Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase March 29
DAPƐN A EFI ASE MARCH 29
Dwom 93 (nnwom nhoma foforo)
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Samuel 14-15
No. 1: 1 Samuel 14:24-35
No. 2: Akwan a Yebetumi Afa So Abɛn Yehowa (Yak. 4:8)
No. 3: Ná Henanom ne Anyansafo Anaasɛ Nsoromma mu Ahwɛfo a Nsoromma Bi Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Yesu Nkyɛn No? (rs-E kr. 177 ¶1-3) (+w02 12/15 kr. 32)
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 112 (nnwom nhoma foforo)
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Bible Adesua a Yebefi Ase. Kyerɛ da a mode bɛka Bible adesua ho asɛm. Bisa ɔdawurubɔfo bi a watumi afi Bible adesua ase na watoa so ayɛ no nsɛm. Nnianim nsɛm bɛn na nkurɔfo tie paa wɔ asasesin no mu? Sɛ ɔrekɔyɛ sankɔhwɛ a, dɛn na ɔde yɛ ne botae? Ma ɔmfa nnianim nsɛm a ɔde di dwuma no mu biako nyɛ ɔyɛkyerɛ.
10 min: Fa Wo Ho Hyɛ Nkwagye Adwuma a Ɛso Bi Mmae Da no Mu! Ɔkasa a egyina asɛmti ketewa “Nnipa a Wɔsɛ a Yɛhwehwɛ Wɔn,” a ɛwɔ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 95 so.
10 min: “Yɛ Ɔboafo Pa wɔ Asɛnka Mu.” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ.
Dwom 76 (nnwom nhoma foforo)