɛ ɛyɛ obi fie oo, sukuu mu oo, yɛpɛ sɛ yɛnam yɛn nneyɛe so kyerɛ sɛ yɛyɛ Yehowa nkurɔfo. Yebesusuw wɔn a yɛne wɔn te no ho, a yɛnyɛ dede na mmom yɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ ma ɛho tew. Adeyɛ a ɛte saa maa ɔmanhene bi ho dwiriw no ma na onhu nea ɔnka wɔ anuanom ho wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ ne kurom no ho. Ɛkaa no maa ɔkae sɛ: “Mo ho yɛ fɛ, mo ho tew.” Eyi de ayeyi brɛ Yehowa, na ɛma ne koma ani gye. Yɛbɛka nneɛma a yesua no ho asɛm nso akyerɛ afoforo anifere kwan so.—Mmeb. 27:11; Heb. 13:16.
15 Yɛkɔ nhyiam no na ‘yɛatwetwe yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Ne saa nti yɛpɛ sɛ obiara ‘susuw ne yɔnko ho.’ Yɛrempɛ sɛ yesusuw yɛn nkutoo de, na mmom ɔdɔ bɛma yɛahwehwɛ afoforo de bi. Enti sɛ ɛba nkongua a yebenya atra so fam a, yɛrennye nea ɛyɛ papa sen biara no mma yɛn ho ne yɛn abusuafo, a ebia na wonni hɔ saa bere no mpo. Yɛbɛpɛ sɛ yehu sɛ afoforo atra ase regye honhom mu nneɛma a efi asɛnka agua no so ba no. (Heb. 10:24; 1 Kor. 10:24) Yɛrempɛ sɛ yɛnantenantew bere a ɔkasa rekɔ so, na mmom yɛbɛtra ase komm atie, na yɛnam eyi so ayi ɔdɔ adi akyerɛ afoforo na yɛakyerɛ anisɔ wɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ama yɛn ma yɛn nsa aka nneɛma pa yi ho. Esiane sɛ biribiara wɔ ne bere nti, ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ wufi ase bɔ nkɔmmɔ, kotwitwa mfonini anaa woyɛ biribi foforo bere a ɔkasa no rekɔ so. Yɛbɛkɔ akodidi bere a adidibere adu, na yɛne nnamfo abɔ nkɔmmɔ bere a yɛapɔn. Eyi nso bɛyɛ ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ.—Ɔsɛnk. 3:1.
16 Yɛbɛma yɛn ani ada hɔ bere nyinaa ahwehwɛ akwan horow a yebetumi afa so aboa afoforo wɔ ɔkwan biara a yebetumi so, na yɛnam saa yɛ so ada ɔdɔ adi na yɛanya anigye kɛse.—Aso. 20:35.
18 NKONTAABU: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam wɔ Tamale ne Bechem no de wɔn asɛnka adwuma nkontaabu ma wɔn asafo horow bere pa mu na ɔkyerɛwfo no atumi ayɛ August nkontaabu ho adwuma de amana Asafo ti ansa na wɔakɔ nhyiam no. Wobetumi de adwuma a wɔbɛyɛ no nna a edi akyiri wɔ August mu no aka September nkontaabu ho. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ sɛ obuu akontaa July ne August mu de wiee ɔsom afe no. Mpanyimfo, yɛsrɛ mo monhwɛ mma wɔnyɛ eyi.
18 KƆKƆBƆ: Nhyiam no mu biara a mobɛkɔ no, monhwɛ sɛ mobɛtoto mo kar no mu bere NYINAA, a munnnyigyaw nneɛma wɔ kar no mu a nkurɔfo tumi hu. Momfa mo nneɛma nsisi mo nkyɛn a munnnyaw mma obi a mususuw sɛ ɔyɛ onua. Nnipa bɔne taa frafra dɔm mu di wɔn adwemmɔne ho dwuma. Enti monhwɛ yiye. Mommfa nneɛma a ɛsom bo nngugu nkongua so wɔ nhyiam no ase a obi nhwɛ.