Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 4 kr. 93-kr. 96 nky. 5
  • Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Nne Ankasa a Wode Kasa
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte
    Nyan!—1998
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Osuani Dwumadi a Wubesiesie Wɔ Sukuu no Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 4 kr. 93-kr. 96 nky. 5

ADESUA 4

Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Kenkan na kasa wɔ ɔkwan bi so a wo nsɛm ne adwene a ɛwom no bɛkɔ yɔɔ. Sɛ kasa kɔ yɔɔ a, ɛtoatoam, anaasɛ ɛnyɛ nyaa dodo, na w’ano mfomfom, anaasɛ wunnyina nnwinnwen nsɛm a wobɛka ho.

Dɛn nti na ɛho hia?

Sɛ ɔkasafo bi kasa nkɔ yɔɔ a, atiefo no adwene betumi akyinkyin; wobetumi anya adwenhorow a ɛmfata. Asɛm no ntumi nkanyan wɔn.

SƐ WOREKENKAN ade ma apue w’ano a, so w’ano fomfom wɔ nsɛm bi mu? Anaasɛ sɛ wosɔre gyina atiefo anim rebɛma ɔkasa a, wotaa hu sɛ wunnya nsɛm a ɛfata nka? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na wo kasa nkɔ yɔɔ. Obi a ne kasa kɔ yɔɔ no kenkan ade na ɔkasa ma ne nsɛm ne adwene a ɛwom no kɔ yɔɔ a ɔmmrɛ ho. Eyi nkyerɛ sɛ sɛ ɔkasa a ɔnhome so, kyerɛ sɛ, ɔkasa ntɛmntɛm, anaa ɔkasa a onsusuw nea ɔka no ho. Ne kasa yɛ dɛ ankasa. Wɔhyɛ da twe adwene si kasa a ɛkɔ yɔɔ so wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.

Nneɛma ahorow pii na ɛmma kasa nkɔ yɔɔ. So ehia sɛ wususuw nea edidi so yi mu bi ho yiye? (1) Sɛ worekenkan ade akyerɛ afoforo a, nsɛmfua bi a wunnim a wuhyia betumi ama woagyinagyina. (2) Sɛ wohome wo kasa mu pii a, ɛremma ɛntoatoam. (3) Sɛ woansiesie wo ho a, ebetumi aba saa. (4) Sɛ worekasa akyerɛ kuw bi a, nea ɛntaa mma kasa nkɔ yɔɔ ne w’asɛm a wonhyehyɛ no nnidiso nnidiso. (5) Nsɛm mmoano pii a obi nni betumi ama wadwennwen nsɛm a ɛfata a ɛsɛ sɛ ɔka ho. (6) Sɛ wusisi nsɛm pii so dua a, ɛremma wo kasa nkɔ yɔɔ. (7) Kasa ho mmara a wunnim no yiye nso betumi de ɔhaw no aba.

Sɛ wo kasa nkɔ yɔɔ a, atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no rensɔre mfi adi nkɔ ankasa, nanso wɔn adwene bekyinkyin. Eyi mma wɔnte wo nsɛm no pii.

Ɔkwan foforo so no, ahwɛyiye ho hia na amma ɔkasa a ɛsɛ sɛ emu yɛ hyew na ɛkɔ yɔɔ no ammunkam atiefo no so, anaasɛ mpo anhyɛ wɔn aniwu. Sɛ esiane amammerɛ mu nsonsonoe nti nkurɔfo bu wo kasa sɛ ɛyɛ penpen dodo a, ɛbɛma wo kasa no ayɛ nea mfaso nni so. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛwom sɛ na ɔsomafo Paulo yɛ ɔkasafo a ne ho akokwaw de, nanso ɔne Korintofo no kasae wɔ “mmerɛw ne ehu ne ahopopo bebree mu” sɛnea ɛbɛyɛ na ɔntwetwe adwene mma ne ho so pii.—1 Kor. 2:3.

