Owu a Ɛde Daa Nkwa ho Anidaso Ma ho Fã a Yɛbɛhyɛ
1 Yɛbɛhyɛ nkwa Hene no wu ho fã bere a owia akɔtɔ April 6, 1993 no. (Aso. 3:15) Nokwarem no, ɛfata yiye sɛ yɛkae Yesu Kristo asetra ne ne wu. Anidaso ankasa a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa no gyina Yesu mogya a ohwie gui no so.
2 Nkaedi no si nea Kristo wu kyerɛ wɔ Yehowa atirimpɔw mmamu mu so dua. Ɔdesani afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ a ehia na wɔagye Adam asefo, na atumi ama ɔpepepem pii anya gyidi na wɔatra ase daa wɔ paradise asase so a wɔde bɛma no ka saa atirimpɔw no ho.—Yoh. 3:16.
3 Wɔn a wɔdɔ nokware ne nkwa nyinaa hwɛ kwan sɛ wɔbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã de adi Yesu ahyɛde so. (Luka 22:19) Sɛ ankorankoro no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ nsiesiei a ɛne Kristo agyede afɔrebɔ no ho anisɔ? Nhyehyɛe pa ho hia yiye na yɛde ahu nea afahyɛ yi kyerɛ. Ɛnde nhyehyɛe ahorow bɛn na moreyɛ wɔ adeyɛ a ɛda nsow yi ho?
4 Ehia sɛ Yedi Kan Siesie Yɛn Ho: Nokwarem no, yɛbɛhwɛ sɛ abusua no muni biara bɛkɔ ase. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn adwene nso denam Bible mu nsɛm a ɛwɔ 1993 Kalenda no so ma April 1-6 a yɛbɛkenkan na yɛadwen ho no so. Ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛde nea Nkaedi no kyerɛ ho nsɛm ka yɛn kokoam ne abusua Bible adesua ho ansa na April 6 adu. Monyɛ nhyehyɛe sɛ mubedu hɔ ntɛm, na montra hɔ kakra bere a Nkaedi afahyɛ no aba awiei no, na ama moama afoforofo a ebia wɔbɛba bi nea edi kan no akwaaba.
5 Wɔ dapɛn a edi Nkaedi no anim yi mu no, to nsa frɛ anigyefo a wunim wɔn nyinaa bra afahyɛ yi ase. Wɔde nkrataa a yɛde to nsa frɛ afoforo kaa nneɛma a wɔde kɔmaa asafo ahorow no wɔ February mu no ho. Sɛ wode eyinom redi dwuma a, kae sɛ wobɛka bere ne beae a mobɛhyɛ fã no wɔ mo hɔnom no akyerɛ anigyefo no. Kyerɛw wɔn a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn no din. So wɔn a wɔpɛ sɛ wɔba no nyinaa wɔ kar a wɔde bɛba? Sɛ wonni bi a, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn? Sɛ ɔkwan wɔ wo kar no mu a, dɛn nti na wummisa mpanyimfo no sɛ ebia obi hia kar a ɔde bɛba anaa?
6 Esiane sɛ eyi ne afe no mu afahyɛ a ehia sen biara, na yɛhwɛ kwan sɛ nnipa bebree bɛba nti, ebehia sɛ mpanyimfo no di kan yɛ ahosiesie titiriw bi. (1 Kor. 14:40) Bere a aka dapɛn biako anaa nea ɛte saa ma April 6 adu no, mpanyimfo bɛyɛ nhyehyɛe na wɔne anuanom a wɔbɛboa wɔ afahyɛ no mu no ayɛ nhyiam titiriw bi, ahwɛ ahu sɛ wɔte sɛnea nnipa no bɛtra ase ho nhyehyɛe horow ne abodoo ne bobesa a wɔde bɛfa nnipa no anim ase. Sɛ wɔpaw wo sɛ boa wɔ afahyɛ no mu sɛ obi a ogye ahɔho anaa nea ɔde abodoo ne bobesa bɛfa nnipa no anim a, hwɛ sɛ wubedi mpanyimfo no akwankyerɛ akyi yiye wɔ nsɛm yi mu. Bere a mpanyimfo no kenkan adaka a ɛwɔ kratafa 7 no mu nkaebɔ ahorow no, wobetumi ahwɛ ma wɔadi kan adi wɔn a wobegye ahɔho, wɔn a wɔde abodoo ne bobesa bɛfa nnipa no anim, abodoo ne bobesa, ne ɔkasafo no ho nhyehyɛe nyinaa ho dwuma.
7 Kristo nuanom no mu kakraa bi pɛ na wɔda so ara wɔ asase so nnɛ, na ɛrenkyɛ na Awurade Anwummeduan afahyɛ no aba n’awiei. (1 Kor. 11:25, 26) Bere tenten a yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ saa no, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so ahyɛ owu a ɛde daa nkwa ho anidaso ma no ho fã sɛnea ɛfata.