Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/97 kr. 8
  • Ntɛmpɛ a Yɛde Bɛka Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntɛmpɛ a Yɛde Bɛka Asɛmpa No
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Nkɔmhyɛ no mu Nsɛm’ a Yɛbɛbɔ no Dawuru
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Boa Afoforo Ma ‘Wonni Nea Wɔakyerɛw no So’
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • To Nsa Frɛ Obiara a Sukɔm De No
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Dɛn na Metumi Aka na Akanyan Anigye Pii?
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 2/97 kr. 8

Ntɛmpɛ a Yɛde Bɛka Asɛmpa No

1 Yɛda anisɔ a emu dɔ adi wɔ Onyankopɔn Ahenni ho bɔhyɛ ahorow no ho denam Kristofo som adwuma no a yefi koma nyinaa mu de yɛn ho hyem no so. Ehia sɛ yɛde ntɛmpɛ yɛ saa adwuma yi. Dɛn ntia? Efisɛ adwumayɛfo no sua, nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei rebɛn, na wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nkwa da asiane mu. (Hes. 3:19; Mat. 9:37, 38) Asɛyɛde a emu yɛ duru saa no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ɔsom adwuma no mu. Yɛbɛyɛ dɛn de ntɛmpɛ ayɛ yɛn asɛnka adwuma no? Ɛdenam nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛyɛ dɛ a yebedi kan asiesie, nsi a yɛde bɛhwehwɛ nkurɔfo wɔ baabiara a yebehu wɔn, kyerɛwtohɔ pa a yɛbɛyɛ afa wɔn a wɔkyerɛ anigye ho, saa anigye no ho dwuma a yɛbɛkɔ akodi no ntɛm ara, ne kae a yɛbɛkae sɛ esiane sɛ nkwa ho asɛm wom nti, ɛsɛ sɛ yebu yɛn som adwuma no aniberesɛm, no so. Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa bere a yɛyɛ ahoboa sɛ yɛde ntɛmpɛ bɛka asɛmpa no wɔ February mu no. Nhoma a yɛde bɛma ne Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!

2 Wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase denam ɔhaw ahorow bi a wɔrehyia wɔ mpɔtam hɔ no ho asɛm tiawa a wobɛka so, na afei wubetumi aka sɛ:

◼ “Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso wobisa sɛ: ‘Daakye bɛn na ɔpɛ sɛ yenya?’ Wubebua eyi dɛn? [Twɛn ma ommua.] So wunim sɛ Bible kyerɛkyerɛ Onyankopɔn pɛ ma adesamma ne nhyehyɛe a ɔreyɛ de adi ho dwuma no mu pefee?” Dan kɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 301. Kenkan Adiyisɛm 21:1 wɔ kasapɛn 1 no mu, na afei kenkan ɛho nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama wɔ kasapɛn 2 no fã a etwa to mu no. Dan kɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 302 no so kɔkyerɛkyerɛ nea eyi kyerɛ ma yɛn daakye no mu. Kenkan Adiyisɛm 21:4 wɔ kasapɛn 6 no mu. Fa nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe pa bi san kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so.

3 Wubetumi de asɛm tiawa a wɔka kyerɛ yi akɔtoa nkɔmmɔ a mobɔ faa Adiyisɛm 21:1, 4 ho no so:

◼ “Ɛda a mebɛsraa wo no, yɛkaa Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛhyehyɛ asase so abusua foforo ama adesamma no ho asɛm. [San twe adwene si mfonini a ɛwɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 302 no so.] Wobɛpɛ sɛ wuhu sɛ w’abusua wɔ tebea a ɛte saa no mu anaa? [Twɛn ma ommua.] Asɛmmisa no ne sɛ, Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no yɛ nokware dɛn? Mesrɛ wo, hyɛ nea n’ankasa ka no nsow.” Kenkan Adiyisɛm 21:5, 6a wɔ kratafa 303 no kasapɛn 8 no. Bisa kasapɛn 9 no ho asɛmmisa a wɔatintim a ɛwɔ kratafa 304 no, na kenkan mmuae no, na fa kasapɛn no mu kasamu a etwa to no ka ho. Ka Bible adesua a wonnye hwee ho nhyehyɛe no ho asɛm. Yɛ nhyehyɛe kɔkyerɛ no sɛnea wɔyɛ no akyiri yi.

