Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/95 kr. 8
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Bere Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Bere Biara
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ma W’ani Nku Nsɛmma Nhoma ho wɔ October Mu
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 10/95 kr. 8

Fa Nsɛmma Nhoma Ma Bere Biara

1 Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho. Nsɛmma nhoma foforo bɛn na nkurɔfo kyerɛ ho anigye amanaman mu saa? Saa ɔsram yi mu no, nsɛmma nhoma a wɔbɛkra na yɛbɛka ho asɛm wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu, na asɛm a tumi wom bɛn na ɛwɔ October de no mu sɛɛ yi! Mpɛn pii no, yɛde yɛn nsɛmma nhoma no mu dodow ara ma wɔ afie afie adwuma no mu; nanso, yɛpɛ sɛ yɛyɛ ahosiesie nso sɛ yɛbɛma wɔakra bi wɔ bere biara a ɛfata mu.

2 Sɛ wode October 1 “Ɔwɛn-Aban” no rema a, wubetumi akanyan anigye wɔ asɛm “Wiase a Akodi Nnim—Bere Bɛn?” no ho denam eyi a wobɛka so:

◼ “Nnipa pii ntumi nhu nea enti a ɛte sɛ nea yɛrentumi nnya wiase a akodi nnim, ɛmfa ho mmɔden a nnipa bɔ nyinaa akyi. Dɛn na wususuw wɔ nsɛm a ɛwɔ kratafa 5 wɔ October 1 Ɔwɛn-Aban no mu ho? [Kenkan nkyekyem abien a ɛwɔ asɛmti ketewa “Nyamesom—Akwanside Kɛse” ase no mu biara ɔkasamu a edi kan, na twɛn ma ommua.] Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ akodi bɛkɔ so bere nyinaa. Hyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ ha wɔ Yesaia 9:6,7 no nsow.” Wubetumi akenkan saa kyerɛwsɛm yi afi wo Bible mu anaa sɛnea wɔakyerɛw wɔ Ɔwɛn-Aban no mu asɛm no mu no. Kyerɛkyerɛ mu tiawa sɛ Ɔwɛn-Aban no ka Yehowa Ahenni ho asɛm sɛ wiase asomdwoe anidaso koro pɛ, na hyɛ onipa no nkuran sɛ ɔnkenkan asɛm no.

3 Sɛ wode “Awake!,” October 22, no rema a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Wususuw asemmisa a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi anim no ho dɛn: ‘Dɛn Nti na Nkwa Yɛ Tiaa Saa?’ [Twɛn ma ommua.] Saa nsɛm a edidi so yi twe adwene si nea nnɛyi nyansahufo ne afoforo wɔ ka wɔ onyin ho, ne afei nea yɛn Bɔfo no ahyɛ ho bɔ a ɛfa daa nkwa ho akwanhwɛ ho no so. M’ani begye ho sɛ megyaw eyi ama wo na mayɛ nhyehyɛe ama woakra bi.”

4 Sɛ wuhu nnipa a wɔpɛ nyamesom a, dɛn nti na womfa asɛm bi a efi October 15 “Ɔwɛn-Aban” no mu nni dwuma? Ebia asɛm a edi so yi a wobɛka no bɛma watie:

◼ “Mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ saa asemmisa yi ho: Ebetumi ayɛ yiye sɛ obi bɛdɔ Onyankopɔn na wasuro no bere koro no ara?” Twɛn ma ommua, na afei kenkan asɛm “Dɛn nti na Ɛsɛ sɛ Wusuro Onyankopɔn?” no ho mfonini asɛm no. (Ɔsɛnk. 12:13) Fa mfatoho ahorow a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 199 no di dwuma, na fa nsɛmma nhoma no ma no, na ma ɔnkra bi.

5 Sɛ woreyɛ afie afie adwuma a, mmu w’ani ngu aguadidan ahorow so. Wɔn a wɔtaa kɔ aguadidan mu no ka sɛ dwumadi no yɛ anigye na ɛsow aba. Sɛ wode October 8 “Nyan!” no rema a, wubetumi aka asɛm tiawa te sɛ nea edi so yi:

◼ “Yenim sɛ aguadifo pɛ sɛ wɔbɛma wɔahu nsɛm a ɛfa wɔn man ho bere nyinaa. Migye di sɛ w’ani begye saa asɛm yi ho.” Afei fa bere tiaa bi ka asɛm bi a efi asɛmti “Awofo a Wonni Ahokafo Mmusua—Ebesi Wɔn Yiye Dɛn?” mu ho asɛm kyerɛ no.

6 Sɛ onipa a wokɔ ne nkyɛn no nni adagyew ampa a, wubetumi de nsɛmma nhoma no akyerɛ na woaka sɛ:

◼ “Minim sɛ na wonhwɛ kwan sɛ wubenya ɔhɔho bi nnɛ, enti merenkyɛ. Mepɛ sɛ wunya hokwan de kenkan biribi a ɛho hia.” Fa asɛm a woapaw no kyerɛ no, na fa nsɛmma nhoma no ma no.

7 Yɛ afie afie ho kyerɛwtohɔ yiye, na kɔyɛ nsɛmma nhoma a wode mae nyinaa ho sankɔhwɛ. Sɛ wunya obi a ɔkyerɛ anigye ankasa wɔ sankɔhwɛ mu a, kyerɛkyerɛ yɛn ofie Bible adesua ho nhyehyɛe no mu kyerɛ no. Momma yɛmfa ahosiesie ne anidahɔ mfa yɛn nsɛmma nhoma no mma bere a ɛfata biara na yɛmma wɔnkra bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena