Mommɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden!
1 Bere a yɛhyɛn afe 2003 Nkaedi bere mu no, yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ nneɛma pa ho mmɔden.’ (1 Pet. 3:13) Nea edi eyi mu akoten ne Yesu Kristo agyede afɔre no. (Mat. 20:28; Yoh. 3:16) Ɛdefa eyi ho no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu . . . mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.” (1 Pet. 1:18, 19) Anisɔ a yɛwɔ ma ɔdɔ soronko a wɔdaa no adi yi kanyan yɛn ma yɛyɛ nneɛma pa, na yegye tom sɛ Yesu ‘de ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden no.’—Tito 2:14; 2 Kor. 5:14, 15.
2 Sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a, yɛne no nya abusuabɔ pa na ofi ɔdɔ mu hwɛ yɛn so. Petro kae bio sɛ: “Nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, . . . Onkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri. Efisɛ [Yehowa, NW] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ.” (1 Pet. 3:10-12) Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ Yehowa rehwɛ yɛn so na wayɛ krado sɛ obedi ama yɛn, na ‘wakora yɛn so sɛ n’aniwa kurutiayisi.’—Deut. 32:10; 2 Be. 16:9.
3 Ɛmfa ho sɛ tete Kristofo a Petro kyerɛw krataa kɔmaa wɔn no hyiaa sɔhwɛ ahorow no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran kɛse ma wɔbɔɔ asɛmpa no ho dawuru kɔɔ akyiri sɛnea wobetumi. (1 Pet. 1:6; 4:12) Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ. Ɛwom sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu de, nanso Yehowa papayɛ ho anisɔ kanyan yɛn ma yɛde nsi yɛ N’apɛde. (2 Tim. 3:1; Dw. 145:7) Ma yensusuw nnwuma pa a yɛbɛyɛ wɔ Nkaedi bere yi mu no bi ho nhwɛ.
4 To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wɔmmra Nkaedi No: Ɔkwan biako a yebetumi afa so akyerɛ akyɛde soronko a ɛne agyede no ho anisɔ ne sɛ yɛbɛkɔ afahyɛ a wɔde kae Yesu wu no ase, a afe yi wobedi no Wukuda, April 16, bere a owia akɔtɔ. (Luka 22:19, 20) Afe a etwaam no, asafo horow 94,600 a wɔwɔ wiase nyinaa no bɔɔ amanneɛ sɛ, nnipa dodow a wɔbaa ase nyinaa yɛ 15,597,746! Ɛno boro afe a edi ɛno anim no de so 220,000.
5 Nnipa dodow ahe na wɔbɛba afe yi? Eyi begyina mmɔden a yɛbɛbɔ de ahyɛ afoforo nkuran ma wɔne yɛn ahyiam so kɛse. Fi ase kyerɛw wɔn a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn no nyinaa din. Ɛsɛ sɛ w’abusuafo a wɔbɛn wo paa din di kan. Sɛ wowɔ ɔhokafo a onnye nni a, fi komam ka kyerɛ no sɛ ɔne wo nkɔ. Okunu bi a onnye nni kae sɛ, ɔkɔɔ Nkaedi no bi afe a etwaam no efisɛ ohuu sɛnea kɔ a ɔbɛkɔ no ho hia ne yere fa. Wɔn a wodi hɔ a wubetumi akyerɛw wɔn din ne abusuafo, afipamfo, yɔnko adwumayɛfo, anaa yɔnko sukuufo. Hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ wo Bible asuafo.
6 Bere a woakyerɛw din no awie no, yɛ bere nhyehyɛ a wode bɛkɔ akɔto nsa afrɛ wɔn mu biara. Fa Nkaedi kratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo no di dwuma. Nea ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔakae bere ne beae a wɔbɛhyɛ fa no, kyerɛw bere ne beae a wɔbɛyɛ Nkaedi no gu kratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo no ase fɛfɛɛfɛ. Bere a April 16 bɛn no, kɔ wɔn a woakyerɛw wɔn din no nkyɛn kɔbɔ wɔn nkae anaasɛ fa telefon so yɛ saa. Momma yɛmmoa nnipa dodow biara a yebetumi mma wɔmmra afahyɛ kronkron a ɛsen biara yi bi.
