Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 34 kr. 202-kr. 205 nky. 4
  • Denhyɛ ne Nkuranhyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Denhyɛ ne Nkuranhyɛ
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Hyɛ Afoforo Den
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • So Woboa Ma Kristofo Nhyiam Hyɛ Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 34 kr. 202-kr. 205 nky. 4

ADESUA 34

Denhyɛ ne Nkuranhyɛ

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Sɛ́ anka wode w’adwene besi nsɛm a ɛnhyɛ nkuran so no, ka nsɛm a ɛma nkɔso anaa ɛma wonya ahotoso.

Dɛn nti na ɛho hia?

Wiase a atirimɔden ahyɛ mu ma no ama nkurɔfo abotow. Nsɛm a emu yɛ den haw nnipa pii adwene. Sɛ yɛka Bible mu asɛm no yiye a, ɛsɛ sɛ ɛma nnipa komapafo nya akomatɔyam.

ASƐM a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka no yɛ asɛmpa. Yesu kae sɛ: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Yesu ankasa yɛɛ nhwɛso denam “Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa” a ɔkae no so. (Luka 4:43) Wɔka nea asomafo no kaa ho asɛm no nso ho asɛm sɛ “Onyankopɔn asɛmpa” ne “Kristo asɛmpa.” (1 Tes. 2:2; 2 Kor. 2:12) Asɛm a ɛte saa no ma denhyɛ na ɛhyɛ nkuran.

Nea ɛne “daa asɛmpa” ho mpaemuka a “ɔbɔfo . . . a otu nam ɔsoro mfinimfini” ka hyia no, yɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.” (Adi. 14:6, 7) Yɛka nokware Nyankopɔn no din, ne su ahorow a ɛyɛ anigye, ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa, n’atirimpɔw ahorow a ɔdɔ wom, bu a ɛsɛ sɛ yebu atɛn kyerɛ no, ne nea ɔhwehwɛ fi yɛn nkyɛn ho asɛm. Nea ɛka asɛmpa no ho ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛsɛe abɔnefo a wɔbɔ no ahohora na wɔsɛe nnipa afoforo asetra no. Nanso ɛnyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yebebu nkurɔfo a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no atɛn. Nea yɛpɛ paa ne sɛ nnipa pii betie Bible mu asɛm no na ayɛ asɛmpa ankasa ama wɔn.—Mmeb. 2:20-22; Yoh. 5:22.

Tew Nsɛm a Ɛnhyɛ Nkuran no So. Ɛwom, asetram nneɛma bi wɔ hɔ a ɛnhyɛ nkuran. Yemmu yɛn ani ngu eyinom so. Sɛ wopɛ sɛ wufi nkɔmmɔbɔ bi ase a, wubetumi de ɔhaw bi a ɛwɔ wɔn a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no tirim afi ase, na woaka ho asɛm tiawa. Nanso mpɛn pii no, ka a wobɛka ho asɛm akɔ akyiri no so nni mfaso pii. Nkurɔfo taa te nsɛm a ebu abam, enti ka a wobɛka nsɛm a ɛhaw adwene no remma wonnye wo anaa wɔrentie wo. Wɔ mo nkɔmmɔbɔ no mfiase pɛɛ no, bɔ mmɔden sɛ wobɛtwe adwene akɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm a ɛhyɛ nkuran so. (Adi. 22:17) Ɛno akyi no sɛ onii no pɛ sɛ mutwa nkɔmmɔbɔ no so mpo a, woagya no biribi a ɛhyɛ nkuran a obetumi asusuw ho dedaw. Ebia eyi bɛma wanya ɔpɛ sɛ obetie wo bere foforo.

Saa ara na sɛ wɔto nsa frɛ wo sɛ kɔma ɔkasa a, mfa nsɛm a ɛnhyɛ nkuran mpuapua w’atiefo no esiane sɛ wubenya pii aka nti. Sɛ ɔkasafo bi ka nnipa sodifo ahorow nkogudi, nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ, ɔbrasɛe a ɛyɛ nwonwa a abu so ho nsɛm pii a, ebetumi ahaw adwene. Bere a asɛm bi fã a ɛnhyɛ nkuran no di dwuma titiriw bi no nkutoo na ɛsɛ sɛ wode hyem. Nsɛm a ɛte saa a woremfa nhyem pii no betumi asi fata a wo kasa no fata so dua. Ebetumi ama yɛahu nneɛma atitiriw a ɛma tebea bi sɔre na yɛnam so de akyerɛ nea enti a mfaso wɔ ano aduru a ɛwɔ Bible mu no so. Faako a ɛbɛyɛ yiye no, ka nsɛm pɔtee bere a wonka ɔhaw ahorow no ho nsɛm nkɔ akyiri no.

