Boa Afoforo Ma ‘Wonni Nea Wɔakyerɛw no So’
1 Ɛnnɔɔso sɛ ‘yɛbɛte’ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no. Sɛ obi benya mu mfaso koraa a, ɛsɛ sɛ ‘odi’ nea wɔakyerɛw no so. (Adi. 1:3) Nhoma a yɛde ma yɛ asuafo a yɛbɛyɛ no mfiase ara kwa. Sɛ yenya anigyefo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie a, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn nkyɛn ntɛm ara kɔboa wɔn ma wosua pii. Dɛn ho asɛm na yebetumi aka wɔ yɛn sankɔhwɛ mu?
2 Sɛ wokaa sɛnkyerɛnne kwan so apɔnkɔsotefo baanan no ho asɛm wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi afi wo nkɔmmɔbɔ no ase saa kwan yi so:
◼ “Nnaano yɛbɔɔ Adiyisɛm nhoma no ne sɛnea wiase nsɛm a ɛresisi rema emu nkɔmhyɛ ahorow no nya mmamu nnɛ no ho nkɔmmɔ. Adiyisɛm ti 6 hyɛɛ apɔnkɔsotefo baanan no apɔnkɔka a ɛde basabasayɛ ne amanehunu kɛse bɛba asase so no ho nkɔm. Yɛahu eyi mmamu ankasa. Nnipa pii ntumi nhu bere a ahohiahia yi bɛba awiei na yɛatumi anya wiase a asomdwoe wom. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ná Yesu asuafo no ani gye ho sɛ wobenya asemmisa yi ho mmuae.” Kenkan Mateo 24:3, baabi a wobisaa asɛm no, ne afei nkyekyem 34, baabi a Yesu de ho mmuae mae no. Sɛ ɔkyerɛ ho anigye a, kyerɛkyerɛ no nna a edi akyiri no ho nsɛm pii.
3 Sɛ mobɔɔ Onyankopɔn Ahenni ho nkɔmmɔ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi de asemmisa yi afi ase:
◼ “Wususuw sɛ nniso bɛn na yehia na atumi adi adesamma ahiade nyinaa ho dwuma? [Twɛn ma ommua. Kenkan Yeremia 10:23.] Sɛnea wubetumi ahu no, ɛnyɛɛ Onyankopɔn pɛ da sɛ onipa ankasa bedi ne nsɛm ho dwuma. Mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛyɛ saa a Onyankopɔn mmoa nka ho no na ɛde yɛn haw ahorow mu fã kɛse no ara aba. Onyankopɔn Ahenni nkutoo ne nniso a ebetumi ama yɛanya yɛn ahiade.” Dan kɔ Reasoning nhoma no kratafa 230, na mommɔ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan no ase ho nkɔmmɔ. Kyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya Onyankopɔn mu ahotoso koraa fa toa nkɔmmɔbɔ no so.
4 Ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ eyi hwɛ de fi Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ ase:
◼ Fa mfonini a ɛwɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 302 no kyerɛ, na kyerɛkyerɛ mu: “Sɛ Onyankopɔn apɛde yɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛreyɛ wɔ soro no a, adesamma bɛba tebea horow a ɛyɛ anigye yi mu. Nanso, ebinom suro sɛ tebea bɔne ahorow bɛsan aba bio. Ɛrentumi mma saa efisɛ na abɔnefo nyinaa nni hɔ bio.” Kenkan Dwom 37:10, 11. To nsa frɛ ofiewura no sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ yɛn Bible adesua nhyehyɛe no mu na ama wasua pii.
5 Sɛ wugyaw “Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu” kratawa a, twe adwene si mfonini a ɛwɔ anim no so na afei kenkan nkyekyem 1 wɔ asɛmti a ɛne “Asetra wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu” ase. Afei ka sɛ:
◼ “Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra wiase a ɛte saa mu a, biribi a ɛho hia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Kenkan nkyekyem a etwa to no, na fa Adiyisɛm Awiei nhoma no ma no.
6 Esiane sɛ yɛn botae ne sɛ yebefi Bible adesua ase nti, ɛho hia sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn. Yɛ ho bere nhyehyɛe, na siesie wo ho yiye. Saa kwan yi so na yebetumi aboa komapafo no nokware mu.—Adi. 22:6, 7.