7 Boa Wɔn a Wɔba Nkaedi No: Anadwo a wodi Nkaedi no yɛ anigye bere bere nyinaa. Yenya hokwan ma ankorankoro a wɔntaa mma yɛn nhyiam ahorow ase no akwaaba. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ ntɛm na sɛ wɔpɔn nso a, mfi hɔ ntɛm, sɛ mo hɔnom tebea bɛma kwan a. Fi wo pɛ mu kyia wɔn a wɔyɛ foforo a wɔaba no. Da anigye ne ahɔhoyɛ su adi.—Rom. 12:13.
8 So yebetumi aboa wɔn a wɔbɛba Nkaedi ase no ma wɔanya honhom fam nkɔso denam ofie Bible adesua so? Bɔ mmɔden sɛ wubegye ahɔho biara a mprempren obiara nkɔ wɔn nkyɛn no address sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔboa wɔn. Sɛ yefi ɔdɔ mu boa wɔn a, ebedu afe a edi hɔ Nkaedi no, na eyinom mu binom anya nkɔso akodu sɛ wɔbɛfata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Sɛ woresan akɔsra wɔn a wɔbaa Nkaedi ase no a, to nsa frɛ wɔn ma wommetie ɔkasa titiriw a wɔbɛma no April 27 no bi.
9 So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo Wɔ Nkaedi Bere Yi Mu? Afe biara, Yehowa ho mmɔdenbɔ kanyan yɛn ma yɛde yɛn ho nyinaa hyɛ asɛnka adwuma mu wɔ asram a wɔyɛ teokrase dwumadi titiriw mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔ March afe a etwaam no, adawurubɔfo 6,555 na wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu. Ɛdenam Yehowa nhyira so no, yenyaa nkɔanim wɔ ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu, na nnipa 237,309 na wɔbaa Nkaedi no ase. Eyi kyerɛ sɛ biakoyɛ a yɛde bɛka asɛmpa no wɔ Nkaedi bere mu no betumi asow aba pa pii.
10 Asafo bi a emu adawurubɔfo yɛ 107, na daa akwampaefo yɛ 9 no, bɔɔ amanneɛ sɛ April a etwaam no yɛɛ “ɔsram soronko” maa wɔn, bere a nnipa 53 a asafo mu mpanyimfo ne asomfo nyinaa ka ho somee sɛ akwampaefo aboafo no. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo no kanyan akwampaefo aboafo adwuma no ho anigye saa ɔsram no? Wofii ase ntɛm hyɛɛ wɔn mu dodow no ara nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu. Wɔyɛɛ asɛnka nhyiam wɔ mmere horow mu wɔ da no mu na ama asafo no mufo nyinaa atumi akɔ bi. Wosii telefon so adansedi so dua titiriw maa wɔn a yare anaa onyin ama wɔayɛ mmerɛw no.
11 Onuawa bi a wadi mfe 86 a esiane yare nti ontumi nnantew no hyehyɛɛ akwampaefo boafo akwammisa krataa no bi. Sɛ ofi ase anɔpa a, na ɔtra gyaade pon ho de nnɔnhwerew kakra yɛ telefon so adansedi, sɛ owie a, na ɔde nnɔnhwerew kakra home, na afei ɔsan ba bɛtoa so. Ná obi a onyaa no ne no kasae no ahwere ne kunu ne ne mmabarima baanu a wonnya nnii mfirihyia aduonu wɔ owu mu wɔ mfe abien a atwam no mu, ma na ontumi nte nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma nnebɔne a ɛte saa sisi no ase. Odii no adanse yiye na wofii Bible adesua ase. Telefon so adanse a wodi no anwummere ne mmere foforo no yɛ ɔkwan pa a wɔfa so nya nkurɔfo a wɔte afie anaa mmeae a wontumi nkɔ hɔ no. Ɛboa adawurubɔfo ma wonya nkurɔfo a wonni fie awiabere no nso.
