Adeyɛ a Ɛho Hia Sen Biara Wɔ Adesamma Abakɔsɛm Mu
1 Yesu baa asase so wɔ n’Agya akwankyerɛ ase bedii nokware a ɛbɛma yɛanya daa nkwa no ho adanse. (Yoh. 18:37) Nokware a odi kosii owu mu no de nidi brɛɛ Yehowa, ɛtew Onyankopɔn din ho, na ɛde agyede mae. (Yoh. 17:4, 6) Eyi ne ade a ɛma Yesu wu no yɛ adesamma abakɔsɛm mu adeyɛ a ɛho hia sen biara no.
2 Mmarima a wɔyɛ pɛ baanu pɛ na wɔatra asase yi so. Ná Adam betumi de nhyira ahorow a ɛyɛ nwonwa ama n’asefo a na ɔnwoo wɔn no. Mmom no, ofi pɛsɛmenkominya mu tew atua, na ɛde wɔn baa asetra a ɛyɛ awerɛhow a na ɛbɛkɔ akowie owu mu mu. Bere a Yesu bae no, ɔdaa nokwaredi ne osetie a ɛyɛ pɛ adi, na obuee daa nkwa hokwan maa wɔn a wogye di nyinaa.—Yoh. 3:16; Rom. 5:12.
3 Yesu afɔrebɔ wu no sen biribiara a asi pɛn. Ɛsakraa adesamma abakɔsɛm. Ɛmaa wonyaa nea wobegyina so anyan nnipa ɔpepepem pii afi awufo mu. Ɛtoo Ahenni a ɛbɛtra hɔ daa a ɛde abɔnefosɛm bɛba awiei na ama asase adan paradise no fapem.—Dw. 37:11; Aso. 24:15; Rom. 8:21, 22.
4 Eyi nyinaa boa yɛn ma yehu nea enti a Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ wɔnhyɛ Nkaedi fã no mfa nkae ne wu afe biara no. (Luka 22:19) Yɛhwɛ kwan sɛ wo ne Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa behyiam Fida, April 14, bere a owia akɔtɔ de akyerɛ hia a ɛho hia no ho anisɔ. Ansa na saa bere no bedu no, ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛbom akenkan Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu nna a edi akyiri wɔ asase so ne akokoduru a ɔde gyinaa nokware no afã no ho asɛm sɛ abusua. (Hwɛ 1995 Calenda, April 9-14.) Ɔyɛɛ ɔsom a yɛde bɛma yɛn Bɔfo no ho nhwɛso maa yɛn. (1 Pet. 2:21) Momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nto nsa mfrɛ yɛn nnamfo ne abusuafo, ne wɔn a yɛne wɔn sua Bible no ne anigyefo afoforo. Di kan kyerɛkyerɛ nea ɛbɛkɔ so no ne nea abodoo ne bobesa no kyerɛ no mu kyerɛ wɔn.—1 Kor. 11:23-26.
5 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe yiye na wɔhwɛ hu sɛ Ahenni Asa no ho ne ɛso tew fɛfɛɛfɛ. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔn nsa ka abodoo ne bobesa no bi. Wɔde sɛnea yebetumi akyerɛ obu ama Awurade Anwummeduan no ho nyansahyɛ ahorow a ɛboa maa wɔ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban mu, wɔ kratafa 27. Ɛbɛyɛ nea ɛfata yiye sɛ asafo no bɛyɛ nhyehyɛe atrɛw wɔn asɛnka adwuma mu nna pii ansa na afahyɛ no adu so ne ɛno akyi nna kakra.
6 Afe a etwaam no, nnipa a wɔn dodow si 12,288,917 na wohyiae wɔ wiase nyinaa hyɛɛ adeyɛ a ɛho hia yi ho fã. Esiane sɛ ɛne da a ɛho hia sen biara wɔ yɛn kalenda so nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ bi.