Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Denam Revelation Climax Nhoma No So
1 Kora mmabarima kyerɛw faa Yehowa ho sɛ: “Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu.” (Dw. 48:14) Saa mmarima anokwafo no fi ahotoso mu de wɔn ho too Yehowa so, na wobuu wɔn bra nyinaa ma ɛne ɔsoro akwankyerɛ hyiae. Nhwɛso pa a wɔyɛ maa yɛn bɛn ara ni! Wɔn a Yehowa kyerɛ wɔn kwan nnɛ no nya ahodwo ne ntease. (Yes. 58:11) Wɔkwati nea ɛto wɔn a wodi nhyehyɛe bɔne yi “akwankyerɛfo anifuraefo” a wodi wɔn akyidifo anim kɔ amanehunu ne basaayɛ “amoa” mu akyi no.—Mat. 15:14. New World Translation.
2 Ɔsoro akwankyerɛ ho hia titiriw nnɛ bere a wiase a atwa yɛn ho ahyia no kɔ so yɛ basaa kɛse na emu yɛ hu no. Nnipa pii adwene atu afra, na wɔpɛ sɛ wonya mmuae a akomatɔyam wom. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakenkan Revelation Climax nhoma no! Nhoma yi de ɔsoro akwankyerɛ ma denam nsɛm a ɛwosow asase no a esisi wɔ yɛn bere yi mu ma Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ ahorow nya mmamu no mu a ɛkyerɛkyerɛ no so. Nsɛm a ɛte sɛɛ ma ahotɔ na ɛde sɛnea nnipa betumi abu bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho akwankyerɛ pa ma.
REVELATION CLIMAX NHOMA NO A YƐDE BƐMA
3 Revelation Climax nhoma no mu ade a ɛda nsow ne mu mfonini ahorow a ɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa kɛse no. Fa mfonini ahorow yi di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so bere a wode nhoma no rema wɔ asɛnka mu no. Sɛ nhwɛso no. Ahenni nhyira horow no ho mfonini wɔ kratafa 302. Eyi yɛ sɛnea mfoniniyɛfo bi susuw 2 Petro 3:13 ne Adiyisɛm 21:4, yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu kyerɛw nsɛm no ho wɔ n’adwene mu ho mfonini.
4 Sɛ yehu onigyeni bi wɔ afie afie asɛnka mu a, yebetumi aka Revelation Climax nhoma no ne sɛnea ɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee no ho asɛm akyerɛ no. Akyiri yi yebetumi de nhoma no akɔma no, na yɛne no asusuw mu nneɛma ahorow no ho, ebia denam nnianim nsɛm a edidi so yi so: “Wiase abakɔsɛm rekanyan anigye wɔ yɛn bere yi mu. Wiase akannifo bi te nka sɛ yɛreyɛ adu asomdwoe bere foforo mu. So wote nka saa? [Ma ofiewura no mmua.] Ɛwom sɛ ebia nniso resiesie amammui mu ntawntawdi de, nanso ɛte sɛ nea su a nkurɔfo yi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. ne basabasayɛ ko tia mmɔden a onipa bɔ sɛ ɔde asomdwoe bɛba no. Nanso, Bible no de asase so abusua foforo a wɔbɛyɛ ade wɔ ɔsoro nniso ase no ho bɔhyɛ ma wɔ 2 Petro 3:13. [Kenkan kyerɛwsɛm na bue nhoma no kratafa 302.] Eyi yɛ nea kyerɛwsɛm no ka ho mfonini a mfoniniyɛfo bi ayɛ. Dɛn na ɛkanyan w’anigye wɔ mfonini yi mu? [Ma ommua.] Bible no ka tebea horow a ɛbɛtra asase so no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 21:4 nso sɛ [kenkan kyerɛwsɛm a ɛwɔ kratafa 303, nkyekyem 6]. Owu mpo rensɛe asomdwoe a Onyankopɔn bɛma aba no.” Wubetumi anya nnianim nsɛm pii a ɛfata mo asasesin no wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15.
5 Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yɛka Ahenni nhyira no ho asɛm wɔ asɛmpaka no mu de, nanso ehia nso sɛ yɛboa anigyefo ma wohu Yesu Kristo nkrasɛm a egye ntɛmpɛ a waka wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no. Enti, yɛbɛpɛ sɛ yɛde pɛ a yɛpɛ sɛ yɛboa komapafo ma wohu atemmu a ɛbɛba nhyehyɛe yi ne n’akyigyinafo so ntɛm no wie nkɔmmɔbɔ no.
6 Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow ma yenya ahodwo ne anigye. Yehowa frɛ komapafo nyinaa sɛ wonni n’akyi na ayɛ mfaso ama wɔn ankasa. Momma yɛmfa Revelation Climax nhoma no mma nnamyɛ so, na Yehowa akwankyerɛ a nyansa wom no akyerɛ yɛn kwan.