Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/95 kr. 7
  • Hyɛ Afoforo Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hyɛ Afoforo Den
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Fam Nkɔmmɔbɔ Hyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Denhyɛ ne Nkuranhyɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran Bere a Mowɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi De Ɔbra Pa Aka Yɛn Gyidi Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 7/95 kr. 7

Hyɛ Afoforo Den

1 Esiane sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu nti, yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ. (2 Tim. 3:1) Esiane sɛ na Paulo nim yiye sɛ eyi ho hia wɔ ne bere so mpo nti, na ne ho pere no sɛ sɛ ɔne ne nuanom hyiam a, wɔde hokwan no ‘bɛhyehyɛ wɔn ho nkuran.’ Ɔsrɛɛ ne nuanom sɛ ‘wonni nea ɛbɛma wɔn nkɔso akyi.’ (Rom. 1:11, 12; 14:19) Mmɔden a ɔbɔe yi tumi ‘hyehyɛɛ asuafo no akra den, na ɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntra gyidi mu.’ (Aso. 14:22) Yehia nkuranhyɛ a ɛte saa denneennen nnɛ.

2 Yɛnam nea yɛka so betumi ahyɛ afoforo den. Sɛ yɛka yɛn nsɛm yiye a ebetumi ayɛ “te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmeb. 25:11) Yɛnam nhyiam horow mu kyɛfa a yenya so ‘hyehyɛ yɛn ho nkuran.’ (Heb. 10:25) Yebetumi de yɛn tɛkrɛma adi dwuma ɔkwampa so bere a yɛka osuahu ahorow kyerɛ, yɛde nkamfo ma, anaa yɛbɔ honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔ no. Tɛkrɛma a yɛde bedi dwuma ɔkwampa so saa no ‘ye ma nkɔso, na wɔde ma wɔn a wɔte no biribi pa.’—Efe. 4:29.

3 Ka Nneɛma a Ɛhyɛ Afoforo Den Ho Asɛm: Paulo de akwankyerɛ a mfaso wɔ so a ɛfa yɛn kasa ho mae wɔ Filipifo 4:8. Ɔkae sɛ yensusuw biribiara a ɛyɛ nokware, ɛyɛ aniberesɛm, ɛteɛ, ɛho tew, ɛda ɔdɔ adi, ɛwɔ din pa, ɛfa ɔbra pa ho, ne nea ɛfata ayeyi ho. Sɛ nea yɛka no gyina Onyankopɔn Asɛm so a, bere nyinaa yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛyɛ nokware na ɛso bɛba afoforo mfaso. (Yoh. 17:17) Yɛn Kristofo ahosohyira, nea yesua wɔ asafo nhyiam horow ase, sɛnea yɛyɛ yɛn som adwuma no kosi ase, ne nneɛma a ɛtete saa yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yebu no aniberesɛm. Onyankopɔn Asɛm mu gyinapɛn ne nnyinasosɛm ahorow ho nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran bɛboa yɛn ma ‘yɛahu nyansa akɔ nkwagye mu’ sɛnea ɛte biara. (2 Tim. 3:15) Yebetumi ada ɔbra a ɛho tew a wɔn a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no mu bɔ no ho anisɔ a yɛwɔ adi. Yebetumi akamfo nneɛma a yɛn nuanom fi ayamye mu yɛ a ɔdɔ wom no. (Yoh. 13:34, 35) Nneɛma a ɛwɔ din pa no bi ne Kristofo su pa ahorow te sɛ gyidi, anigye, asomdwoe, ne abodwokyɛre a yɛn nuanom da no adi no. Nneɛma pa a ɛfata ayeyi a ɛtete saa ho nkɔmmɔbɔ ‘ye ma’ afoforo na ‘ɛhyɛ wɔn den.’—Rom. 15:2.

4 Da biara, yehyia wiase dadwen a ɛyɛ abasamtu no. Hwɛ ahotɔ ara a ɛyɛ sɛ yɛde eyinom bɛto nkyɛn na yɛne yɛn nuanom abɔ fekuw a ɔdɔ wom! Bere a ɛso wɔ mfaso a yenya ne yɛn ho yɛn ho bɔ no yɛ akorade a ɛsɛ sɛ ɛsom bo ma yɛn. Sɛ bere nyinaa yɛhyɛ afoforo nkuran hyɛ wɔn den a, wɔbɛka yɛn ho asɛm nokwarem sɛ: “Wɔabedwudwo me honhom.”—1 Kor. 16:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena