Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/82 kr. 3-4
  • “Ahenni Nokware” Bɛma Woade Wo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ahenni Nokware” Bɛma Woade Wo Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • FAAKO A WOBƐKƆ NHYIAM A WOBƐPAW
  • KAFETERIA NE NHYIAM TEKIT
  • ASƐNKA ADWUMA NE ASUBƆ
  • BADGE A WƆDE BƆ KOKO SO NE SUBAN PA
  • AHOFAMA DWUMADI
  • SO WOBƐKƆ?
  • Kɔ “Onyankopɔn Dɔ” Ɔmantam Nhyiam No Ɔsram A Ɛreba No
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Bra Na Bɛhwɛ Sɛnea Ahenni Biakoyɛ Di Dwuma!
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam Horow
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 7/82 kr. 3-4

“Ahenni Nokware” Bɛma Woade Wo Ho

1 Wɔn a wogyee no dii no Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “. . . na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yoh. 8:31, 32) Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu, ne nea ɛne onyansafo no asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 4:18 a ese “trenee kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee” no hyia no, wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔde honhom mu nkuranhyɛ ne dwumadi nhyehyɛe bi a ɛkanyan adwene bɛma wɔ afe yi “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam Horow no ase.

2 Yɛwɔ awerɛhyem sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no bɛsan de adwene akɔ nokwaredi mu a yebekura ama Yehowa wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no so, na bere koro no ara mu no wɔde nkuranhyɛ ama wɔ akokoduru a yɛde bɛbɔ ‘nokware’ a ɛwɔ N’Asɛm Bible no mu no dawuru no ho. (Mat. 24:45-47) Sɛnea ɛbɛyɛ na ayɛ mmerɛw ama obiara a ‘ɔdɔ nokware’ ma wakɔ no, wɔreyɛ nhyiam horow akron ho nhyehyɛe sɛnea edidi so yi:

August 19-22

Nkawkaw Box 67 Twi

Ho Box 77 Ewe, Twi

August 26-29

Nungua Box 22 Ga, Engiresi

Tamale Box 94 Twi September 2-5

Nungua Box 22 Twi, Ewe

Berekum Box 92 Twi

September 9-12

Kumasi

Box 629 Twi

Swedru Box Twi

Tarkwa Box 132 Twi

Afei nso, yɛde nsɛm a edidi so yi rema na moatumi ayɛ nhyehyɛe a mode bɛkɔ, na moatumi aboa afoforo nso ma wɔne mo akɔ.

FAAKO A WOBƐKƆ NHYIAM A WOBƐPAW

3 Mpɛn pii no, wobɛkɔ nhyiam a ɛbɛn mo asafo no, na, baabi a wɔreyɛ nhyiam abien anaa nea ɛte saa wɔ faako no, wobɛpaw bere ne kasa a wopɛ. Afe yi nhyiam horow no befi ase Yawda awiabere, 1:20 p.m. Da a edi kan dwumadi nhyehyɛe no bɛba awiei 4:50 p.m. Nna a aka no dwumadi nhyehyɛe no befi ase anɔpa 9:00 na aba awiei, aboro so koraa no, 4:20 p.m. Yɛ nhyehyɛe sɛ wubetie nhyiam no nyinaa denam tra a wobɛtra ase ansa na dwom a wɔde bue no afi ase, na woatra ase kosi sɛ wɔbɛbɔ mpae a wɔde pɔn saa da no so. Ɛdenam eyi a wobɛyɛ so no wobɛkyerɛ obu ne anisɔ ama Yehowa ne nhyehyɛe a wayɛ no.

4 Bere a woapaw nhyiam a wobɛkɔ no, ebia ade a edi hɔ a wubesusuw ho ne dabere. Anuanom a wɔwɔ nkurow a wɔbɛyɛ nhyiam wɔ so no mu no reyɛ nea wobetumi sɛ wobenya adan ama mo. Yɛwɔ anidaso sɛ wode wo adammisa krataa akɔma wɔn dedaw. Sɛ wonyɛe a, ɛnde woaka akyiri dedaw, nanso, bere koro no ara mu no, fa mana MPREMPREN, sɛ wobɛpɛ sɛ wɔhwehwɛ dan ma wo a. Ebia ɔdan a wobenya ama wo no renyɛ sɛ wo fie, nanso ɛbɛyɛ ayamye wɔ wo fam sɛ wubegye no nnannan a wowɔ nhyiam no ase no, Eyi bɛkyerɛ anisɔ a wowɔ ma ahɔhoyɛ su a ofiewura no ayi adi akyerɛ ne adwumaden a wo nuanom yɛe sɛ wobenya dan ama wo no. Wunnim nea Kristoni su pa a wubeyi adi akyerɛ wɔ asɛm yi mu no betumi akowie.​—Ɔsɛnk. 11:6.

KAFETERIA NE NHYIAM TEKIT

5 Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no nti, wɔbɛyɛ kafeteria ho nhyehyɛe wɔ nhyiam no ase. Wɔbɛnoa nnuan pa a ne bo kɔ fam. Ebehia sɛ wode wo kyɛnsee, kuruwa, atere ne ade ba, na wohwɛ wo ade so yiye.

6 Nhyiam no ase no, Nhyiam Tekit nkutoo na wɔde bɛtɔ aduan. Nanso, sɛ nhyiam no ba awiei a, wobetumi de Nhyiam Tekit biara a aka no atɔ aduan anaa nhoma. Bebree nso de tekit biara a wɔamfa antɔ aduan no gu ntoboa adaka mu.

7 Ɛnsɛ sɛ mokra Nhyiam Tekit. Sɛ biribi nti nsa anka no ntɛm a ebetumi ahaw. Wɔn a wɔba Baa Dwumadibea ha no betumi de sika atɔ bi wɔ ha. Ebia asafo no betumi asoma obi, te sɛ nhyiam ho nsɛm sohwɛfo no, ma wabɛtɔ Nhyiam Tekit dodow a wohia yi wɔ Baa Dwumadibea ha. Nanso eyi mpo ho nhia. Wɔde Nhyiam Tekit bebree bɛkɔ nhyiam no biara ase, a mubetumi atɔ nea muhia bere a moakodu hɔ no.

8 Daa akwampaefo a wofii ase ansa na February 1, 1982 reba anaa wofii ase saa bere no bedidi kwa wɔ nhyiam horow no biako ase. Wɔde wɔn Akwampaefo Adansedi krataa no bɛkyerɛ wɔ faako a wɔyɛ sika ho adwuma no de agye Nhyiam Tekit a wɔde bedidi. Mpanyimfo a wodi nhyiam no nhyehyɛe ho dwuma no bɛhwɛ tekit dodow a ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn wɔ nhyiam no biara ase, sɛnea aduan no ankasa bo te, a nneɛma afoforo nka ho. Akwampaefo atitiriw, ahwɛfo akwantufo ne Betel adwumayɛfo nso de wɔn adansedi nkrataa bɛkyerɛ wɔ faako a wɔyɛ sika ho adwuma no de akogye wɔn Nhyiam Tekit. Yɛpɛ sɛ yesi so dua sɛ aduan a wɔde ma anuanom a wɔde wɔn bere nyinaa som yi kwa no yɛ nhyiam biako pɛ ase. Sɛ obi reyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ nhyiam abien a ɛnde ɛsɛ sɛ osiesie ne ho sɛ ɔbɛtɔ n’aduan te sɛ obiara wɔ nhyiam a ɛto so abien no ase.

ASƐNKA ADWUMA NE ASUBƆ

9 Afe yi asɛnka adwuma no bɛyɛ bere a yɛapɔn Fida awiabere no. Yɛhyɛ mo nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya ‘Ahenni Nokware’ no a yɛbɛtrɛw mu wɔ nhyiam kurow no mu no mu kyɛfa yiye. Monyɛ aso ntie nkaebɔ ahorow a ɛfa eyi ho a wɔde bɛma wɔ nhyiam no ase no.

10 Asubɔ bere no bɛyɛ Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo fi ase mprempren ne wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no susuw nsemmisa 80 a ɛwɔ Nhyehyɛe nhoma no mu no ne ti a ɛto so asia no ho, de siesie wɔn ma saa adeyɛ a ɛho hia yi. Asubɔfo no bɛtra nkongua a wɔahyɛ da asiesie ama wɔn wɔ anim no so Memeneda anɔpa atie asubɔ kasa no. Ɛsɛ sɛ wɔfa atade a ɛho hia a wɔbɛhyɛ akɔ nsu no mu ne nea wɔde bɛpopa wɔn ho.

BADGE A WƆDE BƆ KOKO SO NE SUBAN PA

11 Da wo ho adi denam kratasin no a wobɛbɔ so. Hwɛ sɛ wobɛma wo abrabɔ ne badge a wobɔ no ahyia. (1 Pet. 2:12; 3:1, 2) Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nokware no mu ɔkwan so. (1 Pet. 3:15; Kol. 4:6) “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”​—Mat. 5:16.

12 Afe yi wɔayɛ nkratasin a wɔde bɔ koko so no na yɛatumi abɔ wɔ ɔmansin nhyiam horow ase nso. Enti fa sie efisɛ wɔrentintim bi mma ɔmansin nhyiam horow daakye.

13 Bere a yɛyɛ nnipa nyinaa atuu ba yɛn nhyiam horow ase no, yɛremmu yɛn ani ngu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔde adwemmɔne bɛba sɛ wɔde afoforo mu ahotoso ne ahɔhoyɛsu a yɛwɔ no bedi dwuma a ɛmfata. (2 Tim. 3:13; Dw. 12:8) Enti, ma w’ani mmra wo ho so. Nnyaw wo biribi a ɛsom bo nto hɔ a obiara nhwɛ, anaasɛ mfa nhyɛ obi a wunnim no nsa.

AHOFAMA DWUMADI

14 Anuanom aboa yiye wɔ mmere a atwam no mu denam wɔn ho a wɔde ma na wɔsom wɔn nuanom wɔ nhyiam ase dwumadi ahorow mu no so. Yɛhwɛ kwan sɛ mobɛboa saa ara wɔ afe yi nhyiam horow no ase nso. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho ma nhyiam ase dwumadi no nyinaa hu nhyiam ho nsɛm sohwɛfo a ɔwɔ wɔn asafo mu no ma ɔyɛ ho nhyehyɛe. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobegye wɔn atom no yɛ wɔn a wɔwɔ honhom mu ahoɔden na wɔfata ma adwuma pɔtee a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no.

SO WOBƐKƆ?

15 Gyinae a woasi sɛ wobɛka wɔn a wɔbɛkɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam no ho no ho bɛba mfaso kɛse ama wo bere a wopɛɛpɛɛ ‘nokware’ no mu yiye na wo ankasa wuhu sɛ hann no rehyerɛn kɛse bere nyinaa no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ ne nyinaa na nsɛntitiriw yi mu biara ampa wo ti so. Wobɛkɔ? Yɛwɔ anidaso saa. Bere a wusiesie wo ho sɛ wobɛkɔ no, fa wo ho to Yehowa so sɛ ɔbɛkyerɛ wo kwan na waboa wo ma wo nhyehyɛe ayɛ yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena