Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JULY 6
15 min: Dwom 106. Asafo. mu nkaebɔ ahorow. Fa bere yi di biribi a ɛho hia wɔ asafo no mu ho dwuma na ɛho aba adawurubɔfo mfaso.
15 min: Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Horow a Wɔde Di Dwuma Yiye So.” Asɛm no ho nsemmisa ne mmuae. Ɔyɛkyerɛ: (1) asɛm tiaa a wɔka kyerɛ ofiewura a onni adagyew sɛnea wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 3; (2 asɛnka a ɛwɔ nkyekyem 5. Ma atiefo nka ɔyɛkyerɛ no mu nsɛntitiriw a ɛho baa wɔn mfaso ho asɛm.
25 min: “Kɔ ‘Onyankopɔn Dɔ’ amantam Nhyiam no Ɔsram a Ɛreba No.”
5 min: Dwom 83 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JULY 13
10 min: Dwom 55, asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.
15 min: “Onyankopɔn a Yebedi No Ni Aware Mu.” Ɔpanyin ne anuanom mmarima ne mmea, awarefo ne wɔn a wɔnyɛ awarefo, kuw bi bɔ asɛm no mu nsentiriw ho nkɔmmɔ. Munsua no yiye na nsɛm no mu ada hɔ yiye ama atiefo.
35 min:: Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ ɔfã yi ho nhyehyɛe, sɛnea asafo no ahiade te. Ɛho bɛba mfaso sɛ wɔde nneɛma a ɔmansin sohwɛfo twee asafo no adwene baa so wɔ ne nsrahwɛ a atwam no mu no bam. Wobetumi ama ɔkasa a egyina September 1, 1979, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm “Wo Dɔ Yɛ Nokware Dɛn?” wɔ nkratafa 3 ne 4 so. Fa nkɔmmɔ a wɔne adawurubɔfo baanu anaa baasa a ɛsono mfe a wɔn mu biara adiaɛ wɔanya akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa pɛn bɔ ka ho.
10 min: Ti nyansahyɛ ahorow a wɔde ama nhyiam yi ase no mu na hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa akwankyerɛ a wɔde ama nni dwuma. Ka dapɛn no mu adansedi nhyehyɛe ho asɛm. Dwom 70 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JULY 20
ASƐMTI: Ma w’ani Nnye Wo Mmerantebere Mu.—Ɔsɛnk. 11:9.
5 min: Dwom 91 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Wo ne mmofra dodow bi mmɔ Bible Stories nhoma mu nkɔmmɔ, Adesua 87 ne 94. Si mmofra afã wɔ nokware som mu so dua. Ma mmofra mmra asɛnka agua so na wo ne wɔn mmɔ asɛm no ho nkɔmmɔ sɛnea bere ma kwan. Ɛsɛ sɛ onua a ɔredi ho dwuma ne wɔn a wobenya mu kyɛfa di kan sua.
20 min: “Yɛn Ani Gye Yɛn Mmofra No Ho.” Fa ma ɔpanyin a ne ho akokwaw a ɔwɔ mma, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Ɛdenam nsemmisa a woahyɛ da apaw so no, wo ne atiefo nsusuw asɛm no ho. Fa toto mo nsɛm tebea ho. Fa March, 1980, Yɛn Ahenni Som mu asɛm “Mmofra—So Mode Mo Ho Hyem?” mu nsɛm pɔtee bi ka ho. Ɛsɛ sɛ mmofra de wɔn ho hyɛ asafo dwumadi ahorow mu sɛnea wobetumi. Ɛsɛ sɛ wonya boasetɔ. Mmofra a wɔwɔ asɔfo horow mu nnɛ na wɔbɛyɛ akwampaefo, asomfo ne awofo daakye. Ɛsɛ sɛ awofo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu boa mmofra a wobu wɔn sɛ asafo no mufo a wɔn ho hia. Fa asɛnka a yɛde di dwuma mprempren ho ɔyɛkyerɛ tiaa ka ho, na ma ɔdawurubɔfo a ɔrebɛn mpanyin afe so a ɔbɔ mmɔden nyɛ saa.
10 min: “Dɛn na Wohwehwɛ wɔ Asetra Mu?” Ɔkasa a efi Youth nhoma mu, ti 23, a ɔpanyin ma. Boa mmofra ma wonhu sɛnea bere yi ho hia, ne hia a ehia sɛ wonya nkɔso wɔ asɛyɛde ho dwumadi mu. Ɛsɛ sɛ wɔne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den na wɔde ahotoso hyia daakye. Hyɛ akwampaefo aboafo adwuma a wɔbɛyɛ wɔ sukuu akwamma bere mu ho nkuran.
10 min: Ti nyansahyɛ a wɔde ama nhyiam yi ase no mu na hyɛ asafo nkuran ma wɔmfa nni dwuma. Si ɔsom adwuma nhyehyɛe horow so dua. Dwom 92 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JULY 27
15 min: Dwom 46, Nkaebɔ Ahorow mu nsɛm a ɛfata, asafo mu nkaebɔ ahorow, Teokrase Nsɛmma Nsɛmma ne Nsemmisa Afã.
15 min: Wo ne mmofra dodow bi mmobɔ Bible Stories nhoma mu nkɔmmɔ. Adesua 90 ne 91. Fa hia a ehia sɛ yɛka yɛn gyidi ne Ahenni ho asɛmpa kyerɛ afoforo no nsɛm ka ho.
20 min: Momfa nsusuw nhyiam nsɛm ho. Kae anuanom ma wɔnyɛ nsentitiriw ho kyerɛwtohɔ wɔ nhyiam ase na wɔasusuw ho asafo nhyiam horow ase wɔ nhyiam no akyi.
10 min: Ti nhyiam yi mu nsɛntitiriw mu na hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa emu nsɛm a ɛho wɔ mfaso nni dwuma. Dapɛn no mu asɛnka adwuma ho nhyehyɛe. Dwom 107 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 3
10 min: Dwom 13 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
20 min: Asɛnka a Yɛnam so Bɛma Wɔakra Nsɛmma Nhoma. Wo ne atiefo nsusuw nsentitiriw a edidi so yi ho na ma wɔmfa nyansahyɛ ahorow mma: (1) Nkɔmmɔbɔ Asɛmti. “Ade Foforo Ho Bɔ a Onyankopɔn Ahyɛ,” ne kyerɛw nsɛm te sɛ 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:4, 5. (2) Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ asɛm a ɛne atifi hɔ de yi behyia na asasesin no mufo ani begye ho. (Asetra mu a ayɛ den. nsɛmmɔnedi, atesɛm krataa mu asɛm bi anaa asɛm bi a asi nnansa yi, ne ade.) (3) Ka Ɔwɛn-Aban foforo a aba mu nsɛm. Emu nsɛm bɛn na ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti hyia yiye? Oguamtrani ka asɛnka mu nsɛntitiriw bom twa no tiaa, na ɔhyɛ obiara nkuran sɛ onsiesie nea ɔbɛka wɔ fie na ɔmfa ne ho nhyɛ dwumadi atitiriw mu.
20 min: “Yɛ Wɔn a Wɔka Wo Ho Wɔ Gyidi No Mu Yiye.” Nsemmisa ne mmuae dwumadi. Nea wobetumi ayɛ de aboa ho nkyerɛkyerɛmu a atiefo de ma.
10 min: Twe asafo adwene kɔ asɛnka adwuma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ so. Dwom 92 ne mpaebɔ.