Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
1 “Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den ne wɔn a wotie na wodi nea wɔakyerɛw wom no so; na bere a wɔahyɛ no abɛn.” (Adi. 1:3) Saa nsɛm no si mfaso a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no so dua, titiriw esiane sɛ yɛte bere a emu nkɔmhyɛ pii benya ne mmamu mu no nti. Eyi nti, yebefi ase asua Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase wɔ January 8, 2007 dapɛn no mu.
2 Efi bere a etwa to a yesuaa Adiyisɛm Awiei nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no, wiase no su asesa wɔ akwan pii so. (1 Kor. 7:31) Bio nso, nnipa pii a wɔabɛka wɔn a wɔreka Ahenni ho asɛmpa no ho no nnyaa hokwan nsuaa Adiyisɛm nhoma no ti ahorow mu nkyerɛkyerɛmu no bi da. Ɛsɛ sɛ Adiyisɛm Awiei nhoma no a yɛrebesua no boa yɛn nyinaa ma yɛwɛn wɔ nneɛma a ebesisi daakye no ho.—Adi. 16:15.
3 Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ bi nnawɔtwe biara. Emu nsɛm no bɛboa yɛn ma yɛawɛn, na afei nso Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no bɛboa yɛn ma yɛakwati tebea horow a ebetumi asɛe yɛn asɛnka adwuma no ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ.—Adi. 1:11, 19.
4 Siesie Wo Ho Yiye: Ansa na wobɛkɔ nhoma adesua biara no, kenkan Adiyisɛm nhoma no nkyekyɛm ahorow a yebesusuw ho no yiye wɔ Bible mu. Hyɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a wɔde kyerɛkyerɛ Adiyisɛm nhoma no mu no nsow. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte emu nsɛntitiriw no ase ma aka wo koma. (Neh. 8:8, 12) Gye bere fa dwennwene nsɛm no ho, na bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na eyi ma mihu fa Yehowa ne n’atirimpɔw a ɛbɛbam no ho? Mɛyɛ dɛn abɔ me bra ma ɛne Yehowa atirimpɔw ahyia na mede aboa afoforo?’
5 Efi bere a “Awurade da no” fii ase wɔ afe 1914 mu no, mfe 92 atwam. (Adi. 1:10) Nsɛm akɛseakɛse a ebesisi wɔ asase so a wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no bɛbam nnansa yi ara. Adiyisɛm Awiei nhoma no a yɛrebesua no bɛkanyan yɛn koma ne yɛn adwene na ahyɛ yɛn gyidi den sɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” ne wiase foforo no abɛn.—Adi. 16:14; 21:4, 5.