Yɛ Ɔboafo Pa wɔ Asɛnka Mu
1. Sɛ yɛne afoforo yɛ asɛnka adwuma no a, mfaso bɛn na yenya?
1 Bere bi, Yesu ‘somaa asuafo 70 baanu baanu’ ma wɔkɔkaa asɛm no. (Luka 10:1) Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhyehyɛe yi maa asuafo no nyaa hokwan boaa wɔn ho wɔn ho san hyehyɛɛ wɔn ho nkuran wɔ asɛnka mu. Sɛ yɛne afoforo kɔ asɛnka a, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn?
2. Sɛ ɔdawurubɔfo a ɔka wo ho no rekasa a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wutie no, na dɛn ntia?
2 Yɛ Aso Tie: Sɛ ɔdawurubɔfo a ɔka wo ho no redi adanse a, tie no yiye. (Yak. 1:19) Sɛ ɔrekenkan kyerɛwsɛm bi a, bue wo Bible na hwɛ mu di akyi. Hwɛ nea ɔrekasa no, sɛ́ ɛyɛ ɔdawurubɔfo no anaa ofiewura no. Sɛ wowɛn w’aso tie nkɔmmɔbɔ no yiye a, ɛbɛhyɛ ofiewura no nkuran ma wayɛ saa ara.
3. Bere bɛn na nea wo ne no rekɔ asɛnka no ani begye ho sɛ woka bi?
3 Hu Bere a Ɛsɛ sɛ Woka Bi: Sɛ ɔdawurubɔfo a wo ne no nam no redi adanse, na woma no kwan ma ɔkasa a, ɛkyerɛ nidi. (Rom. 12:10) Ɛnsɛ sɛ wutwitwa n’ano. Sɛ ne werɛ fi asɛm bi a ɔpɛ sɛ ɔka anaasɛ ofiewura no nte biribi ase anaa obisa no asɛm bi na ohia mmoa a, ɛsɛ sɛ woka bi ka nea waka no ho sen sɛ wobɛka biribi foforo koraa ho asɛm. (Mmeb. 16:23; Ɔsɛnk. 3:1, 7) Ɛsɛ sɛ nea wobɛka no foa asɛm a waka no so.—1 Kor. 14:8.
4. Dɛn na ɛbɛma yɛanya nkɔso ne anigye wɔ asɛnka mu?
4 Bere a asuafo 70 a wɔsomaa wɔn baanu baanu no wiee wɔn asɛnka adwuma no, wɔde “anigye san bae.” (Luka 10:17) Yɛn nso, sɛ yɛne afoforo nam asɛnka mu na yehu bere a ɛsɛ sɛ yetie ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa a, yebetumi anya nkɔso ne anigye.