Dɛn na Metumi Aka na Akanyan Anigye Pii?
1 Atirimpɔw nti a yɛka asɛmpa no fã titiriw ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo, na ɛnyɛ sɛ yɛde nhoma bɛma kɛkɛ. Enti, bere a yɛahu onigyefo bi akyi no, ehia sɛ yɛyɛ aba a yɛagu no ho adwuma, na yɛyɛ yɛn fam de na Yehowa atumi ama onipa no anyin wɔ honhom fam. (1 Kor. 3:6) Dɛn na wubetumi aka de atoa asɛm a wudii kan ka kyerɛe a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no so? Tebea horow a wubetumi ahyia no ho nyansahyɛ ahorow bi ni.
2 Anigye no ho Dwuma a Wubedi: “Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ tiawa wɔ bere a atwam no mu no, na wunni adagyew koraa, nanso wugyee bere kaa nea wudwen wɔ daakye ho no ho asɛm. Sɛnea wobɛkae no, yɛkenkan Bible no wɔ Adiyisɛm 1:3 sɛ ‘bere a wɔahyɛ no abɛn.’ Ɛno ka yɛn nyinaa daakye tẽẽ. Hwɛ nea nhoma yi ka fa kyerɛwsɛm no ho. [Kenkan fi Revelation Climax nhoma no kratafa 17 nkyekyem 11 no mu.] Nhoma yi hwehwɛ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow no nyinaa mu, na ɛkyerɛ sɛnea yɛn ankasa betumi anya mu mfaso. So w’ani begye ho sɛ wubehu pii?
3 Revelation Climax Nhoma a Wode Befi Bible Adesua Ase: “Eye sɛ mabehu wo bio. Asɛm foforo bi wɔ nhoma a mede gyaw wo no mu a mepɛ sɛ meka ho asɛm, na ɛhyɛ nkuran yiye. Bible no ka “nkwa nhoma” bi a wɔn a wɔbɛtra ase daa no din wom ho asɛm. So wobɛpɛ sɛ wuhu din ko a ɛwɔ saa nhoma no mu no?” Bue Revelation Climax nhoma no kratafa 298. Kenkan nkyekyem 11, na afei bisa asɛm a ɛfa saa nkyekyem no ho no. Bere a moasusuw nkyekyem pii ho awie no, ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba na moatoa nkɔmmɔbɔ no so.
4 Nhoma Foforo a Wode Befi Bible Adesua Ase: “Ɛyɛ me anigye sɛ mabɛto wo wɔ fie nnɛ. Bere a etwa to a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, yeboom kenkan Bible mu bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 1:3 no. [Kenkan bio.] Hyɛ no nsow sɛ anigye a wɔaka ho asɛm no mma mpofirim ara kwa. Nneɛma abien ho hia: Ɛsɛ sɛ yɛkenkan nea Bible no ka, na afei yedi nea wɔakyerɛw no so anaasɛ yɛde di dwuma. ‘Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’ brochure yi bɛma nhoma a mede gyaw wo no akenkan ayɛ anigye kɛse, efisɛ ɛkyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no mu wɔ ɔkwan a asete nyɛ den so. Wɔahyehyɛ nsɛm 12 a nnipa pii bisa wɔ kratafa 30. Emu nea ɛwɔ he na anka wobɛpɛ sɛ wubua?” Bere a ofiewura no abua awie no, wubetumi abue faako a wɔabua asemmisa no wɔ brochure no mu no, na moafi Bible adesua ase.
5 Fa Mfonini Kanyan Anigye: Mfonini fɛfɛ pii wɔ Revelation Climax nhoma no mu. Yebetumi atwe adwene asi eyinom so de akanyan anigye. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ a, yebetumi abue kratafa 7. Fa Yohane a ɔwɔ Patmo supɔw so no ho mfonini no kyerɛ. Adiyisɛm 1:3 si so dua sɛ adiyisɛm a wɔde maa Yohane no yɛ nkrasɛm a ɛyɛ anigye. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ saa bere a Adiyisɛm ka mmoa a wɔn ho yɛ hu ne ɔsɛe ho asɛm no? Munsusuw nhoma no kratafa 6 nkyekyem 1 ne 2 ho. Wubetumi de nhoma no awiei mfonini ahorow no, ne mfonini a ɛkyerɛ Paradise asase wɔ nkratafa 302, 308, ne 309 no adi dwuma.
6 Sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow a, ɛsɛ sɛ yegyina nea yɛkae wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no so ka yɛn asɛm no. Yɛn som adwuma no fã yi a yɛbɛma yɛn ani aku ho yiye no bɛma yɛne yɛn atiefo anya nhyira pii afi Yehowa hɔ.—1 Tim. 4:16.