Asɛmmisa Afã
◼ Sɛ yɛrekenkan nkyekyɛmu ahorow wɔ asafo nhyiam ahorow ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu?
Wɔde bere a wɔde yɛ Ɔwɛn-Aban ne Asafo Nhoma Adesua no mu fã kɛse no ara kenkan nkyekyɛmu ahorow no. Eyi kyerɛ sɛ asɛyɛde a emu yɛ duru da onua a wɔma ɔkenkan no so sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Ɛsɛ sɛ ɔkenkan no wɔ ɔkwan bi so a ɛnyɛ sɛ ‘ntease bɛba’ asɛm no mu na ama atiefo no ate ase nko, na mmom sɛ́ ɛbɛka wɔn ma wɔde adi dwuma nso. (Neh. 8:8) Enti, ehia sɛ ɔkenkanfo no siesie ne ho yiye ma ne dwumadi no. (1 Tim. 4:13; hwɛ School Guidebook no adesua a ɛto so 6.) Nsɛntitiriw bi a ɛbɛboa ma baguam akenkan ayɛ nea ntease wom na edidi so yi.
Si Nsɛm So Dua Yiye: Di kan hwehwɛ nsɛmfua anaa ɔkasamufã a ɛho behia sɛ wusi so dua na ama wɔatumi ate ase yiye.
Bobɔ Nsɛmfua Din Yiye: Sɛ atiefo no bɛte nsɛm a epue wɔ nhoma no mu ase a, ɛho hia sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua din yiye ma emu ada hɔ. Hwehwɛ sɛnea wɔbɔ nsɛmfua a wunhyiaa da anaa wɔntaa mfa nni dwuma no din, anaa tie nsɛm a Asafo no akyere agu kasɛt so no.
Fa Ɛnne a Ɛfata ne Anigye Kasa: Anigye a wode bɛkasa den no kanyan anigye ne nkate, na ɛka otiefo no.
Da Anigye ne Nkɔmmɔbɔ Su Adi: Ade a wɔkenkan no yɔɔ ne anotew na ɛnam. Sɛ ɔkenkanfo no siesie ne ho na ɔbobɔ so a, obetumi de abotɔyam akenkan na ɛbɛyɛ anigye mmom sen sɛ ɛbɛyɛ mfonoe ne nea ɛhyɛ ɔbrɛ.—Hab. 2:2.
Kenkan Asɛm no Sɛnea Wɔakyerɛw No: Ɛda adi sɛ, sɛ asehɔ asɛm (footnote) ne nsɛm a ɛwɔ nkahyemde mu no si asɛm a wɔatintim no so dua a, wɔkenkan. Nea wɔnkenkan ne nhoma a ɛkyerɛ baabi a asɛm no fi kɛkɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan asehɔ asɛm no bere a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyem no mu no, na nea ɛsɛ sɛ woka ne sɛ: “Asehɔ asɛm no kenkan sɛ . . .” Sɛ wokenkan wie a, toa so kenkan nkyekyem fã a aka no.
Sɛ yɛkenkan ade yiye wɔ baguam a, ɛyɛ akwantitiriw a yebetumi afa so ‘akyerɛkyerɛ afoforo sɛ wonni nea’ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse no ‘ahyɛ yɛn nyinaa so’ no mu biako.—Mat. 28:20.