‘Nkɔmhyɛ no mu Nsɛm’ a Yɛbɛbɔ no Dawuru
1 Yɛte bere a Adiyisɛm nhoma no mu nkɔmhyɛ ahorow renya mmamu mu. Nnipa pii hwehwɛ sɛ wobehu nea enti a nsɛm a ɛhaw adwene resisi. Wobetumi anya mfaso afi Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ no mu ‘nsɛm a wɔbɛte’ no mu. (Adi. 1:3) Wɔ ɔsram a ɛne March mu no, yɛwɔ hokwan a ɛbɛma yɛde Adiyisɛm Awiei nhoma no adi dwuma de aboa wɔn. Sɛ yɛde rema wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ wɔhyɛɛ ɔhaw ahorow a adesamma rehyia nnɛ no ho nkɔm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Ɛnde, dɛn na yebetumi aka?
2 Ɔkwan yi betumi atu mpɔn:
◼ “Ɔko, ɔkɔm, ne ɔyare ahaw adesamma wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Wususuw sɛ dɛn nti na ɛte saa bere a onipa anya mfiridwuma mu nkɔanim kɛse saa no? [Twɛn ma ommua.] Ɛyɛ nnipa pii nwonwa sɛ wobehu sɛ wɔhyɛɛ tebea horow yi ho nkɔm wɔ Bible no mu. Ebia wunim asɛm ‘Adiyisɛm no mu apɔnkɔsotefo baanan no.’ Nea Bible no ka fa apɔnkɔsotefo yi ho no yɛ nkɔmhyɛ ankasa a nsɛm a esisi wɔ wiase no mu nnɛ rema enya mmamu. [Bue Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 16, na fa nkratafa 91-7 hɔ mfonini ahorow no kyerɛ no.] Ɛwom sɛ nkɔmhyɛ yi ka bere bi a ahohiahia kɛse bi bɛba ho asɛm to hɔ de, nanso ɛde anidaso nso ma. [Kenkan Adiyisɛm 6:2 wɔ nkyekyem 3.] Ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo ne Yesu Kristo. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma nsɛmmɔnedi agyae na ɔnam Ahenni a ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no so de wiase a anigye ne asomdwoe wom bɛba.” Fa nhoma no ma no anigye so.
3 Ebia asemmisa yi betumi akanyan nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye:
◼ “Wote nka sɛ dɛn na ehia na wɔayi tebea bɔne a ɛwɔ wiase no afi hɔ? [Twɛn ma ommua.] Nnipa dodow no ara gye tom sɛ sɛ wiase yi bɛkɔ so atra hɔ a, ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae akɛse. Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim sɛnea obedi yɛn haw ahorow ho dwuma na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn.” Dan kɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 171, na kenkan Adiyisɛm 11:15 wɔ nkyekyem 1 hɔ. Bue nkratafa 302 ne 308 hɔ mfonini ahorow no, na kyerɛ nhyira horow a yebenya wɔ Ahenni nniso a ɛhyɛ Kristo nsa no mu. Afei kyerɛ sɛnea ofiewura no ankasa betumi anya so mfaso.
4 Ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛka biribi te sɛ eyi:
◼ “Nnipa pii a wɔakenkan Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no hu sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Ɛka nsɛm a egu ahorow na ɛyɛ nwonwa a ebesisi. Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma yi ka Adiyisɛm nhoma no nyinaa mu nkyekyem biara ho asɛm na ɛkyerɛ sɛnea emu nkɔmhyɛ ahorow no mmamu ka yɛn ankasa.” Bue nhoma no kratafa 15, nkyekyem 2, na twe adwene si Adiyisɛm 1:1 a ne nkyerɛwee yɛ tuntum pii no so. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔde saa nkyerɛkyerɛmu pɔtee yi ama wɔ Adiyisɛm nhoma no mu nkyekyem biara ho, na nsɛm yi bɛboa no ma wate nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa yi ase. Afei fa nhoma no ma no.
5 Sɛ onipa no annye nhoma no a, wubetumi de nsɛmma nhoma anaa kratawa ama no. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔkanyan anigye no bio.
6 Nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm mu no ka adesamma nyinaa. Ɛho hia sɛ obiara te nkɔmhyɛ no mu nsɛm no. Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de abɔ asɛm a ɛho hia yi dawuru.