Nneyɛe a Ɛsɛ sɛ Wɔkwati. Ɛyɛ nnipa pii su sɛ sɛ wɔrekasa a wɔbɛyɛ “ɛɛɛm” “ɛɛɛm.” Afoforo nso taa de “yiw” na efi asɛm biara ase, anaasɛ wɔde kasasin te sɛ “wunim” anaa “sɛ woahu” ka asɛm biara a wɔka ho. Ebetumi aba sɛ wonhyɛɛ mpɛn dodow a wotaa de nsɛm a ɛtete saa no di dwuma no nsow. Wubetumi asɔ wo ho ahwɛ ama obi atie wo na bere biara a wobɛka saa nsɛm yi no, watĩ mu akyerɛ wo. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa.

Nnipa binom taa tĩ wɔn nsɛm mu bere a wɔkenkan ade anaasɛ wɔkasa no. Kyerɛ sɛ, sɛ wofi kasamu bi ase a, bere a ensii no, na wɔagyina asan atĩ nsɛm a wɔaka dedaw no mu.

Afoforo nso kasa ntɛmntɛm, nanso sɛ wofi asɛm bi ase a, wonwie na wɔadan kɔ foforo so. Ɛwom sɛ wɔn nsɛm no kɔ yɔɔ de, nanso sakra a wɔsakra mu mpofirim no mma ɛnkɔ yɔɔ.

Sɛnea Wubetumi Atu Mpɔn. Sɛ wo haw ne sɛ wotaa gyinagyina wo kasa mu hwehwɛ nsɛm a ɛfata a wobɛka a, ehia sɛ wobɔ mmɔden boaboa nsɛm ano. Ne titiriw no, hyɛ nsɛm a wunnim a epue wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne nhoma ahorow a wokenkan mu no nsow. Hwɛ sɛnea wɔbɔ nsɛm yi din ne nea ɛkyerɛ wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu, na fa nsɛm yi bi ka nsɛm a wunim dedaw no ho. Sɛ wunni nsɛm asekyerɛ nhoma biara a, hwehwɛ mmoa fi obi a ɔte kasa no yiye nkyɛn.

Sɛ wode yɛ wo su sɛ wobɛkenkan ma apue bere nyinaa a, ɛbɛboa wo ma woatu mpɔn. Hyɛ nsɛm a ɛyɛ den no nsow, na ka ma empue mpɛn pii.

Nea ɛbɛyɛ na w’akenkan akɔ yɔɔ no, ehia sɛ wote sɛnea wɔde nsɛm di dwuma bom wɔ kasamu mu no ase. Mpɛn pii no ɛsɛ sɛ wokeka nsɛmfua bom akuwakuw sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛda adwene a ɔkyerɛwfo no de kyerɛwee no adi. Hyɛ sɛnea wɔaboaboa nsɛm yi ano no nsow yiye. Sɛ ɛbɛboa wo a, hyɛ ho agyirae. Ɛnyɛ wo botae ara ne sɛ wobɛkenkan nsɛm yiye, na mmom sɛ wobɛma adwene a ɛwom no ada adi yiye nso. Bere a woasusuw kasamu biako ho awie no, kɔ foforo so kosi sɛ wubesusuw nkyekyem no nyinaa ho awie. Hwɛ sɛnea adwene a ɛwom no kɔ yiye. Afei sua sɛ wobɛkenkan ma apue w’ano. Kenkan nkyekyem no mpɛn pii kosi sɛ wobɛkenkan a w’ano mfomfom anaasɛ wunnyinagyina baabi a ɛnsɛ sɛ wugyina. Afei toa so kenkan nkyekyem foforo.

Nea edi hɔ ne sɛ wobɛma akɔ ntɛm kakra. Sɛ woahu sɛnea nsɛmfua di dwuma bom wɔ kasamu mu a, wubetumi ahu aboro asɛmfua biako wɔ bere koro mu, na woahwɛ nea ɛsɛ sɛ edi so kwan. Eyi bɛboa pii ma w’akenkan atu mpɔn.

