Ka Ahenni no Ho Asɛm
1 Wɔhyɛ yɛn nkuran wɔ Hebrifo 10:23 sɛ ‘yenso anidaso asɛm a yɛka no mu pintinn.’ Na Onyankopɔn Ahenni no so na yɛn anidaso gyina. Yesu hyɛɛ da de ahyɛde mae sɛ ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa. (Marko 13:10) Ehia sɛ yɛde eyi to yɛn adwene mu bere a yɛreyɛ yɛn som adwuma no.
2 Sɛ yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde biribi a wɔn ani gye ho anaa ɛfa wɔn ho befi nkɔmmɔ ase. Mpɛn pii no, nneɛma a wonim no yiye, te sɛ nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ mpɔtam hɔ, ɔhaw a mmofra hyia, nea yebenya de ahwɛ yɛn ho ho dadwen, anaa wiase nsɛm a ayɛ den na yɛbobɔ din. Esiane sɛ nnipa dodow no ara adwene wɔ saa ‘asetra mu nneɛma ho dadwen’ yi so nti, sɛ yɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho anaa yɛte wɔn ase a, mpɛn pii no, wɔbɛda nea ɛwɔ wɔn adwene mu adi. (Luka 21:34) Eyi betumi abue kwan ma yɛaka yɛn anidaso ho asɛm akyerɛ wɔn.
3 Nanso, sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi de nkɔmmɔ no agyina nneɛma a ɛmfata so ma yɛrenni nsrahwɛ no atirimpɔw ho dwuma—Ahenni asɛm a yɛreka no. Ɛwom sɛ yɛtwe adwene si tebea bɔne a ɛde ɔhaw pii ba no so de, nanso yɛn botae ne sɛ yɛbɛtwe adwene asi Ahenni no a ebedi adesamma haw ahorow nyinaa ho dwuma koraa no so. Nokwarem no, yɛwɔ anidaso a ɛyɛ nwonwa a ehia denneennen sɛ nkurɔfo te ho asɛm. Enti bere a ebia mfiase no yɛbɛka “mmere a emu yɛ den” yi mu nneɛma bi ho asɛm no, momma yɛntwe adwene nsi yɛn asɛntitiriw, “daa asɛmpa,” no so ntɛm. Saa kwan yi so no, yebewie yɛn som adwuma no koraa.—2 Tim. 3:1; 4:5; Adi. 14:6.