Adwempa a Yɛde Bɛka Asɛmpa No
1 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya anigye ne abotɔyam wɔ nea yɛyɛ mu, titiriw wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Dɛn na ɛde saa abotɔyam yi ba? Efi ase fi adwempa a yebekura mu mu, bere a yɛyɛ pii wɔ adwuma pa a ɛne afoforo a yɛbɛboa wɔn no mu no. (Mmeb. 11:25) Ɛsɛ sɛ ɔkwan a yɛfa so ka asɛmpa no da no adi sɛ yegye nea yɛreka no di ankasa. Sɛ yefi yɛn komam kasa a, ɛnde yɛn nokwaredi ne ahotoso a yɛwɔ no bɛda adi. (Luka 6:45) Sɛ yedi kan bobɔ asɛm a yɛka kyerɛ no so a, ɛma yenya ahotoso kɛse bere a yɛne nkurɔfo kasa wɔ asasesin no mu no. Eyi so bɛba mfaso titiriw wɔ September mu bere a yɛde Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no ma no. Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo yiye ma wode adwempa aka asɛmpa no.
2 Sɛ wode “Creation” nhoma no rema a, wubetumi aka eyi bere a edi kan no:
◼ “Bere a yɛne yɛn afipamfo kasa no, yɛahu sɛ ebinom de wɔn werɛ ahyɛ Onyankopɔn mu. Ɛyɛ afoforo den sɛ wobegye no adi. Wo te nka dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ sɛnea Bible no ka eyi ho asɛm no nsow. [Kenkan Romafo 1:20.] Yebetumi ahu Onyankopɔn ‘daa tumi ne ne Nyamesu’ ho adanse denam nneɛma a wabɔ a atwa yɛn ho ahyia no so.” Kenkan nkyekyem a etwa to wɔ kratafa 48 wɔ Creation nhoma no mu no, na twe adwene si sɛnea nkwaboaa yɛ nwonwa no so. Anaasɛ fa kratafa 147 nkyekyem 18 no di dwuma fa kyerɛ sɛnea nsu di kyinhyia wɔ dua mu no si Ɔbɔadeɛ bi nsa ano adwuma so dua. Fa nhoma no ma fa gye bo a wɔde gye no.
3 Sɛ woresan akɔsra wɔn a wo ne wɔn susuw Onyankopɔn ho sɛ Ɔbɔadeɛ no a, wubetumi aka eyi:
◼ “Ɛda a mebaa ha no, yɛkaa adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ho asɛm—n’adebɔ a ɛyɛ nwonwa no. Ɛyɛ wo den sɛ wobegye atom sɛ yɛn daakye nso ho behia Onii a ɔbɔɔ amansan yi no? [Twɛn ma ommua.] Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Ɔbɔadeɛ no aka nea ɛbɛba daakye ho asɛm ato hɔ dedaw.” Kenkan Yesaia 46:9, 10. Sɛ obi kyerɛ anigye a fa mfonini ahorow ne mfonini ho asɛm a ɛwɔ Creation nhoma no ti 19 no di dwuma fa kyerɛkyerɛ tebea pa a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu. Kenkan nkyekyem 1 wɔ ti 20 no, na ka Bible adesua ho asɛm. Sɛ ɔpene so a, fi adesua ase wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.
4 Wubetumi asɔ asɛm a wɔka kyerɛ yi ahwɛ bere a wode “Creation” nhoma no rema no:
◼ “Bere a mene mpɔtam hafo rebɔ nkɔmmɔ no, mahyɛ no nsow sɛ pii kɔn dɔ asetra a asiane nnim ne wiase a asomdwoe wom. Dɛn ne w’adwene wɔ nea enti a nnipa nsa ntumi nkaa tebea horow a ɛte saa no ho? [Twɛn ma ommua.] Ebetumi aba sɛ akannifo bi bedi nokware na wɔayɛ nneɛma pa bi, nanso hyɛ afotu a Bible fi nyansam de ma no nsow.” Kenkan Dwom 146:3, 4; na bisa sɛ: “Obi wɔ hɔ a obetumi adi onipa ahiade ho dwuma?” Kenkan nkyekyem 5 ne 6. Fa mfonini a ɛwɔ Creation nhoma no kratafa 251 no kyerɛ, na twe adwene si mfaso horow a Onyankopɔn nniso de bɛba no so. Fa nhoma no ma, na ka yɛn sankɔhwɛ ho nhyehyɛe no kyerɛ.
5 Sɛ Onyankopɔn nniso na mudii kan kaa ho asɛm a, wubetumi asɔ nyansahyɛ yi ahwɛ bere a woyɛ sankɔhwɛ no:
◼ “Bere a mebaa ha nna kakra a atwam ni no, yesusuw nkogu a nnipa adi wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔde asomdwoe bɛba asase so no ho. Ebia wobɛkae sɛ yehuu nea enti a Bible ka sɛ wɔadi nkogu no. [Kenkan Dwom 146:3 bio.] Wohyɛɛ nea enti a Onyankopɔn tu yɛn fo sɛ yɛmmfa yɛn ani nnto nnipa so no nsow? [Twɛn ma ommua.] Ebia wubegye atom sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi de ano aduru a ɛtra hɔ daa bɛba. Wɔakyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya saa ahotoso yi mu wɔ Dwom 146:10. [Kenkan] Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?” Dan kɔ Creation nhoma no kratafa 250 na kenkan nkyekyem 13, na si Yohane 17:3 so dua. Kyerɛ sɛnea ɛdenam Bible adesua so no, ɔpepem pii anya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no. Sɛ hokwan bue a, fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ na fi adesua no ase.
6 Bere a woyɛ adwuma wɔ aguadi adan mu no, wubetumi de “Creation” nhoma no adi dwuma wɔ ɔkwan tiawa yi so:
◼ “Ɛnnɛ yɛredi dwuma titiriw bi de aboa aguadifo a wɔwɔ mpɔtam ha. Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛkɔ so trɛw wɔ yɛn mpɔtam no haw yɛn nyinaa. Wususuw sɛ obi wɔ ano aduru ankasa? [Twɛn ma ommua.] Onyankopɔn wɔ ano aduru.” Dan kɔ Creation nhoma no mu kratafa 196; kenkan Mmebusɛm 2:21, 22 wɔ nkyekyem 19, na ka ho asɛm. Fa asɛmti a ɛwɔ ti 16 no kyerɛ, na fa nhoma no ma.
7 Bere a woasan akɔsra oguadini a womaa no “Creation” nhoma no, wubetumi aka eyi:
◼ “Wɔ me nsrahwɛ a etwa to no mu no, mekae sɛ Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ ano aduru a ɛtra hɔ daa ankasa. Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn nsa bɛka asase a asomdwoe wɔ so. Hyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛpaw a esi yɛn mu biara anim no nsow.” Kenkan Creation nhoma no kratafa 250, nkyekyem 11, ne Dwom 37:37, 38. Ka mfonini a ɛwɔ kratafa 251 no ho asɛm, na kenkan asɛm a edi kan wɔ nkyekyem 14 no. Yɛ Bible adesua a wontua hwee a mobɛyɛ wɔ wɔn adwumam anaa wɔ wɔn fie ho nhyehyɛe.
8 Sɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” no, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yenya adwempa, bere a yɛreka asɛmpa no. (1 Kor. 3:9) Saa su yi a yebekura mu no de Yehowa nhyira pii bɛba.