Wubetumi anya mfaso pii afi mpofirim akenkan a wubesua no daa no so. Sɛ nhwɛso no, kenkan daa asɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu no den bere a wunnii kan nhwɛɛ mu no; taa yɛ saa. Sua sɛ wobɛma w’ani afa nsɛm akuwakuw a ɛda adwene mũ adi sen sɛ ɛbɛfa asɛmfua biako pɛ bere nyinaa.

Wɔ nkɔmmɔbɔ mu no, kasa a ɛkɔ yɔɔ no hwehwɛ sɛ wususuw nsɛm ho ansa na woakasa. Fa yɛ wo su wɔ wo da biara da dwumadi mu. Si nsɛm a wopɛ sɛ woka ne sɛnea wobɛka no afa ho gyinae ansa na woafi ase akasa. Mpere wo ho. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda nsusuwii a ɛtɔ asom adi bere a wunnyinagyina anaasɛ wonsakra wo nsɛm mu bere a adwene a ɛwom no nnaa adi nwiei no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wode kasamu ntiantiaa a asete nyɛ den befi ase.

Sɛ wunim nea wopɛ sɛ woka ankasa a, nsɛm no ankasa bɛba. Mpɛn pii no, enhia sɛ wopaw nsɛmfua bi a wode bedi dwuma. Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na woasua yɛ no, eye sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ adwene a ɛwom no wɔ wo tirim, na afei bere a worekasa no, woasusuw nsɛmfua no ho. Sɛ woyɛ saa na wode w’adwene si adwene a ɛwom no so sen sɛ wode besi nsɛmfua so a, nsɛm no ankasa bɛba, na adwene a ɛwɔ wo tirim no bɛda adi sɛnea wopɛ. Nanso sɛ wunya fi ase susuw nsɛmfua ho sen sɛ wubesusuw adwene a ɛwom no ho a, wubegyinagyina wo kasa no mu. Sɛ wobobɔ so a, wubetumi ama wo kasa akɔ yɔɔ, su a ɛho hia a ɛma ɔkasa ne akenkan tu mpɔn.

Bere a wɔmaa Mose dwumadi sɛ onnyina Yehowa ananmu ne Israel man ne Misraim Farao nkɔkasa no, ɔtee nka sɛ ɔrentumi nyɛ. Dɛn ntia? Na ne kasa nkɔ yɔɔ; ɛbɛyɛ sɛ na ɔpo dodow. (Ex. 4:10; 6:12) Mose yiyii ne ho ano, nanso Onyankopɔn annye emu biara antom. Yehowa paw Aaron kaa Mose ho sɛ ɔnyɛ ne kasamafo, nanso Yehowa ankasa nso boaa Mose ma otumi kasae. Ɛnyɛ ankorankoro ne akuw nketewa nko na Mose kasa kyerɛɛ wɔn, na mmom ɔkasa kyerɛɛ ɔman mũ nyinaa nso. (Deut. 1:1-3; 5:1; 29:2; 31:1, 2, 30; 33:1) Sɛ wufi ahonim pa mu yɛ wo fam de bere a wode wo ho to Yehowa so a, wo nso wubetumi de wo kasa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ma ayɛ yiye.

SƐNEA WUBEDI DODOW PO SO

Nneɛma pii na etumi ma obi po dodow. Ebia ɔkwan a ebinom fa so di so no ntumi mmoa afoforo saa ara. Nanso nea ɛbɛyɛ na woatumi adi so no, ebehia sɛ wokɔ so ara bɔ wo ho mmɔden.