4 Esiane sɛ ɔhaw a ɛredɔɔso a adesamma rehyia ho asɛm haw nnipa pii nti, wubetumi aka biribi te sɛ nea edi so yi bere a wokɔ hɔ nea edi kan no:

◼ “Ɛkame ayɛ sɛ ɔhaw a yehyia wɔ yɛn mpɔtam ha yi ho asɛm haw obiara. [Bobɔ kakraa bi din.] Mfe du du pii na amanyɛfo de ahyɛ bɔ sɛ wɔde ano aduru koraa bɛba, na ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa. Wususuw sɛ dɛn na ɛma tebea no kɔ so sɛe? [Twɛn ma ommua.] Bible no de nkyerɛkyerɛmu a nnipa dodow no ara nsusuw ho da ma. Adiyisɛm nhoma no ka ɔko bi a esii soro ho asɛm. Hyɛ nea efi mu bae no nsow, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:9 no.” Kenkan nkyekyem no, na afei dan kɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 182. Fa mfonini no kyerɛkyerɛ dwuma a Satan di wɔ asase so nsɛm mu no mu. Fa nhoma no ma no anigye so. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw sɛnea Onyankopɔn bedi adesamma haw ahorow ho dwuma no ho.

5 Sɛ wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛsan aba abɛkyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn bedi nnɛ haw ahorow ho dwuma mu a, wubetumi afa saa kwan yi so:

◼ “Mebɔɔ mmɔden kɛse sɛ mɛsan aba sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atoa nkɔmmɔ a yɛbɔ faa ɔhaw ahorow a adesamma rehyia no ho dwuma ankasa a wobedi ho no so. Bere a mebaa ha no, yehui sɛ Bible da Satan Ɔbonsam adi sɛ obi a ɔredaadaa asase sofo nyinaa. Esiane sɛ ɔyɛ honhom mu abɔde a ɔkorɔn sen nnipa nti, wususuw sɛ ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so ayi ne nkɛntɛnso no afi hɔ? [Twɛn ma ommua.] Mesrɛ wo, hyɛ nea Bible no ka no nsow.” Kenkan Adiyisɛm 20:1-3, na kyerɛkyerɛ mu. Ɛdenam mfonini a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no nkratafa 4-5 no a wode bedi dwuma so no, kyerɛ no nea asetra bɛyɛ bere a Satan nkɛntɛnso afi hɔ no. Ka Bible adesua ho asɛm, na bɔ mmɔden sɛ wubefi ase amonom hɔ ara.

6 Esiane sɛ nnipa pii ani gye nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nti, wubetumi aka biribi te sɛ nea edi so yi de afi nkɔmmɔbɔ ase:

◼ “Yɛahu sɛ ɛkame ayɛ sɛ mframa, nsu, ne aduan a wɔresɛe no no haw obiara. Wɔ aman bi mu no, tebea a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia wom no de nkurɔfo nkwa reto asiane mu dedaw. Esiane sɛ Onyankopɔn ne asase Bɔfo nti, wususuw sɛ dɛn na ɔbɛyɛ wɔ eyi ho? [Twɛn ma ommua.] Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛma yɛabu sɛnea yɛde asase di dwuma no ho akontaa. [Kenkan Adiyisɛm 11:18b.] Fa no sɛ wote asase a efĩ biara nni so so!” Kyerɛ no Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne paradise no, sɛnea wɔada no adi wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 no. Fa mfonini a ɛwɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 302 no kyerɛ no. Fa nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔ hɔ. 7 Sɛ woresan akɔ obi a ɔkyerɛɛ Paradise asase ho anigye hɔ a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Bere a mebaa ha no, yɛtee ase sɛ ansa na wobedi asase a wɔasɛe no ho haw ho dwuma no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho gye onipa nsɛm mu. Nanso asɛmmisa no ne sɛ, Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya yɛn ti adidi mu akɔ wiase foforo a Onyankopɔn de reba a trenee te mu no mu?” Kenkan Yohane 17:3. Kyerɛ ofiewura no sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ yɛn Bible adesua a yennye hwee no mu na ama wanya saa nimdeɛ titiriw yi.

8 Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ wɔde yɛn bedi dwuma sɛ nnɛyi otwa adwumayɛfo ayɛ asɛnka adwuma a egye nkwa no! Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛyere yɛn ho de ntɛmpɛ aka asɛmpa no, ‘a yenim sɛ yɛn brɛ renyɛ kwa.’—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena