Kɔ So Ka Sɛ: “Bra!”
1 Nsiesiei pa a Yehowa nam Yesu agyede afɔrebɔ no so ayɛ bɛn ara ni! Eyi mu na yehu nea ehia nyinaa na nnipa anya anigye ankasa no nnyinaso. (Yoh. 3:16) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ nnipa kakraa bi na wɔahu nokware yi na wogye di pintinn. Nanso, Yehowa nam ɔdɔ mu a ofi susuw adesamma ho no so ayɛ nhyehyɛe na ama wɔaka asɛmpa yi akyerɛ nnipa a wɔwɔ baabiara. Ɔnam ne Ba, Yesu Kristo, so de hokwan a ɛbɛma yɛanya anigye ne daa nkwa ho anidaso ama nnipa nyinaa.—Yoh. 17:3.
2 Mfe mpempem pii no, na wonnim Onii ko a obegye adesamma afi bɔne ne owu mu. Ná ɛyɛ “ahintasɛm” kosii sɛ Kristo Yesu bae na ‘ɔnam asɛmpa no so yii nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann.’ (Rom. 16:25; 2 Tim. 1:10) Yesu akyidifo bɔɔ asɛmpa yi ho dawuru wɔ afeha a edi kan no mu; na mprempren yɛn a yɛte ase nnɛ no wɔ hokwan a ɛkorɔn a yɛde bɛka asɛmpa koro yi ara akyerɛ. Sɛ yɛka Ahenni nkrasɛm no a, na yɛne Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne Kristo nuanom a wɔto nsa frɛ nnipa nyinaa sɛ: ‘Wɔmmra mmegye nkwa nsu no kwa’ no reyɛ adwuma abom.—Adi. 22:17.
3 Ɛwom, ɛnyɛ obiara na obetie asɛmpa yi. Nnipa kakraa bi na wotie no yiye. Ebinom de animtiaabu pow Onyankopɔn nkoa a wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wommenya nokware nsu a ɛma nkwa no mu mfaso no. Saa mpo no, yɛnam ahoɔden a efi Yehowa hɔ so kɔ so yɛ adwuma yi. Yenim sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛka nokware no akyerɛ na yɛaboa obiara a obetie no sɔ Yehowa ani na ɛde ne nhyira ba.
4 Wɔ yɛn April som adwuma no mu no, yɛbɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no nkuran sɛ wɔnkenkan Adiyisɛm Awiei nhoma no, na wonnya anidaso a ɛda no adi no mu anigye. Wɔnam saayɛ so benya nhyira pii. Adiyisɛm nhoma no fa daakye ho—wɔn daakye ne yɛn de. Ebinom a mprempren wɔyɛ Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so nyaa nokware no ho anigye nea edi kan bere a wɔkenkan Adiyisɛm nhoma no ho nkyerɛkyerɛmu wɔ Asafo ti nhoma ahorow no biako mu akyi no. Esiane sɛ bere bi ni a yɛn nsa kaa Adiyisɛm Awiei nhoma no nti, yebetumi ahu sɛnea ehia ma nnipa komapafo a nokware no ho kɔm de wɔn no. Bere a yehu saafo no wɔ yɛn som adwuma mu no, yɛbɛbɔ mmɔden ada Adiyisɛm Awiei nhoma no mu asɛntitiriw biako anaa abien adi akyerɛ wɔn na wɔahu mfaso a ɛwɔ so. Nea yebetumi ada no adi no bi ne Bible mu nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu wɔ afeha 20 yi mu, te sɛ sɛnkyerɛnne kwan so apɔnkɔsotefo apɔnkɔka a ɛyɛ nwonwa a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti asia no mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ no.
5 Ɛfata yiye sɛ yɛbɛka Yehowa ɔdɔ nsiesiei ma adesamma ho asɛm bere a yɛresiesie yɛn ho ahyɛ Kristo wu Nkaedi ho fã April 6 no. Sɛ ebia nkurɔfo tie anaa wontie no, yɛkɔ so yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnto nsa mfrɛ obiara a ɔpɛ no anigye so sɛ: ‘Bra! Begye nkwa nsu no kwa’ no.