Sɛ wususuw mmuae a wobɛma wɔ asafo nhyiam ase ho a, so ehu ka wo anaasɛ wo ho popo? Bɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa. (Fil. 4:6, 7) Fa w’adwene si Yehowa a wobɛhyɛ no anuonyam ne afoforo a wobɛboa wɔn no so. Nhwɛ kwan sɛ ɔhaw no betu ayera prɛko pɛ, na mmom ma w’adwene nkɔ sɛnea wubetumi adi so no so. Bere a wunya Yehowa nhyira na wo nuanom hyɛ wo nkuran no, wubenya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ pii.

Teokrase Ɔsom Sukuu no ma wunya hokwan a ɛbɛma wo ho akokwaw wɔ nnipakuw anim kasa mu. Ebia sɛnea wutumi kasa wɔ kuw ketewa a wɔboa wo na wɔpɛ sɛ wutumi di so mu no bɛyɛ wo nwonwa. Eyi betumi aboa wo ma woanya ahotoso de akasa wɔ tebea afoforo mu.

Sɛ worekɔma ɔkasa a, siesie wo ho yiye. Ma w’adwene nyinaa nkɔ wo kasa no so. Fa nkate a ɛfata kasa. Sɛ wufi ase po dodow bere a worekasa no a, ɛnde bɔ mmɔden biara sɛ wobɛma wo nne aba fam na yɛ komm. Nka wo se nsi so. Ka nsɛm ntiantiaa. Nyɛ “ɛɛɛm” “ɛɛɛm” pii wɔ wo kasa mu.

Sɛ wɔn a wɔpo dodow no binom hu nsɛmfua a kan no na ɛhaw wɔn no a, wɔkwati, na wɔde nsɛm a ɛne no wɔ asekyerɛ koro di dwuma mmom. Afoforo nso hwehwɛ kasa nnyigyei a ɛhaw wɔn kɛse no na wɔbobɔ so mpɛn pii.

Sɛ wopo dodow bere a worebɔ nkɔmmɔ a, mma w’abam mmmu na nnyae nkɔmmɔ no bɔ. Wubetumi ahyɛ ɔfoforo no nkuran ma wakasa akosi sɛ wubetumi atoa so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kyerɛw asɛm tiawa bi, anaasɛ fa biribi a wɔatintim kyerɛ nea wo ne no rekasa no.

SƐNEA WOBƐYƐ NO

  • Sɛ worekenkan nsɛmma nhoma ne nhoma horow a, hyɛ nsɛmfua foforo agyirae, hwehwɛ nea ɛkyerɛ ankasa, na afei fa di dwuma.

  • Anyɛ yiye koraa no, sua sɛnea wobɛkenkan ade ma apue w’ano simma anum kosi du da biara.

  • Siesie wo ho yiye paa ma akenkan dwumadi ahorow. Hyɛ nsɛm akuw a ɛma adwene a ɛwom no da adi no nsow titiriw. Hu sɛnea adwene a ɛwɔ nsɛm no mu kɔ yiye.

  • Wɔ wo da biara da nkɔmmɔbɔ mu no, sua sɛ wubedi kan adwene nsɛm ho, na afei ka kasamu ma ensi a wunnyinagyina wɔ mu.

DWUMADI: Tɔ wo bo ase susuw Atemmufo 7:1-25 ho, na sua nkyekyem no nnidiso nnidiso. Hwɛ hu sɛ wobɛte nea ɛka no ase. Fa nsɛm asekyerɛ nhoma di dwuma, na hyɛ nsɛm a wunnim no nsow. Bɔ din pa biara den. Na afei kenkan nkyekyem biara den; hwɛ hu sɛ wobɛkenkan no pɛpɛɛpɛ. Sɛ wutumi kenkan saa nkyekyem no yiye a, kɔ nea edi so no, ne nea edidi so no nso so. Afei kenkan ti no nyinaa. Kenkan bio, nanso saa bere yi de, ma ɛnkɔ ntɛm kakra. San kenkan bio, na baabi a ɛbɛyɛ yiye no, ma ɛnkɔ ntɛm nsen kan no—nanso ɛnyɛ ntɛmntɛm dodo a ɛbɛma w’ano afomfom.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena