Ogye Nsiesiei No Ho Anisɔ A Yɛbɛkyerɛ
1 Esiane bɔne a yɛn nana Adam yɛe nti, ná adesamma hia ogyefo onipa a ɔyɛ pɛ a obetumi ama nsa aka nea Adam ma ɛyerae no. Yɛn Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no boaa yɛn denam ne Ba koro a ɔsomaa no baa asase so no so. Ɔnam anwonwa kwan so yii honhom abɔde a ɔwɔ ahoɔden yi nkwa tumi bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu. Wɔ bere a ɛsɛ mu no ɔwoo Yesu. Onyin bɛyɛɛ ɔbarima na sɛnea ɛne ne soro Agya no apɛde hyia no, ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtra ase. (Mat. 1:20, 21; Yoh. 1:1-3, 14) N’afɔrebɔ no de nea ɛbɔ Adam bɔne no abira na ɛbae.—1 Kor. 15:22.
2 Nokware Kristofo kyerɛ ogye nsiesiei yi ho anisɔ denam Yesu mu gyidi a wonya na wodi n’anammɔn akyi no so. Yɛkyerɛ anisɔ nso denam tie a yetie Kyerɛwsɛm mu ahyɛde a ese yɛnkɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase no so. (1 Kor. 11:24) Afe yi, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam ama afahyɛ yi Kwasida anwummere, April 15, bere a owia akɔtɔ.
YƐN HO A YEBEDI KAN ASIESIE
3 Sɛnea wɔkyerɛe wɔ ɔsram a etwaam Yɛn Ahenni Som mu no, mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔayɛ nhyehyɛe horow a ɛho hia sɛ wodi kan yɛ. Sɛ asafo abien anaa nea ɛboro saa behyiam wɔ beae koro a, wɔbɛpɛ sɛ wɔbom yɛ ho nhyehyɛe.
4 Yɛn mu biara sɛ́ ankorankoro no bɛpɛ sɛ yenya bere a ɛdɔɔso de susuw nea saa bere titiriw yi kyerɛ no ho. Wɔdaa Bible akenkan nhyehyɛe ma dapɛn a ɛde kɔ Nkaedi da no mu a wɔahyɛ ho nyansa adi wɔ ɔsram a etwaam Yɛn Ahenni Som no mu. Ɛsɛ sɛ obiara susuw nkyekyem ahorow yi a wɔatintim wɔ kalenda no nso so no ho yiye. Wɔhyɛ nyansa sɛ ebetumi a, yɛnkenkan eyi sɛ mmusua akuw horow. Bio nso, ebinom ahu sɛ eye sɛ wobesusuw nsɛm afoforo te sɛ nea ɛwɔ Aid nhoma no nkratafa 917-933 a ɛka Yesu Kristo asase so som adwuma ne afei ne nnwuma ne ne su ahorow ho asɛm no ho. Ɛdenam mpaebɔ mu a yebefi asusuw nsɛm a ɛte sɛɛ ho so no, yebenya kronkron a Awurade Anwummeduan no yɛ ne ogye nsiesiei no ho anisɔ kɛse.
5 Bere a Yesu koma nyinaa mu ɔsom ho nhwɛso fɛfɛ no wɔ w’adwene mu no, dɛn nti na wonyɛ afie afie adwuma ho nhyehyɛe saa da no anɔpa? Nanso, hwɛ sɛ wobɛtoto wo nneɛma yiye saa da no sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtra ase komm bere a wɔrema ɔkasa no, atie ɔkasafo no yiye na wode w’adwene asi asɛm a ɔreka no so.
TO NSA FRƐ AFOFORO BRA ASE
6 Ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛn Bible adesuafo ne anigyefo afoforo bɛba abɛka yɛn ho wɔ nhyiam kronkron yi ase. Enti yɛbɛbɔ mmɔden titiriw wɔ April mu akɔ wɔn nkyɛn, na yɛde nsaano nkrataa a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo a Asafo no atintim no adi dwuma yiye. Ebia wubetumi ato nsa afrɛ afoforo denam telefon anaa nkrataa kyerɛw so. Faako a ɛfata na eye no, yɛ lɔre ho nhyehyɛe. Ebinom ahu sɛ eye sɛ wɔbɛkyerɛw anigyefo a ɛsɛ sɛ wɔkɔ wɔn nkyɛn no nyinaa din. Bere a wɔakɔ wɔn nkyɛn akyi no, wotwa wɔn din no mu. Da anigye ankasa adi bere a woreto nsa afrɛ anigyefo yi no. Ma wonhu nea ɛda titiriw yi kyerɛ wɔ Kyerɛwsɛm mu no. Ma wonya ho anigye.
7 Yɛbɛpɛ sɛ yɛba ntɛm Kwasida anwummere, sɛ ebetumi a, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akyia nnipa afoforo ne wɔn a wɔagyae adesua kɔ a wɔaba no. Ma wɔn ani nnye na fa wɔn kyia afoforo. Yɛwɔ anidaso sɛ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase a wɔbɛba bɛkanyan wɔn na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔne asafo no abɔ bere nyinaa.
NKAEDI NO AKYI
8 Dɛn na woyɛ bere a woafi Nkaedi no ase aba fie no? Amanneɛbɔ ahorow a yɛn nsa aka kyerɛ sɛ adawurubɔfo binom paw sɛ wobehyiam agye wɔn ani a adidi, ɔnom ne wiasefo nnwom ahorow ho asaw ka ho wɔ Nkaedi no akyi pɛɛ. Ampa, yɛn nyinaa nim sɛ nneɛma a wɔyɛ ma ɛtra so bere a yɛahyiam regye yɛn ani nnye wɔ bere biara mu, na saa ara na ɛte wɔ Nkaedi anwummere no nso ho! Bere a ɛnyɛ nea yɛrehyɛ mmara sɛ ebia anuanom betumi ahyiam agye wɔn ani Nkaedi anwummere no anaasɛ dabi no, yɛpɛ sɛ yɛtwe adwene si nyansahyɛ bi a ɛwɔ March 1, 1969 Engiresi Ɔwɛn-Aban kratafa 160 mu no so:
9 “Mpɛn pii bere a wɔafi nhyiam yi ase aba fie no, Yehowa Adansefo abusua begye bere asusuw nea Nkaedi no kyerɛ no ho. Afahyɛ no, ne Bible kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa si a wɔde sii hɔ ho a wosusuw wɔ saa kwan yi so no betumi ama wɔde nea ɛkyerɛ ne anwummere a ɛyɛ anigye yi aba awiei wɔ ɔkwan a eye so.”—Hwɛ February 1, 1976 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 76 nso.
10 Bere a nea ɛwɔ atifi hɔ no nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mmusua anaa adawurubɔfo hyiam gye wɔn ani, wodidi na wosusuw Kyerɛwsɛm no ho no, ɛbara hyia a wobehyiam ayɛ dede, abɔ wiasefo nnwom, asaw no. Ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ wɔ Nkaedi anwummere no ne ɛno akyi kyerɛ obu ne anisɔ kɛse a yɛwɔ ma saa da no ne ogye nsiesiei no.—Fa toto 1 Kor. 11:20-22 ho.
11 Nnipa a wɔboro ɔpepepem 4 a wɔwɔ asase so no mu dodow a wɔbɛba abehu daa nkwa hokwan a agyede no ama abɛda hɔ no de, yennim. Nanso wɔama yɛn awerɛhyem sɛ “nnipakuw kɛse” bɛkyerɛ “Oguammaa no mogya” no mu gyidi na wɔagye wɔn nkwa. (Adi. 7:9, 10, 14) Nnipa a wɔn dodow yɛ 6,767,707 baa Nkaedi no ase afe a etwaam wɔ wiase nyinaa! Yehowa nhyira yɛn mmɔdenbɔ ahorow no so bere a yɛhyɛ mpempem afoforo nkuran sɛ wɔmmɛka yɛn ho ma yɛnkyerɛ ogye nsiesiei no ho anisɔ no.