Mpɛn pii no, wuntumi nyi nsɛm a ɛnhyɛ nkuran nyinaa mfi ɔkasa mu, na saa ara nso na wɔnhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ saa. Asɛm no ne sɛ wobɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran ne nea ɛnhyɛ nkuran no wɔ ɔkwan bi so a, awiei koraa no, ɛso bɛba mfaso. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ wusi nea ɛsɛ sɛ wode hyem, nea ɛsɛ sɛ wuyi fi mu, ne faako a ɛsɛ sɛ wusi so dua no ho gyinae. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔhyɛɛ n’atiefo no nkuran sɛ wonnni kyerɛwfo ne Farisifo no pɛsɛmenkominya nhwɛso no akyi, na ɔmaa wɔn nhwɛso kakra de kyerɛkyerɛɛ n’asɛm no mu. (Mat. 6:1, 2, 5, 16) Nanso sɛ anka Yesu bɛtwe adwene asi nyamesom akannifo no nhwɛso bɔne so pii no, osii Onyankopɔn akwan a ɛteɛ a wɔbɛte ase na wɔde abɔ wɔn bra no so dua. (Mat. 6:3, 4, 6-15, 17-34) Nea efii mu bae no hyɛɛ nkuran yiye.

Ma Wo Nsɛm no Nyinaa Nhyɛ Nkuran. Sɛ wɔma wo dwumadi sɛ kɔma ɔkasa a ɛfa Kristofo dwumadi bi ho wɔ w’asafo mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo nsɛm ahyɛ nkuran sen sɛ ebetwiw afoforo anim. Hwɛ hu sɛ nea worehyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ no na woreyɛ no. (Rom. 2:21, 22; Heb. 13:7) Mfa abufuw nkasa, na mmom fi ɔdɔ mu kasa. (2 Kor. 2:4) Sɛ wowɔ wo mfɛfo gyidifo mu ahotoso sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani a, ɛbɛda adi wɔ nea woka no mu, na eyi so bɛba mfaso. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo daa ahotoso a ɛte saa adi sɛnea wɔakyerɛw wɔ 1 Tesalonikafo 4:1-12; 2 Tesalonikafo 3:4, 5; ne Filemon 4, 8-14, 21 no nsow.

Ɛtɔ mmere bi a, ehia sɛ asafo mu mpanyimfo bɔ nneyɛe a nyansa nnim ho kɔkɔ. Nanso ahobrɛase bɛboa wɔn ma wɔne wɔn nuanom no adi nsɛm wɔ odwo mu. (Gal. 6:1) Ɛsɛ sɛ ɔkwan a wɔfa so ka nsɛm no kyerɛ sɛ wobu wɔn a wɔwɔ asafo no mu no. (1 Pet. 5:2, 3) Ne titiriw no, Bible de afotu ma mmerante sɛ wɔnhwɛ eyi yiye. (1 Tim. 4:12; 5:1, 2; 1 Pet. 5:5) Sɛ ɛho behia sɛ wuyi ntɛn, wode nkaanim ne nteɛso ma a, ɛsɛ sɛ wugyina nea Bible no ankasa ka so na ɛyɛ saa. (2 Tim. 3:16) Ɛnsɛ sɛ ɔkasafo no twetwe Kyerɛwnsɛm bi mu anaa ɔdan no ma ɛne nsɛm bi a n’ani gye ho hyia. Sɛ mpo nteɛso bi ho hia a, wubetumi ama ɔkasa no ahyɛ nkuran bere a wotwe adwene si ɔkwan a wɔbɛfa so akwati bɔneyɛ, sɛnea wodi ɔhaw bi ho dwuma, ɔkwan a wɔfa so di nsɛnnennen bi so, sɛnea wosiesie biribi a atɔ kyima, ne sɛnea Yehowa ahwehwɛde ahorow bɔ yɛn ho ban no so titiriw.—Dw. 119:1, 9-16.

Sɛ woresiesie wo kasa a, susuw sɛnea wode asɛntitiriw biara ne ɔkasa no nyinaa bɛba awiei no ho yiye. Mpɛn pii no, nsɛm a woka de wie asɛm bi no na wɔkae no bere tenten. So ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran?

Bere a Wo ne Mfɛfo Gyidifo Rebɔ Nkɔmmɔ. Yehowa asomfo ani sɔ hokwan a wonya de bɔ fekuw wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no. Eyinom yɛ mmere a ɛma honhom fam abotɔyam. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ sɛ yehyiam wɔ mmeae a yɛsom a, yɛmma ‘hyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran’ no ntra yɛn adwenem. (Heb. 10:25) Ɛnyɛ ɔkasa ne mmuae a wɔma bere a nhyiam rekɔ so no nkutoo na wɔnam so yɛ eyi, na mmom ɛdenam nkɔmmɔ a yɛbɔ ansa na yɛafi nhyiam ahorow ase ne bere a aba awiei no nso so.

