Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran Bere a Mowɔ Asɛnka Mu
1 Yɛn nyinaa ani gye ho sɛ ‘wɔbɛka asɛm a ɛfata’ a ɛhyɛ nkuran akyerɛ yɛn. (Mmeb. 25:11) Sɛ yɛne afoforo kɔ asɛnka a, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn nkɔmmɔbɔ ahyɛ nkuran?
2 Nkɔmmɔbɔ a Ɛhyɛ Nkuran: Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, mfaso wɔ so paa sɛ yɛne yɛn nuanom bɛbɔ nkɔmmɔ a ɛbɛhyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den. (Dw. 37:30) Yebetumi aka nsɛm a yɛbɛka akyerɛ yɛn fiewuranom no ho asɛm anaa yebetumi abɔ asɛnka mu osuahu bi a ɛhyɛ nkuran a yenyae nnansa yi ho nkɔmmɔ. (Aso. 15:3) So yɛanya asɛm bi a ɛyɛ anigye afi yɛn Bible akenkan ne nsɛmma nhoma a aba nnansa yi mu anaa asafo nhyiam bi ase? Yebetumi asusuw baguam ɔkasa bi mu asɛm a yɛtee nnansa yi wɔ Ahenni Asa so nso ho.
3 Sɛ ofiewura bi bisa yɛn asɛm bi na yɛantumi anyi ano yiye a, ebetumi ama yɛayɛ basaa. Ɛbɛyɛ papa sɛ bere a yɛafi ofie no mu no, yɛne nea ɔka yɛn ho wɔ asɛnka mu no de simma kakra besusuw ɔkwan a yɛbɛfa so abua asɛmmisa a ɛte saa daakye ho, denam ebia Reasoning nhoma no a yɛde bedi dwuma so. Na sɛ nea yɛne no nam asɛnka mu no di obi adanse ma yɛn ani gye ho a, yebetumi akamfo no de ahyɛ no nkuran.
4 Di Kan Tu ho Anammɔn: Ebinom wɔ yɛn nhoma adesua kuw mu a yɛne wɔn nkɔɔ asɛnka nnansa yi? To a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ne wɔn akɔ asɛnka no betumi ama “obiara anya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ.” (Rom. 1:12) Daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo ani gye sɛ wɔne afoforo bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu, titiriw anɔpa paa anaa anwummere, bere a ebia adawurubɔfo pii nkɔ asɛnka no. Yebetumi aka akwampaefo no ho ne wɔn akɔ asɛnka. So obi wɔ asafo no mu a onni ahoɔden ma enti ontumi nyɛ pii wɔ asɛnka mu? Nhyehyɛe a yɛbɛyɛ ne obi a ɔte saa akɔyɛ Bible adesua no betumi aboa.—Mmeb. 27:17.
5 Nkamfo ne nsɛm a yɛka de kyerɛ afoforo ho anisɔ wɔ nneɛma nketenkete mu mpo no hyɛ nkuran bere nyinaa. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛkɔ so hyehyɛ yɛn ho yɛn ho den’ nti, ɛsɛ sɛ yɛma eyi tra yɛn adwene mu bere a yɛne afoforo nam asɛnka mu no.—1 Tes. 5:11.