12 Asafo mu mpanyimfo no de wɔn amanneɛbɔ no baa awiei sɛ: “Yɛn ani gyei paa, na yɛn ani sɔ hokwan ne nhyira horow a Yehowa maa yɛn mu biara nyae no.” Sɛ moyɛ nhyehyɛe pa a, mo asafo no nso betumi anya nhyira horow a ɛte saa.
13 Mommɔ Mmɔden sɛ Obiara Benya Asɛnka Adwuma Mu Kyɛfa: Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo no kanyan yɛn ma yɛtɔ bere ɔsram biara de ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. (Mat. 22:37-39) Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo ne wɔn aboafo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔwɔ wɔn kuw mu no ma wɔanya asɛnka adwuma mu kyɛfa ɔsram biara. Ɔkwampa a wobetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ wobedi kan ayɛ nhyehyɛe na wɔne ankorankoro pɔtẽẽ bi a wɔwɔ kuw no mu ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ́ anka mobɛtwɛn ɔsram no awiei ansa na moayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ mufi ase ntɛm. Eyi bɛboa mo ma moanya hokwan pii de mmoa a ehia ama.
14 So adawurubɔfo a yare anaa onyin ama wɔayɛ mmerɛw wɔ mo kuw no mu a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya asɛnka mu kyɛfa? Sɛ ebinom da ayaresabea anaasɛ wɔaka fie a, ntease wom sɛ wɔrennya hokwan kɛse mfa nni adanse. Nanso sɛ wɔde hokwan kakra a wɔwɔ no di dwuma ma wɔn kanea hyerɛn a, wobetumi akanyan wɔn a wohu wɔn nnwuma pa no ma wɔakyerɛ nokware no ho anigye ankasa. (Mat. 5:16) Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hwɛ hu sɛ saafo no nim sɛ wobetumi de simma 15 ne akyi abu wɔn asɛnka ho akontaa. Bere kakra yi a adawurubɔfo anokwafo yi de di adanse a wotumi bu ho akontaa no hyɛ wɔn nkuran, na ɛma wonya abotɔyam. Ɛsan boa ma yenya Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ho akontaabu pɛpɛɛpɛ.
15 Mmabun a Wɔrebɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden! Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ Kristofo mmabun de wɔn ahoɔden di dwuma wɔ Yehowa som mu! (Mmeb. 20:29) Sɛ woyɛ ɔbabun a, ɔkwan bɛn so na wubetumi ada nsi a woyɛ ma Yehowa no adi wɔ asram atitiriw a dwumadi wom yi mu?
16 Sɛ wunnya mmɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu wɔ asafo no mu a, so wubetumi apere adu saa hokwan no ho? Bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘So mewɔ Bible mu nokware ho mfitiase nimdeɛ? So mepɛ sɛ minya Ahenni adwuma no mu kyɛfa? So meda suban pa adi? So mitumi da me gyidi adi denam afoforo a meka asɛmpa no kyerɛ wɔn so? So mifi komam na ɛyɛ saa?’ Sɛ wubetumi abua nsɛmmisa yi sɛ yiw a, ɛnde wo ne w’awofo nka ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ ɔdawurubɔfo no ho asɛm. W’awofo betumi ahu mpanyimfo a wɔwɔ ɔsom boayikuw mu no mu biako.
17 Sɛ woyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo dedaw a, so wubetumi de sukuu akwamma bere adi dwuma de anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse? Ɛdenam nhyehyɛe pa ne mmoa a mmabun a wɔagye asubɔ pii nya fi wɔn awofo ne afoforo nkyɛn so no, wɔatumi ayɛ akwampaefo aboafo. Sɛ ɛno ntumi nyɛ yiye a, ɛnde si wo bo sɛ wubenya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse. Fa botae bi si w’anim. Wɔ botae a ɛne sɛ wubedu nnɔnhwerew dodow bi ho akyi no, fa yɛ wo botae nso sɛ wobɛma w’asɛnka adwuma no atu mpɔn. Ebia wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛka kyerɛwsɛm bi ho asɛm wɔ pon biara ano, ama sankɔhwɛ a woyɛ atu mpɔn, afi Bible adesua ase, anaa woatrɛw w’asɛnka mu denam telefon so adansedi anaa ɔsom adwuma no afã foforo so. Na botae a ɛne sɛ wode ofipamfo bi, wo yɔnko sukuuni, anaa obusuani bi bɛkɔ Nkaedi ase afe yi nso ɛ? Wubenya teokrase dwumadi horow a wode wo ho bɛhyem kɛse no so mfaso pii na akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛhyɛ afoforo nkuran wɔ asafo no mu.—1 Tes. 5:11.
18 Boa Wɔn a Wɔyɛ Foforo no Ma Wonnya Nkɔso: Ɔsom afe a etwaam no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔyɛɛ ofie Bible adesua 157,378 ɔsram biara wɔ Ghana. Bere kɔ so no, asuafo yi mu pii benya nkɔso akodu ahosohyira ne asubɔ ho. Nanso ansa na wobedu saa botae no ho no, ehia sɛ yɛboa wɔn ma wɔfata sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo. Eyi yɛ anammɔn titiriw a yebetu de akyerɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo akyidifo. (Mat. 9:9; Luka 6:40) So wowɔ Bible suani bi a wasiesie ne ho sɛ obetu saa anammɔn no?
19 Sɛ wuntumi nhu wo suani no nkɔso papa a, hwehwɛ wo nhoma adesua sohwɛfo no anaa ɔsom adwuma sohwɛfo no hɔ mmoa. Ebia wubetumi ato nsa afrɛ no ma wabɛtra mo adesua no mu bi. Saa anuanom yi wɔ osuahu pii a ebetumi aboa wo ma woasusuw wo suani no honhom fam nkɔso ho. Ebia na wɔwɔ nyansahyɛ ahorow bi a ebetumi aboa osuani no ma wanya honhom fam nkɔso.
20 Sɛ wo suani no kyerɛ anigye sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu na wote nka sɛ ɔfata a, ka ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no. Ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo baanu ne wo ne wo suani no ahyia ahwɛ sɛ ebia ɔfata anaa, bere a wɔde nsɛm a ɛwɔ Yɛn Som nhoma no kratafa 98-9 di dwuma no. (Hwɛ November 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 17.) Sɛ wɔpene osuani no so sɛ ɔdawurubɔfo a, ɛsɛ sɛ wufi ase tete no ntɛmpa ara. Sɛ onya de asɛnka ho akontaabu ba a, wɔbɛbɔ asafo no amanneɛ sɛ osuani no yɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Yɛwɔ anidaso sɛ adawurubɔfo foforo mpempem pii, mmofra ne mpanyimfo nyinaa betumi adu botae titiriw yi ho wɔ asram titiriw a dwumadi wom yi mu.
21 Nhyehyɛe Boa Ma Yɛyɛ Nneɛma Pa Pii: Nhyehyɛe a yebedi kan ayɛ no bɛboa ma yɛatumi ayɛ Nkaedi bere mu dwumadi titiriw no. (Mmeb. 21:5) Nsɛm pii wɔ hɔ a ehia sɛ asafo mu mpanyimfo no di ho dwuma.
22 Nea ɛbɛboa ma asafo no atumi ayɛ pii wɔ asɛnka mu no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe a ɛfata ma asɛnka nhyiam ahorow wɔ dapɛn no nyinaa mu ne dapɛn no awiei. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no di nhyehyɛe yi anim. So wobetumi ayɛ asɛnka nhyiam afoforo anɔpa tutuutu, awiabere, anaa anwummere? Ɛsɛ sɛ wɔka nhyehyɛe ahorow no ho asɛm kyerɛ asafo no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde nhyehyɛe no bɛbɔ amanneɛbɔ pon no so.
23 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ wɔadi kan ayɛ Nkaedi no ho nhyehyɛe nyinaa ansa na April 16 adu. Nea ɛka eyi ho ne nhyehyɛe a wɔne asafo horow a ebia wobehyiam wɔ Ahenni Asa no so hɔ bɛyɛ, Ahenni Asa no so asiesie, wɔn a wogye ahɔho ne wɔn a wɔde bobesa ne abodoo bɛfa nkurɔfo anim a wɔbɛpaw, ne nkae aduan ne bobesa no a wobenya. Ɛsɛ sɛ wɔka bere ne beae a wɔbɛyɛ Nkaedi no, ne nsakrae biara a wɔayɛ wɔ dapɛn no nhyiam mu ho asɛm kyerɛ asafo no. Nneɛma yi a wobedi ho dwuma yiye no bɛma afahyɛ no akɔ so “fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.”—1 Kor. 14:40.
24 Mmusua ti betumi de bere a wɔde yɛ wɔn abusua adesua no bi adi dwuma de asusuw sɛnea abusua no betumi anya adwuma kɛse a yɛbɛyɛ wɔ Nkaedi bere no mu kyɛfa ho. So w’abusua mũ no nyinaa betumi ayɛ akwampaefo aboafo? Anaasɛ abusua no betumi aboa wɔn mu biako anaa nea ɛboro saa ma wɔayɛ saa? Sɛ ɛno ntumi nyɛ yiye a, momfa botae pɔtee bi nsi mo ani so sɛ abusua mfa bere pii nyɛ asɛnka adwuma no. So abofra bi wɔ abusua no mu a sɛ onya nkuranhyɛ ne mmoa kakraa bi a, obetumi afata sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu? Nnipa baahe na mo abusua no betumi ato nsa afrɛ wɔn ma wɔaba Nkaedi no ase afe yi? Nhyehyɛe pa a mo abusua no bɛyɛ no bɛma moanya nhyira ne anigye pii.
25 Momfa Bere a Aka no Nni Dwuma Nkosi Ase: Bere a ɔsomafo Petro rekyerɛw krataa akɔma afeha a edi kan mu Kristofo no, ɔkaee wɔn sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ efisɛ na Yudafo nneɛma nhyehyɛe no awiei abɛn. (1 Pet. 4:7) Ɛnnɛ nneɛma nyinaa di adanse sɛ mprempren nneɛma nhyehyeɛ yi awiei abɛn. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ ne saa gyidi no hyia da biara da. Sɛ Yehowa asomfo a yɛyɛ nsi no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si adwuma a egye ntɛmpɛ a ɛne asɛmpa no a yɛbɛka no so.—Tito 2:13, 14.
26 Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da nsi adi! Dwennwen nea Yehowa ayɛ ama wo, w’abusua, ne asafo no ho. Ɛwom sɛ yɛrentumi ntua mfaso pii a yɛnam akwan horow so anya afi ne nkyɛn no ho ka de, nanso yebetumi afi koma nyinaa mu asom Yehowa. (Dw. 116:12-14) Yebenya nsi a yɛbɛda no adi no so nhyira afi ɔsorosoroni no hɔ. (Mmeb. 10:22) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa ‘bɛbɔ nneɛma pa ho mmɔden’ na “wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu.”—1 Pet. 3:13; 4:11.
[Kratafa 3 adaka]
Nnipa a Wɔbaa Nkaedi Ase Wɔ Wiase Nyinaa
1999 14,088,751
2000 14,872,086
2001 15,374,986
2002 15,597,746
[Kratafa 4 adaka]
Hena na Wobɛto Nsa Afrɛ no Aba Nkaedi no Ase?
□ Abusuafo a wɔbɛn wo paa
□ Afipamfo ne amannifo
□ Yɔnko adwumayɛfo ne yɔnko sukuufo
□ Wɔn a wokɔ wɔn kyɛn sankɔhwɛ ne Bible asuafo
[Kratafa 5 adaka]
Boa Wɔn a Wɔba Nkaedi Ase No
□ Fa anigye ma wɔn akwaaba
□ San kɔsra wɔn
□ Wo ne wɔn nhyehyɛ Bible adesua
□ To nsa frɛ wɔn ma wommetie ɔkasa titiriw no
[Kratafa 6 adaka]
Dɛn ne Wo Botae Horow Ma Nkaedi Bere No?
□ Obi a wobɛto nsa afrɛ no ma wakɔ Nkaedi no bi
□ Fata a wobɛfata sɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo
□ Bere dodow bi a wode bɛyɛ asɛnka adwuma no
□ Ɔsom adwuma no afã bi a wubetu mpɔn wom
□ Akwampaefo boafo a wobɛyɛ