Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Asan Akɔhwɛ Wɔn a Wɔakra Nsɛmma Nhoma a Ɛreyɛ Asa
1 Nnipa a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔakra reyɛ asa nkyɛn a yɛkɔ no ma yenya hokwan fɛfɛ a yɛde bedi adanse foforo. Yɛato nhyɛase no dedaw na ofiewura no nsa ka nsɛmma nhoma no biako anaa n’abien nyinaa daa. Ɛwom sɛ ebia ɛnyɛ nea ebinom kenkan nea ɛwɔ emu biara mu de, nanso ayɛ nea honhom mu aduan ba wɔn fi daa na ɛkae wɔn Yehowa ne n’Ahenni nhyira horow no.
2 Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhomakra a ɛresa kratasin no ma nea ɔmaa onii no krae no. Nanso esiane tu a adawurubɔfo tu kɔ mmeae afoforo anaasɛ obi a ofi asafo foforo mu a ɔde nea wɔakra no ba nti, ebia wubenya hokwan akɔhwɛ wɔn a wɔakra bi a ɛreyɛ asa no bi. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ sankɔhwɛ yi mu bi a yɛbɛyɛ ho?
ADWEMPA
3 Ɛsɛ sɛ yɛde adwempa a ɛne sɛ yebedi adanse foforo na yɛahyɛ onii no nkuran ma wasan akra na ɛkɔ. Ebia na mfiase no na ofiewura no nsiesiee ne ho sɛ ɔne yɛn besua ade, nanso afei a ne nsa aka nsɛmma nhoma no afe biako no, ebia n’adwene bɛsesa.
4 Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔkra no ne Asafo ti no na ama wɔatumi adi nea wɔasan akra bio no ho dwuma ntɛm? Nsɛm bi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ni: (1) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ ne kra so no yɛ ntɛm de nea wɔakra a ɛreyɛ asa kratasin no ma anuanom sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asan akɔhwɛ wɔn ama wɔasan akra. (2) Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de saa kratasin no kɔ, bere a wɔresan akɔhwɛ wɔn no na wɔde ɛno di dwuma bere a onii no pɛ sɛ ɔsan kra bio no sen sɛ wɔbɛhyehyɛ foforo koraa no. Eyi ma ɛyɛ nea ɛho nhia sɛ wɔbɛsan de address a ɛwɔ krataa a wɔde bobɔ no akyi no aka ho aba. (3) Sɛ ebetumi a, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛmma nhomakra a yenya nyinaa ba nhyiam a edi hɔ no. Ɛsɛ sɛ asafo no nso de eyi mana Asafo ti no DAPƐN BIARA sɛ ɛyɛ biako pɛ mpo a.
DƐN NA WUBETUMI AKA?
5 Sɛ yɛrekɔ obi a nea wakra no reyɛ asa nkyɛn a, dɛn na yebetumi aka na akanyan n’anigye ma wakenkan nsɛmma nhoma no? So ka a yɛbɛka akyerɛ no tẽẽ sɛ ɛrenkyɛ na nea wakra no asa enti ɔnsan nkra no bɛyɛ nea eye? Ebia eyi bɛyɛ yiye wɔ baabi. Nanso, ɛtaa da adi mpɛn pii sɛ sɛ obi ankɔ onipa no nkyɛn daa a, anigye a ɔwɔ no ano brɛ ase. Enti ebia ɛho behia sɛ wosan hyɛ anigye a edi kan a onyae no mu den.
6 Bere a woada wo ho adi akyi no, wubetumi aka sɛ: “Merebɔ mmɔden sɛ mɛsrasra nnipa a wɔwɔ mpɔtam ha a wɔakra Ɔwɛn-Aban (anaa Nyan!) no bi afe a etwaam yi no. Migye di sɛ w’ani agye ho te sɛ nea me nso m’ani agye ho no. Gyina a wubegyina kakra wɔ ha no bɛma ofiewura anya hokwan akyerɛ sɛ ebia ɛyɛ nea otumi kenkan ɛmu nsɛm no pii. Afei wubetumi akɔ so aka sɛ: “Asɛm bi a m’ani gyee ho titiriw wɔ foforo a aba no mu ni. [Kyerɛ asɛm ko anaasɛ ne ti. Ebia ɛho asɛm kakra a wobɛka bɛyɛ nea ɛfata.] Yɛn nsa aka amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na nea woakra no asa (anaasɛ asa) na yɛmpɛ sɛ biako pɛ mpo bɛpa wo ti so. M’ani begye ho sɛ mede nea wobɛsan akra no bɛkɔ ama wo. Afe no nyinaa yɛ ¢400.00 pɛ.” Ebia ofiewura no rempɛ sɛ ɔsan kra saa bere no, nanso sɛ wuhu sɛ n’ani da so ara gye ho a wubetumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔhwɛ no bio.
7 Kae sɛ yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no na yɛanya Yehowa din kɛse kronkron no ho tew mu kyɛfa. Wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no akyi no, nsɛmma nhoma foforo biara nni wiase a edi ɔsoro atirimpɔw no ho dwuma. Hwɛ nhyira ara a ɛba ofi a enya nsɛmma nhoma yi daa na wɔkenkan no so! Momma yɛnyɛ yɛn fam de denam nea wɔakra a ɛresa kratasin no a yebedi ho dwuma yiye no so.