Anadwo A Ɛsɛ Sɛ Wɔkae!
1 “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!” (Luka 22:19) Pɛnkoro; afe biara, wɔ bere a ɛfata mu no, na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no hyia di Awurade Anwummeduan no, na wɔkae n’afɔrebɔ, n’abrabɔ a ɛyɛ nhwɛso, ne ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma wɔn, bere a wɔreyɛ saa no. (1 Kor. 11:26; Mat. 11:28-30) Yehowa nkurɔfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ da so ara di saa ahyɛde yi so na enti wɔn a wɔwɔ nipadua mu ahoɔden nyinaa behyiam ahyɛ saa fã yi bere a owia akɔtɔ wɔ April 8, 1982.
2 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ ɔne Onyankopɔn ne ne Ba no ntam abusuabɔ mu yiye saa anadwo no. So nea wɔayɛ sɛ wɔde afɔre no ama no atwetwe yɛn abɛn wɔn? Ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa. (1 Yoh. 4:9, 10) So yɛn abrabɔ wɔ afe a atwam no mu akyerɛ saa? (1 Yoh. 5:3) Sɛ ɛnte saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yesusuw abusuabɔ pa a yɛne wɔn benya no ho anibere so, na yɛyɛ nsakrae ahorow biara a ɛho hia. Yesu mudi mu a okurae ne ne nhwɛso a yɛbɛkae no bɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi.—Heb. 5:8.
3 Bere a yɛresusuw nea adeyɛ no kyerɛ ho no, hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yɛbɛn Yehowa denam mpae a yɛn ankasa bɛbɔ daa, abrabɔ pa, asɛnka adwuma ne adesua a yɛbɛkɔ so. Mma saa Nkaedi yi ntwam a wontra ase nsusuw Yehowa papayɛ no ho, na wunsusuw nea wubebumi ayɛ ma woatwe abɛn no kɛse no ho na ahyɛ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yebedi yɛn ahosohyira mu nokware no mu den.
NHYEHYƐE HOROW MA ASƐNKA ADWUMA
4 Yɛkae Yesu sɛ asɛmpa no kafo. Ɛdenam n’asɛnka nhwɛso no akyi a yebedi so no, yebetumi akyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no. Ansa na Awurade Anwummeduan no bedu hɔ koraa no, fa nsa ano nkratawa titiriw a wɔatintim a wɔde to nsa frɛ afoforo ba ase no di dwuma. Sɛ wɔn a woto nsa frɛ wɔn no mmaa Ahenni Asa so da a, hyɛ nyansa sɛ wɔmmra nhyiam horow bi ansa na Nkaedi no adu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu beae a ɛwɔ ne nnipa a wobehyia wɔn wɔ hɔ. Afei nso, ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ wɔn a woto nsa frɛ wɔn no nyinaa ho kyerɛwtohɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi asan akɔsra wɔn wɔ Nkaedi no akyi aboa wɔn ma wɔaba nhyiam ahorow daa na wo ne wɔn asua Bible no.
5 Sɛ wuntumi nkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu a, so wubetumi afrɛ wɔn telefon so anaasɛ wubetumi akyerɛw wɔn krataa de ato nsa afrɛ wɔn? Adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wɔ wɔn a wo ne wɔn sua Bible no akyi no wobɛto nsa afrɛ nnipa afoforo baanu? Na w’abusua no mufo a wonnye nni, afipamfo anaasɛ wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma nso ɛ? Bere a wokyerɛkyerɛ hia a adeyɛ no ho hia ne nea enti a ɛyɛ anadwo kronkron ma Yehowa Adansefo no mu kyerɛ wɔn mu biara no, wobɛma wɔn ntease akɔ anim na woahyɛ wo ankasa anisɔ mu den.
6 Asɛnka adwuma sohwɛfo no bɛyɛ nhyehyɛe ama asɛnka dwumadi titiriw wɔ Nkaedi da no. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔnyɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn bere nhyehyɛe mu na wɔatumi anya saa dwumadi yi mu kyɛfa. Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ahorow no kyerɛ sɛ wɔrenyɛ saa nhyiam ahorow yi wɔ dapɛn a efi ase April 4 mu. Mubetumi ayɛ asafo nhoma adesua horow no sɛnea moyɛ daa no, sɛ mo pɛ a.
7 Ɛwom sɛ afe yi Nkaedi no si wɔ dapɛn no mu de, nanso sɛ ɔdawurubɔfo biara hyɛ da bɔ mmɔden a, ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛboa nnipa pii sen sɛnea yɛyɛ daa no ma wɔaba nhyiam titiriw yi ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da de yɛn adwene si sra a yɛbɛsan akɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa so. Bere a woresiesie wo ho ama no, wubetumi anya nsɛm a ɛbɛboa wo wɔ asɛm “Onipa a Ɔso Sen Biara a Watra Asase So No Wu Afahyɛ a Yebedi” a ɛwɔ April 1, 1981, Ɔwɛn-Aban mu no mu.
ANIGYE A YƐBƐMA WƆN NYINA ANYA SƐ WƆBAE
8 Yɛpɛ sɛ obiara a ɔbɛba ani gye na onya nhyiam no ho mfaso. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ nhwɛso sɛ wɔbɛda anigye ne adamfofa su adi akyerɛ wɔn a wɔba no nyinaa. Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi na ama afoforo ani agye. Sɛ bere wom a, fa wɔn a wɔyɛ afoforo no kyinkyin Asa no so. Fa wɔn kyia nnipa afoforo. Ma w’ani nna hɔ mma hokwan a ebebue ama Bible adesua ho nhyehyɛe. Onua a ɔrema ɔkasa no titiriw betumi ama wɔn nyinaa ani agye sɛ wɔbae denam ɔkasa a emu da hɔ, ntease wom na emu yɛ hyew a ɔbɛma ma aka wɔn koma no so.
9 Sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ nhyiam ahorow abien wɔ Ahenni Asa biako so a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo abien yi mu di kan yɛ eyi ho nhyehyɛe na wɔhwɛ bere no yiye, na amma nneɛma anyɛ basaa. Ɛsɛ sɛ wɔma bere a ɛfata da nhyiam ahorow abien no ntam na ama adawurubɔfo no atumi ahu anigyefo no, na wɔama wɔn ani agye sɛ wɔbae, bere a nhyiam a edi kan no aba awiei no, na ama wɔasiesie asa no so yiye ansa na nhyiam a ɛto so abien no afi ase.
10 Momma mudi mu a yebekura ama Yehowa no ntra yɛn adwenem kɛse saa anadwo titiriw yi. Wɔ eyi mu no yebesuasua Yesu. Na ɛdenam eyi so no yɛbɛkyerɛ sɛ yɛrekae nea saa anadwo no kyerɛ ampa.