Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma April: Revelation Climax nhoma. Nea mubetumi de asi ananmu ne Young People Ask. Sɛ munni nhoma abien yi mu biara a, mubetumi de nhoma a ekura nkratafa 192 no biara a mowɔ ama. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra. July: Mankind’s Search for God.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no ne ɔkyerɛwfo hwɛ hu sɛ wɔde Nkaedi Amanneɛbɔ a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ awie bɛmana ntɛm ara Dwoda, April 1, denam “Express” so. Monka wɔn a wɔbaa akuw no nyinaa mu dodow mmom na momfa mmana sɛ amanneɛbɔ biako. Ɛsɛ sɛ mokyerɛw wɔn a wodii bi no din sɛnea motaa yɛ no. Sɛ asafo abien anaa nea ɛboro saa bom hyiam yɛ Nkaedi no a, ɛsɛ sɛ wɔde amanneɛbɔ biako pɛ mana sɛ wɔn nyinaa de. Momfa address a wɔde ama mo asafo no nni dwuma mfa amanneɛbɔ no mmana, anaasɛ momfa nkɔ faako a mutua mo sika wɔ hɔ no.
● Nhoma a edidi so yi bi wɔ hɔ na mubetumi akra: Mankind’s Search for God, Young People Ask, Insight on the Scriptures, Biako a Wɔayɛ De Resom (Ewe ne Twi) ne How Can Blood Save Your Life?
● Wɔbɛma ɔkasa titiriw no Kwasida, April 7. Asɛmti no ne “Mesia no Ba ne Ne Nniso.” Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a ɔmansin sohwɛfo abɛsra wɔn no yɛ baguam nhyiam titiriw no dapɛn a edi hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔnyɛ wɔn nhyiam Kwasida no yɛ baguam nhyiam titiriw no wɔ April 8 kosi 13 dapɛn no mu.