Abusua Adesua A Ɛsow Aba A Yɛbɛyɛ
1 Mmofra yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. (Dw. 127:3) February 1, 1985 Ɔwɛn-Aban no kaa asɛm a ɛkanyan adwene a akontaabu ho asɛm wom yi wɔ kratafa 8 sɛ: “Ɛyɛ nea ɛyɛ mmɔbɔ bere a wohu sɛ ɔdan fɛfɛ bi hyew na edwiriw gu fam no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ wo yaw kɛse, sɛ wo na wusii a! Sɛ́ wubehu sɛ wo bere ne wo mmɔdenbɔ nyinaa ayɛ ɔkwa wɔ ogya no mu no bɛyɛ yaw ampa. Nanso yaw a eyi yɛ no nnu awerɛhow a Kristoni ɔwofo a ne babarima anaa ne babea gyaw nokware no esiane wiase nneɛma nti te nka no. Nsɛm kakraa bi na ebetumi ayɛ yaw asen obi ba a wohu sɛ ɔba honhom mu ɔsɛe a ɛte sɛɛ mu no.”
“NHYEHYƐE NO NYƐƐ ADWUMA DA!”
2 Kristofo awofo nim sɛnea ɛho hia sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm bɛhyɛ wɔn mma adwene ne wɔn koma mu no. Kan no, moyɛɛ abusua adesua ho nhyehyɛe bi nanso biribi nti, ɛyɛɛ adwuma kosii baabi. Akyiri yi mosan hyɛɛ ase bio, nanso annu akyiri. Dɛn na mubetumi ayɛ mprempren na moasan ahyɛ nhyehyɛe no ase bio, na moakɔ so ayɛ daa na asow aba?
3 Esiane sɛ yɛwɔ asetra mu nneɛma pii a yebedwen ho nti, eye sɛ ‘yɛhwɛ yiye, na yɛtɔ adagyew bere’ fa. (Efe. 5:15, 16) Osuahu akyerɛ sɛ eye na mfaso kɛse wɔ so sɛ wɔ agya no akwankyerɛ ase no, wɔde da ne bere besi hɔ wɔ dapɛn no mu de ayɛ abusua adesua no na wɔadi so. Sɛ ɛho hia sɛ moyɛ nyansahyɛ yi mu nsakrae a, monkɔ so ara mmɔ mmɔden sɛ mobɛma mo abusua adesua no ayɛ ade a moyɛ no dapɛn biara. Sɛ moagyae mo abusua adesua no yɛ a, dɛn nti na monsan nhyɛ ase bio?
4 Ɛwom sɛ atirimpɔw titiriw nti a yɛyɛ abusua adesua ne sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm bɛhyɛ mmofra no koma ne wɔn adwene mu de, nanso ɛyɛ nea wɔhwɛ kwan sɛ ɔyere no bɛtra mu bi na ɔde ne ho ahyem nnamyɛ mu. Onim nea mmofra no yɛ da biara da no yiye, ma enti obetumi aboa ma wɔate adesua no mu nsɛntitiriw ase koraa. Abusua adesua no nyɛ bere a wɔde yeyaw mmofra no anaasɛ wɔka wɔn anim denneennen. Ɛwom sɛ yɛnam so betumi de ahokokwaw ne ɔdɔ asiesie abrabɔ ne subammɔne a wɔda no adi no de. Mfa abaa nto wo nkyɛn bere a woreyɛ adesua no—sɛ ebia! Obiara nni hɔ a obetumi asua ade bere a ne koma atu anaasɛ ehu aka no no. Afei nso, sɛ wokɔ so de nsɛm te sɛ “Sɛ wokɔ so yɛ asoɔden a, Yehowa bɛsɛe wo wɔ Harmagedon” yi mmofra no hu a, ɛrensow aba. Abofra no bebu Yehowa wɔ n’adwene mu sɛ Onyankopɔn a ne ho yɛ hu nkutoo, na ɛnyɛ ɔdɔ Onyankopɔn no.
NHOMA A MUBESUA
5 Mmara biara nni eyi mu. Nnyinasosɛm a ɛbɛkyerɛ awofo kwan a wɔde bɛyɛ adwuma ne nea ɛwɔ Mateo 24:45 no. Ɛbɛyɛ papa sɛ awofo ma wɔn abusua “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” de suasua akoa nokwafo ne ɔbadwemma no. Wobetumi agyina mfe a mmofra no adi so de Me Nhoma a eka Bible Mu Nsɛm anaasɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse nhoma no adi dwuma. Afei nso Youth ne Young People Ask nhoma no wɔ hɔ, anaasɛ wobetumi akenkan Bible no ankasa. Wobetumi ama abusua no mufo a wɔanyinyin no ayɛ nhwehwɛmu abɛka akyerɛ abusua no na wɔabɔ ho nkɔmmɔ. Mmusua binom ahu sɛ ɛboa kɛse sɛ wobesua “Yesu Asetra ne Ne Som Adwuma” no nnidiso nnidiso sɛnea epue wɔ Ɔwɛn-Aban no mu no. Nneɛma pii wɔ hɔ a yebesua afi Yesu Kristo hɔ sɛnea wɔada no adi wɔ nsɛm no mu no: sɛnea ɔne nnipa dii, ɔdɔ a na ɔwɔ ma nokware no. Yehowa ho nsiyɛ ne ɔsom adwuma no ho anigye, ne ade. Nokwarem no, bere a yesuasua Yesu no na yɛresuasua Yehowa ankasa, efisɛ Yesu Kristo daa Yehowa nipasu adi pɛpɛɛpɛ.—Yoh. 14:9.