Bere a ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛma yɛn nkɔmmɔbɔ afa yɛn asetram nsɛm ho no, nkuranhyɛ a ɛsen biara no fi honhom fam nneɛma ho a yesusuw mu na ɛba. Eyinom bi ne osuahu ahorow a yenya wɔ ɔsom kronn mu no. Afoforo a yebesusuw wɔn ho yiye no nso ma denhyɛ.

Esiane wiase a yɛte mu no nkɛntɛnso nti, ahwɛyiye ho hia. Bere a Paulo rekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Efeso no, ɔkae sɛ: “Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware.” (Efe. 4:25) Nea ɛka atoro a yɛrenni na mmom yɛbɛka nokware ho ne sɛ yɛrenkamfo nnipa ne nneɛma a wiase no ani gye ho kɛse no. Saa ara na Yesu de “ahonyade nnaadaa” ho kɔkɔbɔ mae. (Mat. 13:22) Enti sɛ yɛne yɛn nuanom rekasa a, ehia sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛrenhyɛ saa nnaadaa no ho nkuran denam honam fam nneɛma a yɛbɛkamfo ma aboro so no so.—1 Tim. 6:9, 10.

Bere a ɔsomafo Paulo de hia a ehia sɛ yɛhyɛ afoforo den ho afotu rema no, ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yemmmu onua bi a esiane ‘mmerɛw a ɔyɛ wɔ gyidi’ mu nti, kyerɛ sɛ esiane sɛ onnya ntee Kristofo ahofadi ase nwiei nti, onni nnuan bi no atɛn anaa animtiaa. Nokwarem no, sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ bɛhyɛ afoforo den a, ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn tebea ne sɛnea wɔanyin wɔ honhom fam no ho. Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ ‘obi de abew anaa hintidua bi bɛto hɔ ama onua barima anaa onuawa bi’!—Rom. 14:1-4, 13, 19.

Wɔn a wɔwɔ ɔhaw a emu yɛ den—sɛ nhwɛso no, yare a enni sabea—no ani gye nkɔmmɔbɔ a ɛma denhyɛ ho. Ebia onipa a ɔte saa no brɛ yiye ansa na wakɔ asafo nhyiam ahorow. Wɔn a wonim ne tebea no betumi abisa sɛ: “Wo ho te dɛn?” Akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye dwen a wodwen ne ho no ho. Nanso ebia na ɛnyɛ sɛnea n’akwahosan te ne asɛm a n’ani gye ho kɛse sɛ mobɛka ho asɛm. Nsɛm a ɛda anisɔ ne nkamfo adi betumi aka ne koma kɛse. So wuhu ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ne boasetɔ a ɔde agyina tebea a emu yɛ den ano no? Sɛ ɔma mmuae a, ɛhyɛ wo nkuran? So ɛrenhyɛ no den kɛse sɛ wobɛtwe adwene asi nea otumi yɛ ne nea ɔyɛ ma asafo no so mmom sen sɛ wobɛtwe adwene asi ne sintɔ ahorow so?—1 Tes. 5:11.

Sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ bɛhyɛ nkuran a, ehia titiriw sɛ yesusuw sɛnea Yehowa bu nea yɛreka ho asɛm no ho. Wɔ tete Israel no, Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔkasa tiaa Yehowa ananmusifo nwiinwii wɔ mana ho no kɛse. (Num. 12:1-16; 21:5, 6) Sɛ yɛkyerɛ obu ma asafo mu mpanyimfo ne honhom fam aduan a wɔnam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so de ma no a, yɛde adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛanya saa nhwɛso horow no mu mfaso ma.—1 Tim. 5:17.

Nneɛma a ɛso wɔ mfaso a yɛne yɛn Kristofo anuanom bɛbɔ ho nkɔmmɔ no nyɛ asɛnnennen koraa. Nanso sɛ nsɛm a obi bɛka no yɛ yaw dodo a, di kan dan nkɔmmɔ no kɔ biribi a ɛbɛma denhyɛ so.

Sɛ́ ebia yɛredi afoforo adanse, yegyina asɛnka agua so rekasa, anaa yɛne mfɛfo gyidifo na ɛrekasa no, ɛmmra sɛ yɛbɛda nhumu adi sɛnea ɛbɛyɛ a yebefi nea yɛakora so yɛn komam no mu aka “asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.”—Efe. 4:29.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Ma ɛntra w’adwenem sɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no.

  • Ma wo nsɛm nhyɛ nkuran sen sɛ ebetwiw afoforo anim.

  • Nya wɔn a wo ne wɔn kasa no ho adwempa.

  • Sɛ worebɔ nkɔmmɔ a, susuw nkɛntɛnso a wo nsɛm betumi anya wɔ ɔfoforo so no ho.

DWUMADI: Kɔ obi a wadi dɛm anaa waka dan mu nkyɛn. Fi nkɔmmɔbɔ a ɛma denhyɛ ase. Da tema adi, nanso ma wo nsɛm no nhyɛ nkuran. Nea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ eyi no, di kan siesie wo ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena