Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/92 kr. 1
  • Adiyisɛm—Wɔate Ahintasɛm Ahorow no Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adiyisɛm—Wɔate Ahintasɛm Ahorow no Ase
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Nkɔmhyɛ no mu Nsɛm’ a Yɛbɛbɔ no Dawuru
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Yebesua Adiyisɛm Awiei Nhoma No
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Adiyisɛm Nhoma No—Emu Nsɛm No Kyerɛ Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 4/92 kr. 1

Adiyisɛm—Wɔate Ahintasɛm Ahorow no Ase

1 Adiyisɛm nhoma no ayɛ ahintasɛm bere tenten. Mfehaha pii no, Bible ho adenimfo pɛe sɛ wohu nea emu ahintasɛm ahorow no kyerɛ, nanso kakraa bi na wohui. Nanso ɛnyɛ nea Adiyisɛm mu nsɛm a wofi soro de mae denam honhom no so bɛkɔ so ayɛ ahintasɛm daa. Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛte ase no fã. (2 Tim. 3:16, 17) Anigyesɛm ne sɛ Onyankopɔn rema wɔate Adiyisɛm ase bere a emu nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye no renya mmamu wɔ yɛn bere yi mu no. Sɛnea Yehowa nam Yohane so de anisoadehu ahorow yi maa ne mfɛfo Kristofo no, saa ara na nnɛ Ɔnam “akoa nokwafo” no so rema wɔahu nea nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi kyerɛ.—Mat. 24:45-47; Adi. 1:1-3.

2 Nhoma a Yɛde Bɛma April: Revelation—Its Grand Climax At Hand! nhoma no ama Onyankopɔn nkurɔfo anya ntease kɛse na ahyɛ wɔn nkuran. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ mo asasesin no mu nnipa kyerɛ ho anigye? Efisɛ nhoma a emu nsɛm yɛ anigye yi ka awiei bere nsɛm a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ ebesisi wɔ nna a edi akyiri yi mu no ho asɛm. So nnipa a wodwen kyerɛ daakye a Onyankopɔn ka ho asɛm ho anigye? Ɛwom sɛ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no da Onyankopɔn trenee atemmu adi de, nanso ɛde daakye nhyira horow a ɛyɛ nwonwa nso ho bɔhyɛ ahorow ma. (Adi. 21:1-5) Ne nkrasɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee no asete boa yɛn ma yehu bere a yɛwom no, na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ gye ntɛmpɛ.

3 So Revelation Climax nhoma no mu yɛ den dodo sɛ ɔmanfo bɛte ase? Ɛda di sɛ emu nyɛ den dodo mma nnipa pii. Hyɛ nsɛm pii a wɔn a wɔkenkan nhoma no ka no mu kakraa bi nsow. Ɔbarima bi se: “Tumi wɔ nsɛm yi mu. Nanso ɛyɛ anigye. M’ani gye ho.” Ɔsɔfo bi se: “Minnim anaasɛ menkenkan biribi a ɛyɛ anigye ne nokware yiye sen nhoma yi da!” Onipa foforo bi a ɔkenkan nhoma no wiei ansa na dapɛn biako redu no kae sɛ: “Mprempren de, mahu nokware no yiye. Mepɛ sɛ mesakra m’asetra nyinaa koraa.” Ɛda adi pefee sɛ nnipa pii renya anigye bere a wɔkenkan Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no na wɔte ase nea edi kan wɔ wɔn asetra mu, na wofi ase di emu nsɛm so no.

4 Yi Wo Yam Kamfo Revelation Climax no Kyerɛ Afoforo: Wɔ afie afie adwuma no akyi no, nnipa pii atumi de Revelation Climax nhoma no ama abusuafo, amannifo, ne nnipa a wohyia wɔn wɔ adwumam wɔ bɔnnɔ so. Kyerɛ sɛnea w’ankasa woanya mu mfaso, na hyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnkenkan Adiyisɛm nhoma no, ɛwom sɛ ebia wɔate nka sɛ emu yɛ den dodo sɛ wɔbɛte ase de.

5 Hwɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛanya nsɛm a ebesisi daakye a wɔada no adi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu ho nimdeɛ, na Onyankopɔn nam ne kaseɛbɔ kwan so akyerɛkyerɛ mu nnɛ! Momma yɛmma wɔn a wobetie no nhu nea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ daa. (Fa toto Luka 11:52 ho.) Bere a yɛyɛ saa no, yɛwɔ anidaso sɛ nnipa afoforo pii begye daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu ho anidaso no atom, na wɔabɛka yɛn ho ma yɛayɛ yɛn Bɔfo no apɛde.—Adi. 4:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena