Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Creation Nhoma No So
1 Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ne sɛ n’ani gye n’abɔde ho. (Rom. 1:20, 21) Onyankopɔn Asɛm no a yɛasua no ama yegye di koraa a akyinnye biara nni ho sɛ onipa nam adebɔ so na ɛbaa ha na ɛnyɛ adannandi so. (Adi. 4:11) October mu no yɛanya hokwan sɛ yɛbɛtwe afoforo adwene aba adebɔ ho nokwasɛm no so bere a yɛde Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no rema no.
2 Nea ɛka yɛn afie afie ɔsom adwuma a yɛyɛ daa no ho no, yebetumi de Creation nhoma no ama bere a yɛreyɛ mmorɔn so adwuma ne bere a yedi adanse bɔnnɔ so no. Ɛyɛ nhoma a ɛyɛ fɛ a adetɔnfo, adwumawuranom, ne afoforo a yɛne wɔn hyia nnakoro nnakoro no ani begye ho. Afei wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no nso wɔ hɔ. So wɔn ani rennye ho sɛ wɔbɛkenkan nhoma fɛfɛ yi? Ebia ebinom a yɛkɔ wɔn nkyɛn anaasɛ yɛne wɔn sua ade a wonni nhoma yi bi dedaw nanso wɔbɛkyerɛ n’akenkan ho anisɔ nso wɔ hɔ.
3 Mmofra a mowɔ asafo no mu no, mowɔ mo ankasa asasesin bi a mubetumi de nhoma a eye yi amema wɔ hɔ, na saa asasesin no ne sukuu mu. So woasɔ ahwɛ sɛ wode Creation nhoma no bi bɛkɔ sukuu mu ara kwa? Ebia nsekufo bi bebisa wo nsɛm bi ama woanya hokwan de nhoma no akyerɛ wɔn. Sɛ wode bi kɔ sukuu na wugyaw to wo pon so faako a wobehu anaasɛ wokenkan fã bi bere a morekodi agoru no a, ebia wubehu sɛ afoforo bebisa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka bi. Nokwarem no wɔ sukuu bere akyi no, wubetumi adi kan de nhoma no akyerɛ afoforo, aka ho asɛm akyerɛ wɔn na wode bi ama wɔn de agye sɛnea yɛde gye dedaw no.
4 Saa bere yi na sukuu afe foforo no fi ase. Enti yɛn nyinaa betumi ama yɛn ani ada hɔ wɔ hokwan ahorow a yɛde bedi dwuma de nhoma yi ama mmofra a yebehyia wɔn asɛnka mu no ho. Sɛ yehyia awofo wɔ apon ano a, bere a yɛne wɔn asusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho awie no, yebetumi de nhoma no ama na yɛakyerɛ sɛnea ebetumi aboa wɔn mma no. Esiane sɛ wɔkyerɛkyerɛ adannandi wɔ sukuu mu nti, nhoma no bɛboa mmofra ma wɔate nea Bible no ne nokware nyansahu ka wɔ adebɔ ho no ase.
5 Ɛbɛyɛ papa sɛ asafo ahorow a wɔwɔ ntoaso sukuu, kɔlege anaasɛ sukuupɔn ahorow wɔ wɔn asasesin mu no yɛ mu adwuma ɔsram yi. Monkɔ akyerɛkyerɛfo ne mpanyimfo no nyinaa nkyɛn mma wonnya hokwan sɛ wɔbɛkenkan Creation nhoma no. Sɛ wɔma ho kwan a, mubetumi ne sukuufo no nso akasa, sɛ ɛyɛ sukuu a wɔte hɔ a, na moakyerɛ wɔn sɛ wonnye Creation nhoma no bi.
6 Mpanyimfo afoforo pii wɔ hɔ a wonnye adannandi nni na ebia wɔn ani rennye ɛho asɛm no ho titiriw. Nanso ɛyɛ nea wɔtaa haw wɔ amanehunu a wohu sɛ ɛkɔ so wɔ wiase no ho na ebia wɔbɛpɛ sɛ wohu sɛ ebia daakye anidaso bi wɔ hɔ anaa. Wɔ wɔn a wɔte saa fam no, yebetumi asi atiri 16 anaa 19 so dua.
7 Sɛ ofiewura bi bisa nsɛm fa Bible no a wobegye adi ho a, wubetumi ada no adi sɛ atiri 17 ne 18 bebua nsemmisa “So Wubetumi de wo ho Ato Bible no So?” ne “Bible no—So Efi Onyankopɔn Home mu Ampa?” Ebia saa atiri yi mu nsɛm no bɛyɛ nea ohia na ama wasan anya gyidi wɔ Bible no mu sɛ ɛyɛ nokware nhoma.
8 Yɛpɛ sɛ nnipa dodow biara a ɛbɛyɛ yiye gye tom sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no. (Aso. 17:24-28) Enti ɛyɛ papa sɛ yɛbɛma obiara nsa aka Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? na wakenkan.