DU KOMA NO MU
6 Sɛ yebedu koma no mu a, ehia sɛ yesua “ɔkyerɛkyerɛ.” (2 Tim. 4:2; Mmeb. 3:1) Nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛboa mmofra no ma wɔadwen nea wosua no ho. Wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa nsemmisa nni dwuma ahokokwaw mu mfa nsuasua Yesu Kristo. Nneɛma afoforo akyi no, nsemmisa boa awofo ma wohu sɛ mmofra no te asɛm no ase ankasa anaa.
7 Agya no betumi de Bible nnyinasosɛm bi adi dwuma anaasɛ ɔde da biara tebea bɛyɛ mfatoho de asan akyerɛkyerɛ mu, na ɔde nsemmisa ama mmofra no akyerɛ wɔn adwene, te sɛ “Sɛ w’atipɛnfo di wo ho fɛw sɛ wunni mpena a, dɛn na wobɛyɛ? So nyansa wɔ Bible abrabɔ ho gyinapɛn a ɛwɔ 1 Korintofo 6:18 no mu, na etumi yɛ adwuma? Dɛn nti na ɛte saa? Adanse bɛn na wuhu sɛ atwa wo ho ahyia a ɛkyerɛ sɛ nyansa wɔ Onyankopɔn abrabɔ pa ho gyinapɛn akyidi mu? So wugye tom sɛ Onyankopɔn mmara mfa biribi pa bi nkame yɛn ankasa?”
8 Sɛ abofra bi mmuae ma mo ho dwiriw mo anaasɛ mo aba mu bu sɛ awofo nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ moma mo bo fuw, efisɛ ebebu wɔn aba mu ma wɔremfi wɔn pɛ mu nkyerɛ wɔn adwene. Mmom no, momfa aseda mma sɛ wamfa ne nkate anaasɛ ne nsusuwii ankasa anhintaw mo. Esiane sɛ afei moahu n’adwene wɔ ade no ho nti, mo ba no aboa mo ma moahu ade pɔtee a ɛsɛ sɛ moyɛ de boa no ma ohu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no.—2 Kor. 10:4, 5.
9 Kyerɛ a wɔbɛkyerɛ nea enti a wɔka nsɛm no yɛ ɔkwan a etu mpɔn foforo a wɔfa so kyerɛkyerɛ mmofra ade. Fa no sɛ wuhuu nkyerɛwee bi wɔ ofi bi ano pon ho a ɛkenkan sɛ “Hwɛ Yiye!” Eyi ma wuhu sɛ asiane bi wɔ hɔ. Nanso sɛ wɔakyerɛ nea enti a wɔka saa, sɛ nhwɛso no. “Hwɛ Yiye!—Akraman a Wɔyɛ Keka Wɔ Ha” a, so wunnye ntom sɛ wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ no yiye? Ɛnkyerɛ sɛ ehia sɛ mmofra hu nea enti a wɔka biribi no bere nyinaa na ama wɔayɛ osetie ama Onyankopɔn. Enti, nea ɛsen biara no, boa wɔn ma wonhu Yehowa papayɛ ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ n’akwan teɛ bere nyinaa, na ɛwɔ hɔ ma yɛn mprempren ne yɛn daa yiyedi.
10 Bere a mobom sua ade no, ma ɛntra w’adwenem daa sɛ wubegyina wɔ mmeae a ɛfata na woatwe adwene asi Yehowa su horow a ɛso nni no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw agyede no ho a, wubetumi abisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na agyede nsiesiei no ma ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no yɛ kɛse?” Sɛ osetie ne asɛm a moresusuw ho a, wubetumi aboa mmofra no ma wɔahu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa yɛ honhom Nipa a n’ani gye yɛn ho sɛ ankorankoro. Sɛ yɛyɛ papa a, ɛwom sɛ nnipa nhu de, nanso Yehowa hu na ɛma ne koma ani gye. (Mmeb. 27:11) Sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛbɛma Yehowa ‘werɛ ahow.’—Dw. 78:40, 41.
11 Yegye tom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw ma awofo (a mmusua a ɔwofo biako pɛ na ɔwom ne wɔn a wɔwɔ afie a emu apaapae mu ka ho) no bɛyɛ abusua adesua no daa, dapɛn biara. Nanso, wɔnam Yehowa mmoa so betumi ayɛ. Nanso ɛsɛ sɛ awofo fi anigye mu de bere a ɛsow aba di dwuma wɔ abusua adesua no mu, na wobenya anigye ne akomatɔyam a ɛne sɛ wobehu wɔn mma sɛ wɔanyin ayɛ Bible asuafo a wobu Bible no sua aniberesɛm ne Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so na wodi nokware.—Mmebusɛm 22:6; 3 Yohane 4.